Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 10:2 - KYERƐW KRONKRON

2 sɛ wɔbɛdan ahiafo afi atɛntrenee ho, na wɔakyea me man mu mmɔborɔfo atemmu, na akunafo adan wɔn asade, na wɔafom nyisaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 sɛ wɔbɛdane ahiafoɔ afiri atɛntenenee ho, na wɔakyea me man mu mmɔborɔfoɔ atemmuo, na akunafoɔ adane wɔn asadeɛ, na wɔafom nwisiaa afa!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 de siw ahiafo ahofadi ho kwan, de atɛntrenee bɔ me nkurɔfo a wɔhyɛ wɔn so no atirimɔden. Wɔma akunafo yɛ amanehunufo na wɔbɔ ayisaa korɔn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 sɛ wɔbɛdane ahiafoɔ afiri atɛntenenee ho, na wɔakyea me man mu mmɔborɔfoɔ atemmuo, na akunafoɔ adane wɔn asadeɛ, na wɔafom nwisiaa afa!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 de tena ahiafoɔ ahofadie so, de atɛntenenee bɔ me nkurɔfoɔ a wɔhyɛ wɔn so no atirimuɔden. Wɔma akunafoɔ yɛ amanehunufoɔ na wɔbɔ nwisiaa korɔno.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 sɛ wɔbɛdan ahiafo afi atɛntrenee ho, na wɔakyea me man mu mmɔborɔfo atemmu, na akunafo adan wɔn asade, na wɔafom nyisaa.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 10:2
24 Referencias Cruzadas  

Sɛ masianka abrɛfo afi nea wɔhwehwɛ ho, na mama akunafo ani abu,


Wokum okunafo ne ɔhɔho, na wodi nyisaa awu;


Nnan wo hiani asɛm ani wɔ atemmu mu.


Ntwa ɔbrɛfo dwow, sɛ ɔyɛ ɔbrɛfo, na ntiatia mmɔboroni so kurow pon mu.


Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn se yɛ nkrante, na wɔn nnyepi yɛ asekan a wɔde we abrɛfo fi asase so, ne ahiafo fi nnipa mu.


Munsua papayɛ, monhwehwɛ atɛntrenee, monni mma mmɔborɔfo, mommɔ nyisaa ho ban, na mompere mma akunafo.


Wo mansohwɛfo yɛ mansotwefo ne awifo nnamfo; wɔn nyinaa pɛ ademmude na wodi akatua akyi; wonni mma nyisaa, na akunafo asɛm nnu wɔn anim.


wɔn a asɛm bi nti wɔtoto nnipa ano, na wosum nea ɔteɛ nnipa so wɔ kurow pon mu no afiri, na wɔde asɛnhunu bi tu ɔtreneeni asɛm gu.


AWURADE reba abebu ne man mpanyimfo ne n’asafohene atɛn, efisɛ mo na moadi bobeturo no, ɔbrɛfo asade wɔ mo afi;


mokyerɛ dɛn sɛ mopɛtɛw me man, na modwɛre abrɛfo anim? AWURADE, asafo AWURADE, asɛm ni.


Na ogyennyentwi ka agyennyentwisɛm na ne koma dwen amumɔyɛsɛm, sɛ obedi ahuhusɛm na waka AWURADE ho asɛm a ɛnteɛ, sɛ ɔbɛma nea odi kɔm kra ada mpan, na wama anonne abɔ nea odi sukɔm.


Wɔn a wobu ɔbɔnefo bem gye adammude, na wɔmfa nea odi bem no bem mma no.


Na asafo AWURADE bobeturo ne Israel fi, na Yudafo ne n’afuw a ɔdɔ ho; na ɔhwehwɛɛ atemmu, na hwɛ, mogyahwiegu na ohui; ɔhwehwɛɛ trenee, na hwɛ, nteɛm na ɔtee.


Na nokware ayɛ ade a ɛho yɛna, na nea ɔtwe ne ho fi bɔne ho no, wɔfow no. Na AWURADE hui, na ɛyɛɛ n’ani so bɔne sɛ atemmu bi nni hɔ,


sɛ monhyɛ ɔhɔho, ayisaa ne okunafo so, na munhwie mogya a edi bem ngu ha yi, na munni anyame foforo akyi mfa nyɛ mo ho bɔne a,


obi bu obi atɛnkyew a ɛwɔ ɔsorosoroni no anim,


wo mu na wɔbɔ agya ne ɛna so mpekua, wo mu na wodi ahɔho amim, wɔhom wo mu ayisaa ne okunafo so.


Sɛ AWURADE se ni: Israel amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ wɔtɔn ɔtreneeni gye dwetɛ, na mpaboa nti wɔtɔn ohiani.


Wɔn kɔn dɔ abrɛfo atifi dɔte mpo, na wɔkyea amanehunufo kwan, na obi ne n’agya kɔ ababaa koro ho, sɛ wɔde rehura me din kronkron ho,


Ɛte sɛnea obi guan fi gyata anim na osisi hyia no, na ɔba ofie na ɔde ne nsa tweri ɔfasu na ɔwɔ ka no.


Na mise: Muntie ɛ, Yakob atitiriw ne Israel fi akannifo, so ɛnyɛ mo na ɛsɛ sɛ muhu atemmu?


Na mɛbɛn mo mabebu atɛn, na mɛyɛ ɔdansefo a ne ho yɛ hare mahyɛ ntafowayifo ne awaresɛefo ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wodi apaafo apaade, okunafo ne ayisaa amim, na wosisi ɔhɔho, na wonsuro me no, asafo Awurade na ose.


Munnue! Mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ moto ɔsoro ahenni mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios