Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 11:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na AWURADE suro bɛyɛ no huam. Na ɛnyɛ nea n’ani hu so na obebu atɛn, na ɛnyɛ nea n’aso te so na obedi asɛm,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na AWURADE suro bɛyɛ no hwam. Na ɛnyɛ deɛ n’ani hunu so na ɔbɛbu atɛn, na ɛnyɛ deɛ n’aso teɛ so na ɔbɛdi asɛm,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na nʼani begye wɔ Awurade suro mu. Ɛnyɛ nea ɔde nʼani hu so na obegyina abu atɛn, anaa nea ɔde nʼaso bɛte so na obegyina asi gyinae;

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na AWURADE suro bɛyɛ no hwam. Na ɛnyɛ deɛ n’ani hunu so na ɔbɛbu atɛn, na ɛnyɛ deɛ n’aso teɛ so na ɔbɛdi asɛm,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na nʼani bɛgye wɔ Awurade suro mu. Ɛnnyɛ deɛ ɔde nʼani hunu soɔ na ɔbɛgyina abu atɛn, anaa deɛ ɔde nʼaso bɛteɛ soɔ na ɔbɛgyina asi gyinaeɛ;

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na AWURADE suro bɛyɛ no huam. Na ɛnyɛ nea n’ani hu so na obebu atɛn, na ɛnyɛ nea n’aso te so na obedi asɛm,

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 11:3
20 Referencias Cruzadas  

Mummmu ntɛn sɛnea muhu kwa; na mummu ntɛn a ɛteɛ!


Na Yesu nyinii, nyansa ne kɛseyɛ, ne ɔsɔɔ Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn adom mu.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nhwɛ ne ho tebea ne ne nipadua tentenyɛ, na mempɛ no; na menhwɛ nea onipa hwɛ, na onipa hwɛ nea etua aniwa, na AWURADE de, ɔhwɛ komam.


ɛno na wubehu AWURADE suro, na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ.


Na aduan a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyin a ɛnam daa daa adeyɛ nti wɔn adwene tumi hu papa ne bɔne mu.


Na Israel nyinaa tee atɛn a ɔhene bui no, wosuroo ɔhene anim, efisɛ wohui sɛ Onyankopɔn nyansa wɔ no mu a ɔde bu atɛn.


Ɛno na wubehu trenee ne atemmu ne ade a ɛteɛ ne ɔkwan pa nyinaa mu.


Enti ma w’akoa koma a etie, na memfa mimmu wo man atɛn, na minhu papa ne bɔne mu, na hena na obetumi abu ɔman duruduru yi atɛn?


Na w’afenaa se: Wɔmma me wura ɔhene asɛm nyɛ me awerɛkyekye; efisɛ me wura ɔhene te sɛ Onyankopɔn bɔfo a ohu papa ne bɔne, enti AWURADE wo Nyankopɔn nni w’akyi.


na enhia no sɛ obi di onipa ho adanse; na ɔno ankasa nim nea ɛwɔ onipa mu.


Na aso na ɛsɔ nsɛm hwɛ, na ano ka aduan hwɛ.


So ɛnyɛ aso na ɛsɔ nsɛm hwɛ, na dodom nso ka aduan hwɛ?


Na ɔmannwoe, nkwagye, nyansa ne nimdeɛ mmoroso bɛba wo bere so; AWURADE suro ne n’ademude.


asase no na ɛnyɛ ne kyɛfa Israel mu, na m’aberɛmpɔn anhyɛ me man so bio, na wɔmfa asase no mma Israel fi sɛ wɔn mmusuakuw no te.


Na obebu aman pii mu atɛn, na waka aman akɛse a ɛwɔ akyirikyiri no anim, na wɔde wɔn mfoa abobɔ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.


Na ɔhene ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Kɔ wo fi na mɛhyɛ wo ho ahyɛde.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios