Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 1:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Sɛ asafo AWURADE annyaw yɛn nkae ketewaa bi a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadan sɛ Gomora.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Sɛ asafo AWURADE annya yɛn nkaeɛ kakraa bi a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadane ayɛ sɛ Gomora.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Sɛ Asafo Awurade annyaw yɛn asefo a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadan ayɛ sɛ Gomora.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Sɛ asafo AWURADE annya yɛn nkaeɛ kakraa bi a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadane ayɛ sɛ Gomora.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Sɛ Awurade tumfoɔ no annya yɛn asefoɔ a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadane ayɛ sɛ Gomora.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Sɛ asafo AWURADE annyaw yɛn nkae ketewaa bi a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadan sɛ Gomora.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 1:9
37 Referencias Cruzadas  

Na sɛnea Yesaia aka asie no: Sɛ Asafo Awurade annya mma amma yɛn a, anka yɛayɛ sɛ Sodom na wɔama yɛasɛ Gomora.


Na AWURADE tɔɔ sufre ne gya fi ɔsoro guu Sodom ne Gomora so.


Ɛyɛ AWURADE adɔeyɛ nti na yenwiee ɔsa ɛ, na ne mmɔborohunu to ntwae ɛ:


Mibutuw mo mu binom, sɛ mibutuw Sodom ne Gomora no, na moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afi ogya mu; nanso moansan amma me nkyɛn, AWURADE asɛm ni.


Ebia AWURADE wo Nyankopɔn bɛte Rabsake a ne wura Asaria hene asoma no sɛ ɔmmɛsopa Onyankopɔn teasefo no nsɛm no, na nsɛm a AWURADE wo Nyankopɔn ate no nti, watwe n’aso; enti ma wo mpaebɔ so ma nkae a wɔwɔ hɔ no.


Na saa na ɛbɛba asase no so, aman no mu, sɛ ngodua porow, sɛ bobe abatew akyi mpɛpɛwadi.


Nanso ɛbɛka wɔn mu mpɛpɛwa no bi, sɛ ngo dua porow mu a aba abien anaa abiɛsa wɔ ntɛntɛnoa, anan anaa anum wɔ n’abaa a asow yiye no so no: AWURADE, Israel Nyankopɔn, na ose.


Na sɛ ɛka abupɛn du mu biako wɔ mu po a, wɔbɛsan ahyew wɔn bio, sɛ odum anaa dupɔn a wɔatow ahwe fam, na esin si hɔ: Na asefo kronkron ne ne dunsin no.


Na ɔkae sɛ: Mma Awurade bo mmfuw, na menkasa prɛko pɛ yi: Ebia wobehu edu wɔ hɔ. Na ose: Edu no nti merensɛe hɔ.


Yesaia nso teɛm Israel ho sɛ: Sɛ Israel mma dodow te sɛ mpoano anwea a, emu nkae bi na wobegye wɔn nkwa;


Na ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wohu no sua.


enti, sɛ mete ase yi, asafo Awurade, Israel Nyankopɔn asɛm ni, ampa, Moab bɛdan sɛ Sodom, na Amonfo ayɛ sɛ Gomora, nsansono sisibea ne nkyemmena ne daapem amamfo; me man nkae bɛfow wɔn, na me nkurɔfo a wɔbɛka no afa wɔn adi.


AWURADE, mate wo nka na masuro; AWURADE, kanyan w’adwuma no wɔ yɛn bere yi mu, bere yi mu, na ma wonhu; w’abufuhyew mu kae wo mmɔborohunu.


Na obiara a ɔbɛbɔ AWURADE din no, wobegye no nkwa; na bepɔw Sion so ne Yerusalem na sɛnea AWURADE aka no, nnipa a wɔafi mu afi, ne nnipa a AWURADE refrɛ wɔn, afi wɔn a aka no mu bɛtena, nkwa bɛtena, sɛnea AWURADE aka no.


Nanso megyaw mo ebinom a wobefi nkrante ano aka, amanaman mu, bere a wɔbɛbɔ mo apete nsaase so no.


Na me man babea amumɔyɛ so sen Sodom bɔne no, ɛno na wobutuwii afrɛso a ɛnyɛ nsa na ɛsɛee no.


Nanso megyaw Israel mu nnipa mpemnsɔn, nkotodwe a ennya nkotow Baal nyinaa ne ano a ennya mfew n’ano nyinaa.


sufre ne nkyene, ɔhyew a asase no nyinaa ahyew a wonnua so ade na ɛnsow, na wura biara mfifi so, sɛ Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim butuw a AWURADE de n’abufuw ne n’abufuhyew butuwii no a, wɔbɛka ho asɛm,


na sɛ ɔdan Sodom ne Gomora nkurow nso, na ɔde ɔsɛe buu wɔn fɔ de wɔn yɛɛ nhwɛso maa wɔn a akyiri yi wɔbɛyɛ amumɔyɛde,


Nanso hwɛ, nnipa a wobefi mu afi bɛka wɔ mu, mmabanin ne mmabea, wɔde wɔn befi adi; hwɛ, wobefi adi aba mo nkyɛn, na moahu wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛe, na moakyekye mo werɛ, bɔne a mede mebaa Yerusalem so, ade a mede mebaa so no nyinaa ho.


Na AWURADE kae sɛ Sɛ mihu atreneefo aduonum Sodom kurow mu a, wɔn nti mede mefiri kurow no nyinaa.


Na wɔn afunu bɛdeda kurow kɛse no abɔnten so, kurow a honhom mu wɔfrɛ no Sodom ne Misraim, nea wɔbɔɔ wɔn Awurade nso asɛnnua mu no.


Ebia AWURADE wo Nyankopɔn bɛte Rabsake a ne wura Asaria hene asoma no sɛ ɔmmɛsopa Onyankopɔn teasefo no nsɛm, na nsɛm a AWURADE wo Nyankopɔn ate no nti watwe n’aso. Enti ma wo mpaebɔ so ma nkae a wɔwɔ hɔ no.


Na Sion babea aka sɛ bobeturo mu sese, sɛ fere turom homebea, sɛ kurow a asraafo atwa ho ahyia.


Na da no, Awurade bɛteɛ ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkae a wɔaka afi Asaria ne Misraim ne Patros ne Etiopia ne Elam ne Sinear ne Hamat ne po mu nsupɔw mu.


Na ɔtempɔn bɛda hɔ afi Asaria ama ne man nkae a wɔaka no, sɛnea ɛdaa hɔ maa Israel, ɛda a wofi Misraim asase so bae no.


Yakob fifo muntie me ne Israel fi nkae nyinaa, mo a maturu mo afi yafunu mu na masoa mo afi awotwaa mu no,


Sɛ AWURADE se ni: Sɛnea nsa ba bobe aba kasiaw mu a, wɔka sɛ: Nsɛe no, na nhyira wɔ mu no, saa na me nkoa nti mɛyɛ, na mansɛe wɔn nyinaa.


Na Yerusalem adiyifo no mu nso, mahu ahodwiriwde a ɛyɛ hu, awaresɛe ne atoro mu nantew, na wɔhyɛ nnebɔneyɛfo nsa den, nea ɛbɛyɛ na obiara ansan amfi ne bɔne mu; wɔn nyinaa adan me sɛ Sodom, na emufo ayɛ sɛ Gomora.


bɛka kyerɛɛ odiyifo Yeremia sɛ: Ma yɛn nkotɔsrɛ mmra w’anim ɛ, na bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpae ma yɛn ne nkae yi nyinaa, efisɛ yɛne kakraa bi a yɛaka nnipa bebree mu, sɛnea wuhu yɛn yi,


Nna no mu ne bere no mu, AWURADE asɛm ni, na wɔbɛtwee Israel amumɔyɛ, nso na enni hɔ, ne Yuda bɔne, na wɔrenhu, na mede mefiri wɔn, a mema wɔkae no.


Enti na nnome amene asase, na ɛsotefo hu amane wɔn bɔne nti; enti na asase sofo ahyew, na aka so nnipa ketewaa bi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios