Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 13:3 - KYERƐW KRONKRON

3 M’ankasa na mahyɛ m’ahotewfo, na mafrɛ me nnɔmmarima nso mama m’abufuw, wɔn a wodi me kɛseyɛ ho ahurusi no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Me, mahyɛ me kronkronfoɔ, mafrɛ me nnɔmmarima nso sɛ wɔnkyerɛ m’abufuo, wɔn a wɔdi me kɛseyɛ ho ahurisie no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Mahyɛ mʼahotewfo; mafrɛ mʼakofo sɛ wɔnna mʼabufuwhyew adi, wɔn a wodi me nkonimdi ho ahurusi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Me, mahyɛ me kronkronfoɔ, mafrɛ me nnɔmmarima nso sɛ wɔnkyerɛ m’abufuo, wɔn a wɔdi me kɛseyɛ ho ahurisie no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Mahyɛ mʼahotefoɔ; mafrɛ mʼakofoɔ sɛ wɔnna mʼabufuhyeɛ adi, wɔn a wɔdi me nkonimdie ho ahurisie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 M’ankasa na mahyɛ m’ahotewfo, na mafrɛ me nnɔmmarima nso mama m’abufuw, wɔn a wodi me kɛseyɛ ho ahurusi no.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 13:3
20 Referencias Cruzadas  

Monyɛ ntɛm mmra ɛ, mo amanaman a moatwa ahyia nyinaa, mummehyia! Ɛhɔ na, AWURADE, gya wo nnɔmmarima no bra!


Ɔsoro ne mo, ahotefo ne asomafo ne adiyifo, momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho, efisɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.


Wateɛ ne nsa akyerɛ po so, wawosow ahenni horow, AWURADE ahyɛ Kanaan so mmara sɛ wɔnsɛe n’abankɛse.


Ma Israel ani nnye ne yɛfo ho, ma Sion mma nni wɔn hene ho ahurusi.


Na obesi frankaa ama amanaman a ɛwɔ akyirikyiri, na wabɔ hwirema afrɛ ɔman bi afi asase ano, na hwɛ wɔreba ɔhare so, ntɛm so.


hwɛ, meresoma ma wɔakɔfa atifi fam mmusua nyinaa, AWURADE asɛm ni, ne m’akoa, Babel hene Nebukadnesar, na mede wɔn maba asase yi ne ɛsotefo so, ne amanaman yi a wɔatwa ho ahyia nyinaa so, na masɛe wɔn pasaa, na mama wɔadan ahodwiriwde ne fɛwdi ne daa amamfo,


Nso mommma mo koma nntu, na munnsuro akwansosɛm a wɔbɛte asase so no ho, na akwansosɛm bɛba afe bi so, na ɛno akyi afe no, akwansosɛm bɛba; na nhyɛso wɔ asase no so, nea odi tumi sɔre hyɛ nea odi tumi.


Sɛ Babel foro kɔ ɔsoro po, na sɛ ɔhyɛ n’aban a ɛkorɔn mu den dɛn ara a, me nkyɛn ara na asɛefo befi aba no so, AWURADE asɛm ni.


Monyɛ komm, Awurade Nyankopɔn anim, na Awurade da no abɛn, na Awurade asiesie okum afɔre, wadwira wɔn a wafrɛ wɔn no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios