Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 10:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na mobɛyɛ dɛn asotwe da no ne ɔsɛe a efi akyirikyiri reba no mu? Hena nkyɛn na mubeguan akogye ɔboa, na ɛhe na mubegyaw mo agyapade no?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na mobɛyɛ dɛn asotwe da no ne ɔsɛeɛ a ɛfiri akyirikyiri reba no mu? Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔgye mmoa, na ɛhe na mobɛgya mo ahodeɛ no?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Dɛn na mobɛyɛ wɔ akontaabu da no, bere a amanehunu fi akyirikyiri reba? Hena nkyɛn na mubeguan akɔpɛ mmoa? Ɛhefa na mubegyaw mo ahode?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na mobɛyɛ dɛn asotwe da no ne ɔsɛeɛ a ɛfiri akyirikyiri reba no mu? Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔgye mmoa, na ɛhe na mobɛgya mo ahodeɛ no?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛdeɛn na mobɛyɛ akontabuo da no, ɛberɛ a amanehunu firi akyirikyiri reba? Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔpɛ mmoa? Ɛhefa na mobɛgya mo ahodeɛ?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na mobɛyɛ dɛn asotwe da no ne ɔsɛe a efi akyirikyiri reba no mu? Hena nkyɛn na mubeguan akogye ɔboa, na ɛhe na mubegyaw mo agyapade no?

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 10:3
40 Referencias Cruzadas  

Na ɔtee Laban mmammarima nsɛm a wɔkae sɛ: Yakob afa nea ɛyɛ yɛn agya de nyinaa; eno na ɔde anya saa anuonyam yi nyinaa.


Na wodii wɔn akyi koduu Yordan ano, na hwɛ, ntade ne nneɛmanneɛma a Siriafo atotow agu wɔn ntɛmpɛ no mu ayɛ ɔkwan no nyinaa so ma. Na abɔfo no san ba bɛka kyerɛɛ ɔhene.


ɛnne sɛ Onyankopɔn sɔre a, dɛn na mɛyɛ? Na sɛ obisa a, dɛn na mede mebua no?


Adedodow nye mma hwee abufuw da, na trenee gye onipa fi owu mu.


Munsu na AWURADE da no abɛn; ɛreba sɛ ɔsɛe a efi Otumfo no.


Ɛda no, Yakob anuonyam no besua, na ne honam a adɔ srade no betwam;


na ɛpo yi anofo bɛka ɛda no sɛ: Hwɛ, sɛ yɛn anidaso a yeguan kɔdɔɔ hɔ sɛ wɔmmoa yɛn nnye yɛn Asaria hene anim no te ni! Na afei yɛn de, yɛbɛyɛ dɛn na yɛafi mu?


Awufo rentena ase, asamanfo rensɔre bio, ɛno nti na wobɛtwee wɔn aso na wosɛee wɔn, na womaa wɔn ho nkae nyinaa yerae.


Na hwɛ, AWURADE refi n’afa abɛtwe asase sofo aso, wɔn amumɔyɛ nti; na asase beyi ne mogya adi, na ɛrenkata wɔn a wɔakum wɔn no so bio.


Na mpa no nware sɛ obi bɛteɛ ne mu wɔ so, na mmuatam no nso sɛ ɔde bebum no so.


Asafo AWURADE bɛba abɛhwɛ wo, ɔde ɔprannaa ne asasewosow ne gyegyeegye kɛse, kyinhyia mframa ne ahum ne ogyaframa a ɛhyew ade na ɛbɛba.


na mokae sɛ: Daabi, na apɔnkɔ so na yɛbɛtena aguan. Enti aguan na mubeguan! Na mmoa ahoɔharefo so na yɛbɛtena akɔ. Enti wɔn a wotiw mo no ho bɛyɛ hare!


wɔn nyinaa ani bewu ɔman a wɔn ho remma wɔn mfaso. Wɔrenyɛ wɔn ɔboa anaa mfaso bi, na mmom aniwu ne ahohora.


Efisɛ Misraim boa yɛ adehuhuw ne adehunu, enti na mafrɛ no Rahab a ase ne: Hooyɛfo, a wɔte hɔ dinn.


Sion mu nnebɔneyɛfo ho popo, na ehu aka ahuhufo: Yɛn mu hena na ɔbɛtena ogya a ɛhyew ade ho? Yɛn mu hena na ɔbɛtena daa hyew mu?


Ɛnna odiyifo Yesaia baa ɔhene Hesekia nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Nnipa yi se dɛn, na ɛhe na wofi baa wo nkyɛn yi? Na Hesekia se: Wofi akyirikyiri asase bi so na wɔbaa me nkyɛn, wofi Babel.


enti asaman atrɛw n’akɔnnɔ mu, na ahan n’anom haharaa, na Yerusalem anuonyamfo ne nnipa dodow ne nnipa dɔm ne wɔn a wɔn ani ka mu no asian akɔ hɔ.


Na obesi frankaa ama amanaman a ɛwɔ akyirikyiri, na wabɔ hwirema afrɛ ɔman bi afi asase ano, na hwɛ wɔreba ɔhare so, ntɛm so.


Na mereyi asɛefo mahyɛ wo, wɔn akode kurakura wɔn, na wɔatotow wo nkyeneduru a wɔapaw no de agugu ogya mu.


Na wo nso, wo a wɔasɛe wo yi, woreyɛ no dɛn ni na wufura ɔtankɔkɔɔ, na wode sika ahyehyɛde hyehyɛ wo ho, na wode adubiri keka w’aniwa yi? Ɔkwa ara kwa na wokeka wo ho fɛfɛ. Adɔfo apo wo, wɔpɛ wo akum wo.


Adiyifo hyɛ nkɔntoro, na asɔfo nam wɔn so di wɔn koko so asɛm; me man nso pɛ no sa, nanso n’awiei no, mobɛyɛ no dɛn?


So meremmɛtwe wɔn aso eyi nti? AWURADE asɛm ni, anaasɛ me kra rentɔ ɔman a wɔte sɛɛ yi so were?


Bere a Efraim huu ne yare, na Yuda huu ne kuru; na Efraim siim kɔɔ Asiria, na ɔsoma kɔɔ ɔhene Yareb nkyɛn; na ɔno nso, ɔrentumi nsa mo yare, na ɔrenkum mo ho kuru.


Dɛn na mobɛyɛ afahyɛ da no ne AWURADE dapɔnna no?


Asotwe nna no anya aba, aweretɔ nna no anya adu; Israel behu sɛ odiyifo no yɛ ogyimifo, na honhom nipa no yɛ ɔbɔdamfo, amumɔyɛ dodow ne ɔtan a ɛso pii no nti.


Ɛte sɛnea obi guan fi gyata anim na osisi hyia no, na ɔba ofie na ɔde ne nsa tweri ɔfasu na ɔwɔ ka no.


Wɔn mu nipa pa te sɛ ohwirom, wɔn mu teefo sen nsɔe ban. W’awɛmfo da no, w’asotwe aba, ɛno na wɔn sakasakayɛ bedu.


wɔn dwetɛ anaa wɔn sika rentumi nnye wɔn, Awurade abufuw da no, na ne ninkuntwe gya no mu na asase no nyinaa bɛhyew, na ɔdwerɛw a ɛba mpofirim ara na ɔde bɛba asase no sofo nyinaa so.


na wɔadwiriw wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu no agu fam, na wɔrennyaw wo mu bo ɔbo so, efisɛ woanhu bere a wɔdom bɛhwɛɛ wo no.


AWURADE de ɔman bi befi akyirikyiri afi asase ano aba wo so ɔhareso, sɛnea ɔkɔre tu: Ɔman a wonte wɔn kasa,


na mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na nea wodi mo ho nseku wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam, “nsra da no”.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios