Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 1:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Munguare, munnwira mo ho. Munyi mo nneyɛe mu bɔne mfi m’ani so, munnyae bɔneyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Monnware, monnwira mo ho. Monyi mo nneyɛɛ mu bɔne mfiri m’ani so, monnyae bɔneyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 “Munnwira mo ho na mo ho ntew. Munnyi mo nnebɔne mfi mʼani so! Munnyae bɔneyɛ,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Monnware, monnwira mo ho. Monyi mo nneyɛɛ mu bɔne mfiri m’ani so, monnyae bɔneyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 “Monnwira mo ho na mo ho nte. Monnyi mo nnebɔne mfiri mʼani so! Monnyae bɔne yɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Munguare, munnwira mo ho. Munyi mo nneyɛe mu bɔne mfi m’ani so, munnyae bɔneyɛ.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 1:16
31 Referencias Cruzadas  

Ma no nkyi bɔne na ɔnyɛ papa, ma ɔnhwehwɛ asomdwoe na onni akyi.


Enti munyiyi bɔnepɛ nyinaa ne nnaadaa nyinaa ne nyaatwomyɛ ne nitan ne nseku nyinaa ntotow ngu,


Afei sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfo, momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa ho, na yɛawie yɛn ahotew Onyankopɔn suro mu.


Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfo, na montew mo komam, mo a mo adwene yɛ ntanta!


Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wunim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu, na wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu.


Hohoro wo koma ho fi bɔne mu, Yerusalem, na wɔagye wo. Da bɛn na w’abusudwene ntena wo mu nkosi?


Ɛnne monsow aba a ɛfata adwensakra.


Montwe mo ho, montwe mo ho mfi hɔ nkɔ, monnka ade a ɛho ntew; mumfi adi mfi ne mu, montew mo ho, mo a mosoa AWURADE nnwinne no.


Mɛhohoro me nsa, bemdi mu, na metwa w’afɔremuka ho mahyia, AWURADE,


Mommma nyaatwom mmfra ɔdɔ mu! Munkyi bɔne, mommata papa ho!


Na afei, adɛn na wotwentwɛn wo nan ase? Sɔre ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne, na bɔ Awurade din!


Montan bɔne na monnɔ papa, na momma atɛmpa ntim kurow apon mu; ebia AWURADE, asafo Nyankopɔn, behu Yosef nkae no mmɔbɔ.


Wose: Monsan mfi mo akwammɔne so ne mo nsɛnnii bɔne mu, na moatena asase a AWURADE de ama mo ne mo agyanom no so afi daapem akosi daapem.


Fi bɔne ho na yɛ papa, na woatena hɔ daa;


Yi bɔne ho akwa, na yɛ papa, hwehwɛ asomdwoe, na tiw no.


Hohoro me ho fi m’amumɔyɛ mu koraa, na prapra me ho fi me bɔne mu.


Mman nifa anaa benkum, twe wo nan fi bɔne mu.


Asɛntreneedi ne atemmu sɔ AWURADE ani sen afɔrebɔ.


Na afei ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfo sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, meredwen mo ho bɔne na mapam mo so apam. Mo nyinaa monsan mo akyi mfi mo kwammɔne so, na momma mo akwan ne mo nsɛnnii nyɛ yiye ɛ!


ebia wobetie, na wɔasan afi wɔn akwammɔne so, na manu me ho, bɔne a ɛwɔ me tirim sɛ wɔn nneyɛe bɔne nti mɛyɛ wɔn no ho.


Na masoma me nkoa, adiyifo no, nyinaa maba mo nkyɛn, mitua ahema mesoma wɔn sɛ: Monsan ɛ, mo nyinaa mfifi mo akwammɔne so, na monyɛ mo nsɛnnii yiye, na munnni anyame foforo akyi nnsom wɔn, na montena asase a mede memaa mo ne mo agyanom no so. Na moammrɛ mo aso ase, na moantie me.


Na nnipa ne afieboa mfurafura ayitama, na wonsu dennennen mfrɛ Onyankopɔn, na obiara nsan mfi ne kwammɔne so ne amim ade a ɛwowɔ wɔn nsam no ho.


So ɛnyɛ nsɛm yi na Awurade nam kan adiyifo no so ma wɔpaee mu kae, bere a Yerusalem da so wɔ hɔ a wɔte mu na emu dwo, na ne nkurow atwa ho ahyia, na wɔtete anafo fam ne tataw so no anaa?


Ɛda no, wobebue nsuaniwa ano ama Dawid fi ne Yerusalemfo, bɔne ne ahokum fam.


Na AWURADE nam n’adiyifo nyinaa ne adehufo nyinaa so dii Israel ne Yuda adanse sɛ: Monsan mfi mo akwammɔne no so, na munni me mmara nsɛm ne m’ahyɛde so, sɛ mmara a mehyɛɛ mo agyanom a menam me nkoa adiyifo no so mema wɔde brɛɛ mo no nyinaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios