Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 1:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Ao, ɔman nnebɔneyɛfo, ɔman a wɔn asodi yɛ duru, amumɔyɛfo asefo mma a waporɔw wɔagyaw AWURADE, wɔatew Israel kronkronni no ahii, wɔasan wɔn akyi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Ao, ɔman nnebɔneyɛfoɔ, ɔman a wɔn asodie yɛ duro, amumuyɛfoɔ asefoɔ, mma a wɔaporɔ! Wɔagya AWURADE, wɔabu Israel Kronkronni no animtia, wɔasane wɔn akyi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nnome nka, amumɔyɛ man, ɔman a wɔn afɔdi so, nnebɔneyɛfo kuw, mma a porɔwee ahyɛ wɔn ma! Wɔatwe wɔn ho afi Awurade ho; wɔapo Israel Kronkronni no, wɔadan wɔn akyi akyerɛ no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Ao, ɔman nnebɔneyɛfoɔ, ɔman a wɔn asodie yɛ duro, amumuyɛfoɔ asefoɔ, mma a wɔaporɔ! Wɔagya AWURADE, wɔabu Israel Kronkronni no animtia, wɔasane wɔn akyi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Aa, amumuyɛ ɔman, ɔman a afɔdie adesoa ahyɛ wɔn ma, nnebɔneyɛfoɔ kuo, mma a porɔeɛ ahyɛ wɔn ma! Wɔatwe wɔn ho afiri Awurade ho; Wɔapo Israel Kronkronni no, wɔadane wɔn akyi akyerɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Ao, ɔman nnebɔneyɛfo, ɔman a wɔn asodi yɛ duru, amumɔyɛfo asefo mma a waporɔw wɔagyaw AWURADE, wɔatew Israel kronkronni no ahii, wɔasan wɔn akyi.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 1:4
69 Referencias Cruzadas  

Nso Sodomfo yɛ awudifo ne nnebɔneyɛfo akɛse AWURADE anim.


na ogyaw AWURADE, n’agyanom Nyankopɔn, na wannantew AWURADE kwan mu.


Na ɛbae sɛ Rehoboam ahenni timii na ɔyɛɛ den no, ogyaw AWURADE mmara, na Israel nyinaa ka ne ho.


Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, sɛ n’agya Usia yɛe no ara; nanso wanhyɛn AWURADE asɔredan no mu; nanso ɔman no kɔɔ so bɔɔ ɔbra bɔne ara.


Ɔfom na yɛafom wo, na yɛanni wo mmara nsɛm ne ahyɛde ne atemmude a wohyɛɛ w’akoa Mose no so.


Abɔnefo bɔ ko fi yafunum, wofi wɔn na yam fom kwan di atoro.


Me nso mede bɛnta sanku meyi wo ayɛ, me Nyankopɔn ne wo nokware, mede sankuten mɛto wo, Israel hotefo no, dwom.


Mpɛn ahe ara na wɔantew n’anim atua sare so, na wɔanhow ne werɛ nkyerekyerewa so!


Na wɔsan sɔɔ Onyankopɔn hwɛe, na woyii Israel kronkronni no ahii.


Na wɔwae twaa nkontompo sɛ wɔn agyanom, wɔmanee sɛ ta daadaafo.


Na wɔanyɛ sɛ wɔn agyanom, mma asoɔdenfo ne atuatewfo, mma a wɔmfa wɔn koma nsi tee, na wɔn honhom nni Nyankopɔn nokware.


Na AWURADE na yɛn kyɛm wɔ no, na Israel kronkronni no na yɛn hene wɔ no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sian kɔ, na wo man a wode wɔn fi Misraim asase so bae no redi asɛmmɔne;


Wo mansohwɛfo yɛ mansotwefo ne awifo nnamfo; wɔn nyinaa pɛ ademmude na wodi akatua akyi; wonni mma nyisaa, na akunafo asɛm nnu wɔn anim.


Na wɔbɛdwɛre atuatewfo ne nnebɔneyɛfo prɛko, na wɔn a wogyaw AWURADE no bɛhyew.


Ɔman nkɔnkɔnsafo mu na mɛsoma no makɔ, na m’abufuw man no so na mɛhyɛ no sɛ ɔnkɔ nkɔfa asade na ɔnkɔfow, na ontiatia wɔn so sɛ mmorɔn so dɔte.


Sion babea, huro na di ahurusi, na Israel kronkronni a ɔwɔ wo mu no so.


Wɔremfa wo nka wɔn ho afunsie mu, efisɛ woasɛe w’asase na woakunkum wo nkurɔfo. Wɔmmmɔ nnebɔneyɛfo asefo din da biara da bio.


na wɔn a wodwo benya AWURADE mu anigye foforo, na nnipa mu ahiafo ho asɛpɛw wɔn Israel kronkronni no mu;


Na Yerusalem adwiriw, na Yuda ahwe ase, efisɛ wɔn tɛkrɛma ne wɔn nneyɛe ne AWURADE di asi, sɛ wɔbɛtew n’anuonyam anim atua.


Wonnue, mma atuatewfo, AWURADE na ose, wɔn a wodi agyinatusɛm so, na emfi me, na wɔyɛ nkabom bi, na ɛnyɛ me honhom so sɛ wɔde bɔne bɛka bɔne ho no.


Na sɛ AWURADE, Israel kronkronni no se ni: Sanba ne brɛooyɛ mu na wobegye mo nkwa, kommyɛ ne anidaso mu na mo mmaninyɛ bɛtena, nanso moampene;


Na wɔyɛ atuatew man, mma atorofo, mma a wɔmpɛ sɛ wotie AWURADE mmara.


Nanso ɔyɛ onyansafo, na ɔde bɔne ba; ne nsɛm nso, ɔrensan, na ɔbɛsɔre ahyɛ abɔnefo fi ne wɔn a wɔboa amumɔyɛfo no.


Hena na woasopa no na woayaw no? Na hena so na woama wo nne so na woama w’ani atra wo ntɔn yi? Wode ahyɛ Israel kronkronni no.


Nsuro, aboawa Yakob, ne mo Israel mma! Me ara mɛboa wo, AWURADE na ɔkae, na wo gyefo ne Israel kronkronni no.


Wubehuw so na mframa asoa akɔ na ahum abɔ apete; na wo de, wubedi AWURADE mu ahurusi de Israel kronkronni no ahyehye wo ho.


sɛ nnipa nhu nte ase mfa nsie koma mu na wonnwen ho prɛko sɛ: AWURADE nsa na ɛyɛɛ eyinom, na Israel kronkronni no na ɔbɔe.


wɔn a wɔka sɛ: Ma ɔnyɛ no hare nyɛ n’adwuma ntɛm na yenhu! Na ma Israel kronkronni no agyina mmɛn na ɛmmra mma yenhu.


Enti, sɛ ogyaframa hyew sakran na ogya framfram hyew wura guanguan no, saa ara nso na wɔn ntini bɛporɔw, na wɔn nhwiren betu akɔ sɛ otutuw, efisɛ wɔapa asafo AWURADE mmara, na wɔatew Israel kronkronni no asɛm ahi.


N’anibere a ɛyɛ amumɔyɛ nti na me bo fuwii na mehwee no, mihintawee, na me bo hurui; nanso ɔkɔɔ so san n’akyi faa ne koma kwan so.


Ɛwom, wɔhwehwɛ me da biara, na wɔpɛ m’akwan ahu sɛ gyama wɔyɛ ɔman bi a wodi asɛntrenee na wonnyaw wɔn Nyankopɔn ahyɛde no ɛ; wobisa me hɔ asɛntrenee, wɔpɛ sɛ wɔbɛn Onyankopɔn.


Na mo a mugyaw AWURADE na mo werɛ fi ne bepɔw kronkron no na motow pon ma siade bosom na mohyɛ mfrasa nkuruwa amaama ma hyɛbea bosom no,


ɔman a woyi me ahii m’anim daa yi, wɔbobɔ afɔre nturo mu, na wɔhyew nnuhuam ntayaa so,


Enti Awurade annya wɔn mmerante ho anigye, na ne yam anhyehye no wɔn nyisaa ne wɔn akunafo ho, na wɔn nyinaa yɛ nkɔnkɔnsafo ne nnebɔneyɛfo, na ano nyinaa ka agyennyentwisɛm. Eyi nyinaa mu no n’abufuw nnyaee ɛ, na ne nsa ateɛ ara.


Woapa me, AWURADE asɛm ni, na wo nsanakyiri no kɔ so ara; enti na meteɛɛ me nsa wo so, na mesɛee wo; mabrɛ ne mmɔborohunu.


Na bɔne abien na me man ayɛ, wɔagyaw me a meyɛ nkwa nsuti no sɛ wɔkɔbɔre mmura a apaepae a entumi nnyina nsu.


So ɛnyɛ ɛno na ɛyɛɛ wo saa, sɛ wugyaw AWURADE wo Nyankopɔn, bere a ɔde wo nam ɔkwan no so?


Wo bɔne bɛtwe w’aso, na wo nsanakyiri atwiw w’anim, na hu na hwɛ ogyaw a wugyaw AWURADE wo Nyankopɔn, ne me ho hu a wunni no mu bɔne ne awerɛhow, AWURADE, asafo AWURADE asɛm ni.


Mo nnɛ mma, monhwɛ AWURADE asɛm. So madan Israel sare so anaa asase a aduru sum kabii? Ɛdɛn nti na me man ka sɛ: Yɛato yɛn ho sraha, yɛremma wo nkyɛn bio?


Hwɛ sɛnea wusiesie wo kwan de pɛ adɔfo! Ɛno nti nso mmea bɔne mpo woakyerɛ wɔn w’akwan.


Sɛ AWURADE se ni: Bɔne bɛn na mo agyanom hui wɔ me ho a enti wofii me ho kɔɔ akyirikyiri na wokodii ahuhude akyi na wɔadannan hunu yi?


Israelfo ne Yudafo bɔne a wɔyɛe sɛ wɔde rehuru me bo no nyinaa nti, wɔn ne wɔn ahene, wɔn mmapɔmma, wɔn asɔfo ne wɔn adiyifo ne Yuda mmarima ne Yerusalemfo.


Momfrɛ agyantofo nkɔtoa Babel, wɔn a wokuntun ta nyinaa, mommɔ ne ho nsra nhyia. Mommma obiara mmfi mu mmfi. Munsusuw ne nneyɛe so nhyɛ no ananmu, sɛ ɔyɛe no nyinaa, monyɛ no saa ara, efisɛ wadi AWURADE, Israel kronkronni no so ahantansɛm.


Na Israel ne Yuda Nyankopɔn no, asafo AWURADE no, ne ne nkurɔfo wɔ hɔ, ɛwom sɛ asase no afom, Israel kronkronni no anim.


So me na woyi me abufuw? AWURADE asɛm ni, so ɛnyɛ wɔn ho aniwu na wɔhyɛ?


nanso wɔantie me, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wosen wɔn kɔn yɛɛ bɔne sen wɔn agyanom.


na maso Israel fi no mu, wɔn koma mu, sɛ wɔde wɔn abosonhunu no nyinaa atew wɔn ho afi me ho.


Nguaman nyinaa, wɔma wɔn akyɛde, na wo de, wode w’akyɛde kyekyɛɛ w’adɔfo nyinaa, na womaa wɔn adammude, sɛ womfi mmaa nyinaa mmra wo nkyɛn aguamammɔ.


Wone wo na a ɔpo ne kunu ne ne mma no ba, na wone wo nuammeanom a wɔpo wɔn kununom ne wɔn mma no nuabea; mo na yɛ Hetini, na mo agya yɛ Amorini.


na Israel nyinaa ato wo mmara, na wɔmanee sɛ wɔrentie wo; na nnuabɔ ne ntam a wɔakyerɛw Onyankopɔn akoa Mose mmara mu no ahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ no bɔne nti.


ne wɔn a wɔsan fi Awurade akyi, ne wɔn a wɔnhwehwɛɛ Awurade na wommisaa n’akyi kwan no.


Na hwɛ, moasɔre agyina mo agyanom ananmu, mmarima nnebɔneyɛfo asefo, sɛ mode AWURADE abufuhyew no bi reka ho de aba Israel so ara.


Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome.


Awɔ, nhurutoa mma! Mobɛyɛ dɛn aguan amanehunu kurom atemmu?


Na Yohane huu Farisifo ne Sadukifo no mu bebree sɛ wɔreba asubɔ no ho no, osee wɔn sɛ: Nhurutoa mma! Hena na ɔkyerɛɛ mo sɛ munguan mfi abufuw a ɛreba no ho?


Efisɛ ɔhonam adwene yɛ nitan a ɛtan Onyankopɔn, na ɛmfa ne ho nhyɛ Onyankopɔn mmara no ase, na mpo entumi;


Anaasɛ yɛrehyɛ Awurade ama no atwe ninkunu anaa? Yɛn ho yɛ den sen no anaa?


Na wɔbɛka sɛ: Efisɛ wɔagyaw AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn apam a oyii wɔn Misraim asase so no, ɔne wɔn pamee no,


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, wo ne w’agyanom rekɔda, na ɔman yi bɛsɔre akodi asase a wɔrekɔ so hɔ no anananyame akyi aguamammɔ mu, na wɔagyaw me, na wɔato m’apam a me ne wɔn pamee no.


Na ne mmabanin ne ne mmabea ho ahi nti AWURADE hui no, ɔpoo wɔn,


Wɔadi no asɛmmɔne, wɔn nkekae nti, wɔnna so nyɛ ne mma, wɔyɛ awo ntoatoaso kɔntɔnkye a wɔakyea.


Afei m’ani gye amane a mihu mema mo no mu, na mehyɛ Kristo amanehunu, nea aka no ananmu, wɔ me honam mu mema ne nipadua a ɛyɛ asafo no


Efisɛ ne nneyɛe bɔne atoatoa abedu soro, na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ.


Ɛnna Israelfo su frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ wo bɔne, sɛ yɛagyaw yɛn Nyankopɔn na yɛakɔsom Baalim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios