Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 12:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na mode anika bɛsaw nsu afi nkwagye asubura no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na mode anigyeɛ bɛsa nsuo afiri nkwagyeɛ nsubura no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wode anigye bɛsaw nsu afi nkwagye mmura mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na mode anigyeɛ bɛsa nsuo afiri nkwagyeɛ nsubura no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wode anigyeɛ bɛsa nsuo afiri nkwagyeɛ nsubura mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na mode anika bɛsaw nsu afi nkwagye asubura no mu.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 12:3
16 Referencias Cruzadas  

Na honhom no ne ayeforo no se: Bra! Na nea otie no nka sɛ: Bra! Na nea osukɔm de no mmra, na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.


Na ɔkyerɛɛ me nkwa nsu asubɔnten a ani tew sɛ ahwehwɛ a efi Nyankopɔn ne Oguammaa no ahengua no mu,


Na oguammaa a ɔwɔ ahengua no mfinimfini no bɛyɛ wɔn hwɛfo, na ɔde wɔn akɔ nkwa asuti ho, na Onyankopɔn bɛpopa nusu nyinaa afi wɔn aniwa mu.


Na bɔne abien na me man ayɛ, wɔagyaw me a meyɛ nkwa nsuti no sɛ wɔkɔbɔre mmura a apaepae a entumi nnyina nsu.


ɔkɔm renne wɔn, na osukɔm renne wɔn, na ɔhyew ne owia renka wɔn, na nea ohu wɔn mmɔbɔ no begya wɔn, na wakyerɛ wɔn mmasu so kwan.


Na efi ne mayɛ mu na yɛn nyinaa anya adom de abɔ adom so.


Efisɛ wo nkyɛn na nkwa nsuti wɔ, wo hann mu na yehu hann.


Me dɔfo wɔ mmabanin ntam sɛ akutu a ɛwɔ kwae mu nnua ntam, ne nwini mu na mepɛ matena, na n’aba yɛ me dodom dɛ.


Ɛnna Hana bɔɔ mpae sɛ: Me koma di AWURADE mu ahurusi, AWURADE mu na wɔama m’abɛn so; m’anom atrɛw m’atamfo so, efisɛ m’ani gye wo nkwagye mu.


Metue mpampa peredee so nsuwansuwa ne abon mu nsuaniwa; mede sare so mɛyɛ ɔtare, na mede asase kesee mayɛ asuti;


Na ɔkra teasefo biara a ɛka ne ho baabiara a asu a ɛboro so yi bɛkɔ hɔ no benya nkwa na emu nam bɛdɔɔso bebree pa, efisɛ nsu yi bɛkɔ hɔ, na wɔasa po no nsu yare, na ade nyinaa anya nkwa, nea asu no kɔ.


Na nnwontofo ne asawfo bɛka sɛ: Me mmasu nyinaa wɔ wo mu.


Ɛda no, wobebue nsuaniwa ano ama Dawid fi ne Yerusalemfo, bɔne ne ahokum fam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios