Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 1:6 - KYERƐW KRONKRON

6 efi nan ase kosi atifi, mudi biara nni ho, apirakuru ne nsoasoae ne akuru momono a etu mogya; wɔntotoe na wɔnkyekyeree, na wɔmfaa ngo nnwudwoo no ɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Ɛfiri nan ase kɔsi atifi, amudie biara nni ho, apirakuro ne nsoasoaeɛ ne akuro a ɛretu mogya; wɔmmiae na wɔnkyekyeree, ɛnna wɔmfaa ngo nnwodwoeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Efi mo nan ase kosi mo ti so, ahomeka biara nni mu, apirakuru ne ahonhon nko ara akuru a anim deda hɔ na wɔnhohoro so anaa wɔnkyekyeree anaa wɔmfaa ngo nsrasraa so ɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Ɛfiri nan ase kɔsi atifi, amudie biara nni ho, apirakuro ne nsoasoaeɛ ne akuro a ɛretu mogya; wɔmmiae na wɔnkyekyeree, ɛnna wɔmfaa ngo nnwodwoeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛfiri mo nan ase kɔsi mo tiri so ahomeka biara nni mu, apirakuro ne nsoasoaeɛ nko ara akuro a anim deda hɔ na wɔnhohoro so anaa Wɔnkyekyereeɛ anaa wɔmfaa ngo nsrasraa so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 efi nan ase kosi atifi, mudi biara nni ho, apirakuru ne nsoasoae ne akuru momono a etu mogya; wɔntotoe na wɔnkyekyeree, na wɔmfaa ngo nnwudwoo no ɛ.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 1:6
20 Referencias Cruzadas  

Nso Israel nyinaa mu obiara nni hɔ a wɔkamfo n’ahoɔfɛ sɛ Absalom. Efi ne nan ase kosi ne mpampam dɛm biara nni ne ho.


Na ɔno na opira, na ɔkyekyere so, ɔpɛtɛw, na ne nsa nso sa.


M’ahohia da mu na mehwehwɛɛ AWURADE, me nsam ateɛ anadwo nyinaa, na ɛmpa abaw, me kra kame awerɛkyekye.


Na ɔsram hann bɛyɛ sɛ owia hann, na owia hann bɛyɛ mmɔho asɔn, sɛ nnansɔn hann, ɛda a AWURADE bɛkyekyere ne man bubu na wasa ne hwe ano akuru no.


Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na ɛyɛ nsɛmmɔnedifo pa ara, hena na obenya mu ahuye?


Na sɛ AWURADE se ni: Wo kuru ayɛ akisikuru, wo pira nni asaye.


Adɛn nti na wo kuru no nti wusu sɛ wo yaw nni asaye? W’amumɔyɛ dodow, wo bɔne a emu yɛ den nti na mayɛ wo sɛɛ yi.


Hwɛ, me ara mede ade ne nnuru mɛkyekye ne kuru so, na masa wɔn yare, na matue asomdwoe ne nokware a ɛboro so ano mama wɔn.


Na wɔsa me man kuru adwenhare so ka sɛ: Asomdwoe, asomdwoe! Nso asomdwoe nni hɔ.


Sɛ asubura mu nsu tue no, sɛ ne bɔne nso tue ne no; wɔte atirimmɔden ne nhyɛso nka wɔ mu, ɔyare ne akuru wɔ m’anim daa yi.


Wo kuru nni asaye, wo pira no mu yɛ den; obiara a ɔte wo nka no bɔ ne nsam gu wo so; na hena na watumi aguan afi wo daadaa haw no ho?


Na mo a musuro me din no, trenee wia bepue ama mo, na ayaresa wɔ ne ntaban ase, na mubefi adi ahuruhuruw sɛ anantwiforo a wɔadi adɔ,


Na ɔtee no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔn a wɔn ho yɛ den no, enhia wɔn ɔyaresafo na wɔn a wɔyare no.


Na ɔkɔɔ ne nkyɛn kɔkyekyeree n’akuru no de ngo ne nsa guguu mu, na ɔde no tenaa n’ankasa aboa so de no kɔɔ ahɔhodan mu kɔhwɛɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios