Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 1:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Ɛdɛn nti na wɔmmɔ mo ara na mokɔ so tew atua yi? Ti mu no nyinaa yare, na koma mu no nyinaa agurow;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Adɛn nti na wɔmmɔ mo ara, sɛ morekɔ so ara te atua yi? Etire mu no nyinaa yare, na akoma mu no nyinaa ahodwo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Adɛn nti na mopɛ sɛ wɔkɔ so boro mo? Adɛn nti na moda so tew atua? Wɔapira mo ti, na mo koma nso di yaw.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Adɛn nti na wɔmmɔ mo ara, sɛ morekɔ so ara te atua yi? Etire mu no nyinaa yare, na akoma mu no nyinaa ahodwo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Adɛn enti na mopɛ sɛ wɔkɔ so boro mo? Adɛn enti na moda so te atua? Wɔapira mo tiri, na mo akoma nso di yea.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Ɛdɛn nti na wɔmmɔ mo ara na mokɔ so tew atua yi? Ti mu no nyinaa yare, na koma mu no nyinaa agurow;

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 1:5
25 Referencias Cruzadas  

Na ɔhene san somaa aduonum so safohene a ɔto so abiɛsa ne n’aduonum. Na aduonum so safohene a ɔto so abiɛsa no foro kɔe, na ɔkɔkotow ne nankoroma anim Elia anim, na ɔpaa no kyɛw ka kyerɛɛ no sɛ: Onyankopɔn nipa, ma me kra ne wo nkoa aduonum yi kra bo nyɛ den w’ani so.


Na n’ahohia bere mu no ɔhene Ahas no ara kɔɔ so fom AWURADE,


na yɛn ahene, yɛn mmapɔmma, yɛn asɔfo ne yɛn agyanom no anni wo mmara so, nanso wɔantie wo mmara nsɛm ne w’adanse a wudii wɔn no.


Wo mansohwɛfo yɛ mansotwefo ne awifo nnamfo; wɔn nyinaa pɛ ademmude na wodi akatua akyi; wonni mma nyisaa, na akunafo asɛm nnu wɔn anim.


Monsan mmra nea Israel mma wae fii ne ho no nkyɛn.


Na ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow! Ɔman a wɔte mu no, wɔde wɔn amumɔyɛ befiri wɔn.


Na ɔman no ansan amma nea ɔhwee wɔn no nkyɛn, na asafo AWURADE akyi kwan nso, wɔnhwehwɛe ɛ.


Manase we Efraim, na Efraim we Manase, na wɔn baanu nyinaa sɔre hyɛ Yuda. Eyi nyinaa mu no n’abufuw nnyaee ɛ, na ne nsa ateɛ ara.


So Etiopiani betumi asakra ne were, anaasɛ ɔsebɔ bɛsakra ne ho nworannworan? Ɛnne mo nso mubetumi ayɛ papa, mo a bɔneyɛ akokwaw mo.


Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na ɛyɛ nsɛmmɔnedifo pa ara, hena na obenya mu ahuye?


Teta ara kwa na mebobɔɔ mo mma ade; wɔannye nteɛso. Mo afoa akunkum mo adiyifo sɛ gyata a ɔsɛe ade.


Ɛnna mmarima a wonim sɛ wɔn yerenom hyehyew aduhuam maa anyame foforo no nyinaa ne mmea a wogyinagyina hɔ no nyinaa, asafo kɛse, ne ɔman a wɔte Patros, Misraim asase so no nyinaa buaa Yeremia sɛ:


O AWURADE, so w’aniwa nsa nokware? Wobobɔ wɔn, na ɛnte wɔn; wodwɛre wɔn, wɔpo nteɛso; wɔahyɛ wɔn ani den sen ɔbotan, wɔmpɛ sɛ wonu wɔn ho.


Adiyifo hyɛ nkɔntoro, na asɔfo nam wɔn so di wɔn koko so asɛm; me man nso pɛ no sa, nanso n’awiei no, mobɛyɛ no dɛn?


Ma menkɔ nnipa akɛse no nkyɛn na menkasa nkyerɛ wɔn, efisɛ wɔn na wonim AWURADE akwan ne wɔn Nyankopɔn mmara no. Nanso wɔn nyinaa abubu kɔndua no atetew nkyehama no.


Na wɔdannan wɔn tɛkrɛma de yɛ wɔn ta di atoro, na wodi asase so tumi a wonni mma nokware, na wofi bɔne mu kɔ bɔne mu, na me de, wonnim me, AWURADE asɛm ni.


Eyi nti na yɛn koma agurow, eyinom nti na yɛn ani so ayɛ kusuu.


Wo fi mu wɔ abusude; sɛ matwiw wo ho na efi nti, wo ho rentew mfi wo fi no mu bio, de bɛkɔ akosi sɛ mɛma m’abufuhyew adwo wo ho.


Nea wayera no, mɛhwehwɛ no, na nea wɔapam no no, mɛkɔ makɔfa no aba, na nea wabubu no, mɛkyekyere no, na nea ɔyare no, mɛhyɛ no den; na nea wadɔ srade ne nea ne ho yɛ den no, mɛhwɛ no so; mɛhwɛ wɔn trenee mu.


Wɔn a wɔagurow no, monhyɛ wɔn den, na ayarefo nso, monsa wɔn yare; nea wabubu no, monkyekyere no, nea wɔapam no no, monkɔfa no mma, na nea wayera no, monhwehwɛ no, na mmom ɔhyɛ ne atirimɔden na mode di wɔn so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios