Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 1:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Mo afɔre dodow yɛ me dɛn? AWURADE na ose. Adwennini hyew afɔre ne nyɛmmoa srade afono me, na anantwi ne nguammaa ne mpapo mogya, ɛnsɔ m’ani.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Mo afɔdeɛ dodoɔ yɛ me deɛn? AWURADE na ɔseɛ. Adwennini hyeɛ afɔdeɛ ne nyɛmmoa sradeɛ afono me; na anantwie anaa nnwammaa anaa mpapo mogya, nsɔ m’ani.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 “Mo afɔrebɔ ahorow bebree no, dɛn na ɛyɛ ma me?” Sɛnea Awurade se ni. “Mewɔ ɔhyew afɔrebɔde ma ɛboro so, nea ɛyɛ adwennini ne mmoa a wɔadɔ srade; mʼani nnye anantwinini, nguantenmma ne mpapo mogya ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Mo afɔdeɛ dodoɔ yɛ me deɛn? AWURADE na ɔseɛ. Adwennini hyeɛ afɔdeɛ ne nyɛmmoa sradeɛ afono me; na anantwie anaa nnwammaa anaa mpapo mogya, nsɔ m’ani.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 “Mo afɔrebɔ ahodoɔ bebree no, ɛdeɛn na ɛyɛ ma me?” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Mewɔ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ma ɛboro so, deɛ ɛyɛ nnwennini ne mmoa a wɔadɔre sradeɛ; mʼani nnye anantwinini, nnwammaa ne mpapo mogya ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Mo afɔre dodow yɛ me dɛn? AWURADE na ose. Adwennini hyew afɔre ne nyɛmmoa srade afono me, na anantwi ne nguammaa ne mpapo mogya, ɛnsɔ m’ani.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 1:11
23 Referencias Cruzadas  

Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛde, woasiesie aso de ama me, wummisa ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre.


Ɛnyɛ wo kum afɔre nti na mɛka w’anim, na wo hyew afɔre wɔ m’anim daa yi.


Na wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ, ɔhyew afɔre nsɔ w’ani.


Abɔnefo afɔre yɛ AWURADE akyide, na teefo mpaebɔ yɛ n’anisɔde.


Abɔnefo afɔrebɔ yɛ akyide, na menne sɛ ɔde nam adwemmɔne mu ba.


Asɛntreneedi ne atemmu sɔ AWURADE ani sen afɔrebɔ.


Ɛwom, wɔhwehwɛ me da biara, na wɔpɛ m’akwan ahu sɛ gyama wɔyɛ ɔman bi a wodi asɛntrenee na wonnyaw wɔn Nyankopɔn ahyɛde no ɛ; wobisa me hɔ asɛntrenee, wɔpɛ sɛ wɔbɛn Onyankopɔn.


Nea okum nantwi no te sɛ nea okum nipa; nea okum guan bɔ afɔre no te sɛ nea obu ɔkraman kɔn mu; nea ɔbɔ aduan afɔre no te sɛ nea ɔde prako mogya ba; nea ɔhyew aduhuam no te sɛ nea ohyira ohoni. Wɔn de, wɔapaw wɔn akwan, na wɔn kra ani sɔ wɔn akyide;


Dɛn na aduhuam a wɔde fi Saba ba ne ahwerew pa a efi akyirikyiri asase so no yɛ ma me? Mo hyew afɔre nsɔ m’ani, na mo kum afɔre nyɛ me dɛ.


Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Momfa mo hyew afɔre nka mo kum afɔre ho, na munni nam.


Na mepɛ adɔeyɛ, na ɛnyɛ afɔrebɔ, ne Onyankopɔn ho nimdeɛ sen ɔhyew afɔre.


M’ayɛyɛde afɔre a wɔbɔ no, nam nko na wokum; AWURADE ani nsɔ; afei ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ na wabɛtwe wɔn bɔne so aso; Misraim na wɔbɛsan akɔ.


Na momfa mmɔkaw abodoo nhyew aseda afɔre, na mompae ayamye ayɛyɛde mma wɔnte. Na saa na mopɛ, mo Israelfo, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Metan na mepo mo nnapɔnna, na m’ani nnye mo afahyɛ nhyiam ho.


Na sɛ mobɔ mo hyew afɔre ma me na mode mo aduan ayɛyɛde brɛ me a, m’ani rensɔ, na mo nyɛmmoa asomdwoe afɔre nso, merenhwɛ.


So AWURADE ani bɛsɔ adwennini mpem mpem, anaa ngo asuten mpem du du? So me mmarato nti memfa m’abakan memma, anaasɛ me yafumma, me kra bɔne nti?


Ɛnna Hagai bua kae sɛ: Saa na nkurɔfo yi te, na saa na ɔman yi te wɔ m’anim, Awurade asɛm ni, na saa na wɔn nsa ano adwuma nyinaa ne nea wɔde brɛ me hɔ no te: Ɛho akum.


Bisa asase no so aman nyinaa ne asɔfo no sɛ: Mokyen kɔm na mudii nkɔmmɔ, ɔsram a ɛto so anum ne nea ɛto so ason so, mfe aduɔsɔn yi no, mokyen maa me anaa?


Anka eye sɛ mo mu bi kɔtoto apon mu nso, na moansɔ m’afɔremuka so gya kwa. M’ani nsɔ mo hwee, asafo Awurade na ose, na mo nsam ayɛyɛde nyɛ me fɛ.


nantwinini biako, odwennini biako, oguanten ba biako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre;


Bio, ɔsomaa nkoa foforo sɛ: Monkɔka nkyerɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ: Hwɛ, masiesie m’aduan, wɔakum m’anantwi ne me nyɛmmoa, na wɔawie ade nyinaa; mommra ayeforo no ase!


Na monkɔ nkosua eyi ase sɛ: Mepɛ mmɔborohunu na ɛnyɛ afɔrebɔ. Mammɛfrɛ treneefo, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo.


Na Samuel kae sɛ: So AWURADE pɛ ɔhyew afɔre ne okum afɔre sɛ otie a wotie AWURADE anaa? Hwɛ, osetie ye sen afɔre, na asoyɛ kyɛn adwennini srade.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios