Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yesaia 1:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Amos ba Yesaia anisoade a ohui Yuda ne Yerusalem ho. Yuda ahene Usia ne Yotam ne Ahas ne Hesekia bere so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Amos ba Yesaia anisoadeɛ a ɔhunuu no Yuda ne Yerusalem ho, Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia nna no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Saa anisoadehu a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho no baa Amos babarima Yesaia so wɔ Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia mmere so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Amos ba Yesaia anisoadeɛ a ɔhunuu no Yuda ne Yerusalem ho, Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia nna no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Saa anisoadehunu a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho no baa Amos babarima Yesaia so wɔ Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Amos ba Yesaia anisoade a ohui Yuda ne Yerusalem ho. Yuda ahene Usia ne Yotam ne Ahas ne Hesekia bere so.

Ver Capítulo Copiar




Yesaia 1:1
38 Referencias Cruzadas  

Israel hene Yeroboam afe a ɛto so aduonu ason so na Yuda hene Amasia ba Asaria bedii hene.


Yabes ba Salum bedii hene, Yuda hene Usia afe a ɛto so aduasa akron mu; na odii hene ɔsram wɔ Samaria.


Israel hene Remalia ba Peka afe a ɛto so abien mu na Yuda hene Usia ba Yotam bedii hene.


Na Asaria wui, na wosiee no kaa n’agyanom ho, Dawid kurow mu; na ne ba Yotam bedii n’ade.


Na Israel hene Ela ba Hosea afe a ɛto so abiɛsa mu na Yuda hene Ahas ba Hesekia bedii hene.


Na ɔsomaa Eliakim a odi ofi no so ne ɔkyerɛwfo Sebna ne asɔfo mu mpanyin a wofurafura ayitam kɔɔ Amos ba odiyifo Yesaia nkyɛn,


Na Yuda man no nyinaa faa Usia, na wadi mfirihyia dunsia, na wosii no hene sii n’agya Amasia ananmu.


Na Usia ho nsɛm nkae, kan de ne akyiri de no, Amos ba odiyifo Yesaia akyerɛw.


Yotam dii mfe aduonu anum na obedii hene, na odii hene mfe dunsia Yerusalem. Na ne na din de Yerusa, Sadok ba.


Ahas dii mfe aduonu na obedii hene, na odii hene mfe dunsia Yerusalem. Na wanyɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so sɛ n’agya Dawid.


Na akronkronne no yɛ anantwi ahansia ne nguan mpensa.


Da bi wokasae anisoadehu mu kyerɛɛ w’ahotefo sɛ: Madi maboa ɔbarima bi, mama obi a wɔapaw no fi ɔman no mu so.


Babel ho atemmusɛm a Amos ba Yesaia hui ni:


Asɛm a Amos ba Yesaia hui Yuda ne Yerusalem ho ni:


bere no ara mu na AWURADE nam Amos ba Yesaia so kae sɛ: Kɔ na koyi atweaatam no fi w’asen mu, na san wo mpaboa fi wo nan ase. Na ɔyɛɛ saa de adagyaw ne nammɔnhunu nantewee.


Anisoadehu a ɛyɛ den na wɔayi akyerɛ me: Ɔfowfo refow na ɔsɛefo resɛesɛe. O Elam, foro bra! Media, bɛka no hyɛ mu! Mɛma n’apinisi nyinaa to atwa.


Na ɔsomaa Eliakim a odi ofi no so no ne ɔkyerɛwfo Sebna ne asɔfo no mu mpanyin a wofurafura ayitam kɔɔ Amos ba odiyifo Yesaia nkyɛn,


Ɛbere no mu no, Hesekia yaree owuyare, na Amos ba odiyifo Yesaia baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hyɛ wo fi samansew, na worebewu, na worennya nkwa.


Foro kɔ bepɔw a ɛkorɔn so, O ɔsɛmpakafo Sion. Ma wo nne so ahoɔden so, O ɔsɛmpakafo Yerusalem. Ma so nsuro; ka kyerɛ Yuda nkurow sɛ: Hwɛ, mo Nyankopɔn ni.


Afe a ɔhene Usia wui no mu no, mihuu Awurade sɛ ɔte agua a ɛkorɔn a wɔama so so, na n’atade mmuano ayɛ asɔrefi ma.


Na ɛbae sɛ Usia ba Yotam ba Ahas a ɔyɛ Yuda hene bere so no, Siria hene Resin ne Israel hene Peka a ɔyɛ Remalia ba, baa Yerusalem, sɛ wɔne no rebɛko, nanso wɔantumi no.


Sɛ asafo AWURADE se ni: Munntie adiyifo a wɔhyɛ mo nkɔm no nsɛm, wɔde mo kɔ ahuhude mu. Wɔn komam adehu na wɔka, emfi AWURADE anom.


Na afe a ɛto so aduasa, ɔsram a ɛto so anan, da a ɛto so anum no, na mewɔ atukɔfo no mu, asu Kebar ho, na ɔsoro buei, na mihuu Onyankopɔn hɔ anisoade.


AWURADE asɛm a ɛbaa Beeri ba Hosea nkyɛn Yuda ahene Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia bere so ne Israel hene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba bere so ni.


Amos a ɔwɔ Tekoa nguanhwɛfo mu nsɛm a ohui n’ani so, Israel ho, Yuda hene Usia bere so ne Israel hene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba bere so, mfe abien ansa na asasewosow no bae ni.


Na momfa mmɔkaw abodoo nhyew aseda afɔre, na mompae ayamye ayɛyɛde mma wɔnte. Na saa na mopɛ, mo Israelfo, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


AWURADE asɛm a ɛbaa Moresetni Mika nkyɛn, Yuda ahene Yotam, Ahas ne Hesekia bere so wɔ Samaria ne Yerusalem ho ni.


Ɛlkosini Nahum adehu nhoma a ɛfa Niniwe atemmu ho.


Na AWURADE buaa me sɛ: Kyerɛw adehu no, na kyerɛkyerɛ mu gu abopon so, na wɔanya no akanye ahoɔhare so.


Na ɔkae sɛ: Muntie me nsɛm a sɛ AWURADE diyifo bi wɔ mo mu a, adehu mu na mema ohu me, ɔdae mu na mekasa mekyerɛ no:


nea ɔte Nyankopɔn nsɛm na ohu ɔsorosoroni no ho nimdeɛ no, nea ɔhwɛ Tweaduampɔn ahwɛde, na ɔrehwe ase a, wɔtew n'ani so no:


nea ɔte Nyankopɔn nsɛm no na ɔreka yi, nea ohu Tweaduampɔn anisoade, na ɔrehwe ase a, wɔtew n'ani so no:


Na wofi bepɔw no so resian no, Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monnka ade a moahu yi nnkyerɛ obiara kosi sɛ Onipa Ba no bɛsɔre afi awufo mu.


Na Petro regye ne mu akyinnye sɛ anisoade a ohui no ase ne dɛn no, hwɛ, na nnipa a Kornelio somaa wɔn no abisa Simon fi kwan gyinagyina abobow ano


Enti, ɔhene Agripa, manyɛ ɔsoro ade a woyi kyerɛɛ me no ho asoɔden,


Ahohoahoa ho hia; ɛwom sɛ enye mma hwee; nanso mɛka Awurade anisoadehu ne adiyi ho asɛm.


efisɛ adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so amma pɛn, na mmom Onyankopɔn nnipa kronkron so, sɛnea Honhom Kronkron de wɔn rekɔ no, na wɔkasae.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios