Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 1:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Muntie AWURADE asɛm, Sodom atitiriw, monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn kyerɛkyerɛ Gomorafo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Montie AWURADE asɛm, Sodom atitire! Monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn nkyerɛkyerɛ, mo Gomora man!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Muntie Awurade asɛm, mo Sodom sodifo; muntie yɛn Nyankopɔn mmara, mo Gomorafo!

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Montie AWURADE asɛm, Sodom atitire! Monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn nkyerɛkyerɛ, mo Gomora man!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Montie Awurade asɛm, mo Sodom sodifoɔ; montie yɛn Onyankopɔn mmara, mo Gomorafoɔ!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Muntie AWURADE asɛm, Sodom atitiriw, monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn kyerɛkyerɛ Gomorafo.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 1:10
21 Referencias Cruzadas  

Nso Sodomfo yɛ awudifo ne nnebɔneyɛfo akɛse AWURADE anim.


Enti muntie AWURADE asɛm, mo afɛwdifo a mudi ɔman a ɛwɔ Yerusalem yi so.


Wɔn anim su di wɔn adanse, na wɔka wɔn bɔne sɛ Sodomfo, wonsiw so. Wonnue! Na wɔde bɔne yɛ wɔn ho.


Na wɔyɛ atuatew man, mma atorofo, mma a wɔmpɛ sɛ wotie AWURADE mmara.


Na AWURADE ne yɛn temmufo, AWURADE ne yɛn hene ɔno na obegye yɛn nkwa.


Wonni mmara ne adanse no akyi! Sɛ wɔanka no sɛnea asɛm yi te a, ɛnne ade renkye wɔn.


Na Yerusalem adiyifo no mu nso, mahu ahodwiriwde a ɛyɛ hu, awaresɛe ne atoro mu nantew, na wɔhyɛ nnebɔneyɛfo nsa den, nea ɛbɛyɛ na obiara ansan amfi ne bɔne mu; wɔn nyinaa adan me sɛ Sodom, na emufo ayɛ sɛ Gomora.


Misraimfo, Yudafo, Edomfo, Amonfo, Moabfo, ne wɔn a wɔtete anwea pradada so na wɔatwitwa wɔn nwi de di awufo ni no nyinaa; efisɛ amanaman nyinaa yɛ momonotofo, na Israel fi nyinaa yɛ komam momonotofo.


Onipa ba, hyɛ Israel adiyifo a wɔhyɛ nkɔm no ho nkɔm, na ka kyerɛ wɔn a wofi wɔn ara komam hyɛ nkɔm no sɛ: Muntie AWURADE asɛm.


Ɛno nti, aguaman, tie AWURADE asɛm!


Na wo nuabea panyin ne Samaria, ɔno ne ne mmabea a wɔte wo benkum so no, na wo nuabea kumaa a ɔte wo nifa so ne Sodom ne ne mmabea.


Hwɛ, eyi ne wo nuabea Sodom amumɔyɛ no: Ahantan, didimee ne yiyedi dwoodwoo mu na ɔno ne ne mmabea tenae, na ɔbrɛfo ne ohiani nsa de, wanso mu;


Muntie asɛm yi a AWURADE aka wɔ mo, Israelfo ho, mo a moyɛ mmusua a miyii mo fii Misraim asase so bae no nyinaa ho sɛ:


Gyata abobom, hena na ɔrensuro? AWURADE Nyankopɔn akasa, hena na ɔrenhyɛ nkɔm?


So monyɛ me sɛ Etiopiafo, mo Israel mma anaa? AWURADE asɛm ni. So ɛnyɛ Israel na miyii no fii Misraim asase so, na Filistifo nso fi Kaftor, na Siriafo nso fi Kir?


Na mise: Muntie ɛ, Yakob atitiriw ne Israel fi akannifo, so ɛnyɛ mo na ɛsɛ sɛ muhu atemmu?


Na sɛnea Yesaia aka asie no: Sɛ Asafo Awurade annya mma amma yɛn a, anka yɛayɛ sɛ Sodom na wɔama yɛasɛ Gomora.


Na Sodom bobe mu na wɔn bobe fi, ɛne Gomora mfuwa mu; wɔn aba yɛ bɔre aba, wɔsow akasiaw a ɛyɛ nwene;


Na wɔn afunu bɛdeda kurow kɛse no abɔnten so, kurow a honhom mu wɔfrɛ no Sodom ne Misraim, nea wɔbɔɔ wɔn Awurade nso asɛnnua mu no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios