Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 1:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Mo asase, ada ntuw; mo nkurow, wɔde ogya ahyew, mo mfuw, ananafo redi, mo anim, na asɛe sɛ ananafo abutuw no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Mo man mu ada mpan; mo nkuro, wɔde ogya ahye; mo anim pɛɛ na ananafoɔ redi mo mfuo; na asɛe sɛdeɛ ananafoɔ abutu no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Mo man ada mpan, wɔde ogya ahyehyew mo nkuropɔn; ananafo regye mo mfuw a mo ani tua, na asɛe sɛnea ɛyɛɛ bere a ahɔho tuu mo gui no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Mo man mu ada mpan; mo nkuro, wɔde ogya ahye; mo anim pɛɛ na ananafoɔ redi mo mfuo; na asɛe sɛdeɛ ananafoɔ abutu no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Mo ɔman ada mpan, wɔde ogya ahyehye mo nkuropɔn; ananafoɔ regye mo mfuo a mo ani tua, na asɛe sɛdeɛ ɛyɛɛ ɛberɛ a ahɔhoɔ tuu mo guiɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Mo asase, ada ntuw; mo nkurow, wɔde ogya ahyew, mo mfuw, ananafo redi, mo anim, na asɛe sɛ ananafo abutuw no.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 1:7
37 Referencias Cruzadas  

Ɛnna AWURADE ne Nyankopɔn de no hyɛɛ Siria hene nsa, na wɔkaa no gui, na wɔfaa ne nnipa mu pii nnommum, na wɔde wɔn kɔɔ Damasko. Nanso ɔde no hyɛɛ Israel hene nsa, na ɔde okunkɛse kaa no gui.


Asase a ɛba aduan dan asase kesee, wɔn a wɔte so no bɔneyɛ nti.


Afei wɔn so huanee, na wɔbrɛɛ wɔn ase, efi nhyɛso, ɔhaw ne awerɛhowhyɛ.


Ma ɔpempensifo nsa nka nea ɔwɔ nyinaa, na ananafo mfow n’adwuma so ade.


Na Sion babea aka sɛ bobeturo mu sese, sɛ fere turom homebea, sɛ kurow a asraafo atwa ho ahyia.


Na Yerusalem adwiriw, na Yuda ahwe ase, efisɛ wɔn tɛkrɛma ne wɔn nneyɛe ne AWURADE di asi, sɛ wɔbɛtew n’anuonyam anim atua.


Na Edom nsuwansuwa bɛdan amane, na ne dɔte nso adan sufre, na n’asase no ayɛ amane a ɛdɛw;


Na w’amamfo ne wo nkurow a asɛe ne w’afasusin asase no, afei wobɛyɛ hihiaa a wɔn a wɔbɛtena so no rensen, na wɔn a wɔmene wo no akɔ akyirikyiri.


Na nguammaa bedidi sɛ wɔn adidibea, na ananafo adidi taamudifo amamfo so.


Asafo AWURADE aka agu m’aso mu sɛ: Ampa ara, adan pii bɛdan amamfo, adan a ɛsosoe na eye rennya obi ntena mu


Na mise: Oo Awurade, enkosi da bɛn? Na ose: Enkosi sɛ nkurow bɛdan akurofo a obi nte mu, na afi ada ntuw a onipa nni mu, na asase no asɛe ayɛ afo koraa,


Nea anka wogyaw wo na wɔtan wo na obi bi mfa wo mu no, mɛma wo daa kɛseyɛ na mayɛ wo awo ntoatoaso a edidi so anigye.


AWURADE aka ne nsa nifa, ne ne tumi basa no ho ntam sɛ: Meremfa w’awi memma w’atamfo nni bio, na ananafo mma rennom wo nsa a wobrɛɛ ho no.


Wo kronkronyɛ nkurow adan sare so, Sion adan sare so, Yerusalem ayɛ akurofo.


Na abɔnefosɛm dɛw sɛ ogya, ɛhyew nnɛnkyɛnse ne nsɔe na ɛsɔ kwae mu adɔtɔ mu ma efi wusiw kumɔnn foro kɔ soro.


Na ɔko kitikitiyɛ mu akofo mpaboa nyinaa ne ntama a wɔde afɔtɔfɔtɔw mogya no, wɔbɛhyew no sɛ ade a wɔde sɔ gya.


Gyataforo bobom na wɔpo so wɔ no so; na wɔayɛ n’asase amamfo, wɔahyehyew ne nkurow, na obi nte mu.


Gyata bi afi ne dɔtɔ mu reba, na amanaman sɛefo atu afi ne tenabea reba, sɛ ɔrebɛyɛ w’asase no amamfo, na wo nkurow abobɔ a obi nte mu bio.


Ɛnna m’anibere ne m’abufuhyew hwie gui, na ɛdɛw Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmorɔn so ma ɛdannan asase a asɛe ne amamfo sɛ ɛte nnɛ yi.


Yerusalem, ma wɔnteɛ wo so, na me kra antwe amfi wo ho, na mamma woannan amamfo, asase a obiara nte so.


Na megu Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmorɔn so ahosɛpɛw nne ne anigye nne, ayeforokunu nne ne ayeforo nne, efisɛ asase no bɛdan amamfo.


Yɛn agyapade adan ahɔho de, yɛn afi ayɛ ananafo de;


hwɛ mereyi wo mama apueifo sɛ wɔmfa wo nni, na wɔmmobɔ wɔn nsra wo mu, na wonsisi wɔn tenabea wo mu; wɔn na wobedi w’aba, na wɔn ara anom wo nufusu;


Na mɛma nsubɔnten no ayoyow, na matɔn asase no mahyɛ abɔnefo nsa, na mede ananafo nsa mayɛ asase no pasaa; me, AWURADE, na maka.


Ahɔho adi n’ahoɔden, nso onnim; dwen nso ahura ne tirim, nso onnim.


Na mframa na wogu, na ahum nso na wobetwa; awi a egyina hɔ nni mu; nea efifi no, wɔyam a, wonnya mu siam; sɛ ebi wɔ mu po a, ahɔho na wobedi.


na mo de, mɛbɔ mo apete wiase amanaman mu, na matwe nkrante madi mo akyi, na mo asase bɛda ntuw, na mo nkurow ayɛ fo.


Ɛno na asase no benya ne home bere mu ahotɔ, nna dodow a ɛso bɛda ntuw a mo de, mowɔ mo atamfo asase so no; ɛno na asase no bɛhome na anya ne home nna no mu ahotɔ.


na matwitwa w’asase so nkurow agu, na madwiriw w’abandennen nyinaa;


Na me nso mabɔ wo ma abɔ wo yare, wo bɔne nti na masɛe wo.


W’asase so aba ne w’adwumade nyinaa, ɔman a wunnim wɔn na wobedi, na ɔhyɛ nko na wɔbɛhyɛ wo na wɔapɛtɛw wo nna nyinaa;


Ɔhɔho a ɔwɔ wo mu bɛkɔ soro akyɛn wo ara, na wo de, wubesian aba famfamfam;


sufre ne nkyene, ɔhyew a asase no nyinaa ahyew a wonnua so ade na ɛnsow, na wura biara mfifi so, sɛ Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim butuw a AWURADE de n’abufuw ne n’abufuhyew butuwii no a, wɔbɛka ho asɛm,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios