Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 13:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Babel ho atemmusɛm a Amos ba Yesaia hui ni:

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Babel ho atemmusɛm a Amos ba Yesaia hunuiɛ nie:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Amos babarima Yesaia adehu a ɛfa Babilonia ho ni:

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Babel ho atemmusɛm a Amos ba Yesaia hunuiɛ nie:

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Amos babarima Yesaia adehunu a ɛfa Babilonia ho nie:

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Babel ho atemmusɛm a Amos ba Yesaia hui ni:

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 13:1
34 Referencias Cruzadas  

Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne kunini Bidkar sɛ: Ma no so tow no kyene Yesreelni Nabot asase no so! Na kae sɛ me ne wo te apɔnkɔ so bɔɔ anan dii n’agya Ahab akyi no, AWURADE de atemmusɛm yi too no so sɛ:


Amos ba Yesaia anisoade a ohui Yuda ne Yerusalem ho. Yuda ahene Usia ne Yotam ne Ahas ne Hesekia bere so.


Na Babel a ɛyɛ ahenni mu kunini, ne Kaldeafo kɛseyɛ anuonyam no, ɛbɛyɛ sɛ Sodom ne Gomora butuw a Onyankopɔn butuw wɔn no.


Afe a ɔhene Ahas wui no mu na atemmusɛm yi bae.


Moab ho atemmusɛm. Sɛ anadwo biako wɔasɛe Ar-moab abɔ no, sɛ anadwo biako wɔasɛe Kir-moab abɔ no nti,


Damasko ho atemmusɛm. Hwɛ, Damasko renyɛ ahenkurow bio, na ɛbɛyɛ afabo kuw.


Misraim ho atemmusɛm. Hwɛ, AWURADE te mununkum harehare so reba Misraim, na Misraim abosonhuhuw ho bɛpopo n’anim, na Misraim koma anan wɔ ne mu.


bere no ara mu na AWURADE nam Amos ba Yesaia so kae sɛ: Kɔ na koyi atweaatam no fi w’asen mu, na san wo mpaboa fi wo nan ase. Na ɔyɛɛ saa de adagyaw ne nammɔnhunu nantewee.


Arabia ho atemmusɛm ni: Dedan akwantufo asafo, anwea pradada so Arabia na mobɛsoɛ.


Adehu bon no ho atemmusɛm: Ɛdɛn na ɛyɛ wo na wo nnipa nyinaa aforo kɔ adan atifi yi?


Ɛda no, asafo AWURADE na ose, bofunnua a wɔde abɔ nea ɛhɔ yɛ den no bɛhɔn, na wɔabu ahwe fam, na adesoa a ɛsɛn so no asɛe, efisɛ AWURADE na waka.


Sɛ AWURADE, mo dimafo, Israel kronkronni no se ni: Mo nti mɛsoma akɔ Babel, na mabubu adaban nyinaa, na mama Kaldeafo ahurusidi adan adwotwa.


AWURADE ma mehwɛe, na hwɛ, mmorɔdɔma nkɛntɛn abien a wɔde asisi AWURADE asɔredan anim ni, ɛbere a Babel hene Nebukadnesar tuu Yuda hene Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda asafohene ne adwumfo ne atomfo fii Yerusalem kɔɔ Babel no.


Adiyifo a wodii m’anim ne w’anim fi teteete no, wɔhyehyɛɛ nsaase bebree ne ahenni akɛse akodi ne bɔne ne owuyare ho nkɔm.


Asɛm a AWURADE nam odiyifo Yeremia so ka tiaa Babel ne Kaldeafo asase no ni:


Yɛn ani awuwu, na yɛate nsopa, ahohora akata yɛn anim, efisɛ ananafo aba AWURADE fi akronkronne so.


Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Adesoa yi fa ɔberɛmpɔn a ɔte Yerusalem ne Israel fi a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa ho.


PERES, wɔakyɛ w’ahenni mu de ama Mediafo ne Persiafo.


Ɛnna ɔhene anim danee, na n’adwene haw no, na n’asen mu nhama hodwowee, na ne nkotodwe ka boboom biribiri.


Ɛlkosini Nahum adehu nhoma a ɛfa Niniwe atemmu ho.


Eyinom ne nsɛm a AWURADE yi kyerɛɛ Odiyifo Habakuk.


Awurade atemmusɛm a ɛfa Israel ho, Awurade a ɔtrɛw ɔsoro mu na ɔhyɛɛ asase ase na ɔnwenee onipa honhom wɔ ne mu no asɛm ni:


Eyi ne Awurade asɛm. Awurade atemmusɛm wɔ Hadrak asase so, ne Damasko ne n’asoɛe; na sɛnea Israel mmusuakuw yɛ Awurade de no, saa ara na Aram ne ne nkuropɔn nso yɛ ne de.


Awurade atemmusɛm a ɔnam Malaki so de brɛɛ Israel ni.


na Yosia woo Yekonia ne ne nuanom, bere a wotu kɔtenaa Babel no mu.


Na ɔbɔfo foforo a ɔto so abien dii akyiri kae sɛ: Babel kɛse no ahwe ase, ahwe ase, efisɛ wama amanaman nyinaa anom n’aguamammɔ abufuw nsa no bi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios