Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yakobo 4:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfo, na montew mo komam, mo a mo adwene yɛ ntanta!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfoɔ, na monte mo akoma mu, mo a mo adwene yɛ ntanta!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Mommɛn Onyankopɔn, na ɔno nso bɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa ho, mo nnebɔneyɛfo! Montew mo koma mu, mo a mo adwene yɛ ntanta!

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfoɔ, na monte mo akoma mu, mo a mo adwene yɛ ntanta!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Mommɛn Onyankopɔn, na ɔno nso bɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa ho, mo nnebɔneyɛfoɔ! Monte mo akoma mu, mo a mo adwene yɛ ntanta!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfo, na montew mo komam, mo a mo adwene yɛ ntanta!

Ver Capítulo Copiar




Yakobo 4:8
44 Referencias Cruzadas  

AWURADE bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokware mu nyinaa.


momma yɛmfa nokware koma wɔ gyidi a akyinnye nnim koraa mu mmɛn sɛ nnipa a wɔapete wɔn koma ho afi ahonim bɔne mu, na wɔde nsu krogyenn aguare wɔn nipadua.


Efi mo agyanom bere so na mosan fii m’ahyɛde ho na moanni so. Monsan mmra me nkyɛn, na mɛsan maba mo nkyɛn, asafo Awurade na ose. Na moka se: Dɛn mu na yɛnsan?


Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Monsan mmra me nkyɛn, na mɛsan maba mo nkyɛn, asafo Awurade na ose.


na ofii adi kohyiaa Asa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asa ne Yuda ne Benyamin nyinaa, muntie me. AWURADE ne mo te, sɛ mo ne no te yi. Na sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mugyaw no a, obegyaw mo.


Hohoro wo koma ho fi bɔne mu, Yerusalem, na wɔagye wo. Da bɛn na w’abusudwene ntena wo mu nkosi?


Na obiara a ɔwɔ ne ho anidaso yi no, ɔtew ne ho sɛnea ɔno ho tew.


Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me, na yɛ honhom foforo a ase tim wɔ me mu.


(efisɛ mmara no amma biribiara anni mu,) nanso wɔde anidaso a eye kyɛn so a yɛnam so bɛn Onyankopɔn ba mu, de si ananmu.


Afei sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfo, momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa ho, na yɛawie yɛn ahotew Onyankopɔn suro mu.


Montotow mo mmaratode a mode too mmara no nyinaa mfi mo so ngu, na monyɛ koma foforo ne honhom foforo mfa. Na ɛdɛn nti na morewu yi, Israel fi?


Na me de, Onyankopɔn nkyɛn tena ye ma me, mede AWURADE mayɛ me guankɔbea, na maka wo nnwuma nyinaa.


Na wo, me ba Solomon, hu w’agya Onyankopɔn no, na fa wo koma mu ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE pɛepɛe koma nyinaa mu na ohu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no. Na sɛ wugyaw no a, ɔbɛtow wo akyene koraa.


Ɛno na afei ne nsɛso a ɛno ne asubɔ no, gye mo nso nkwa, a ɛnyɛ ɔhonam ho fi yi mu, na mmom ɛyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔre nti yɛnam so yɛ Onyankopɔn de.


Nanso ɔtreneeni bekura ne kwan mu, na nea ne nsa ho tew no bɛkɔ so anya ahoɔden.


Momma dua no nyɛ dua pa, na n’aba ayɛ aba pa; anaasɛ momma dua no nyɛ dua bɔne, na n’aba ayɛ aba bɔne; na dua aba na wɔde hu dua ko.


Enti mepɛ sɛ mmarima bɔ mpae wɔ mmaa nyinaa, ma nsa a ɛho tew so a abufuw anaa akyinnye mma mu.


Na Awurade se: Esiane sɛ ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me na wɔde wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma ne me ntam pan, na osuro a wosuro me no ayɛ nnipa ahyɛde a wɔasua nko nti,


Nea efi nni ne nsam na ne komam tew, nea ɔmma ne kra so mma ahuhude, na ɔnka ntanhunu.


Montew mo kra ho, nokware tie mu, nkɔ onuadɔ a nkontompo nni mu mu, na mumfi koma mu nnodɔ mo ho mo ho dennen.


AWURADE tuaa me ka sɛ me trenee te, sɛ me nsa ho si tew no na otuaa me ho ka maa me.


Onipa a n'adwene ntanta no yɛ nta hinhim n’akwan nyinaa mu.


Mɛhohoro me nsa, bemdi mu, na metwa w’afɔremuka ho mahyia, AWURADE,


wamma ansono yɛne wɔn, na mmom ɔnam gyidi so tew wɔn komam.


Na Abraham twiw bɛn kae sɛ: So wobɛpra ɔtreneeni ne ɔbɔnefo abom agu anaa?


Nanso amim bi nni me nsam, na me mpaebɔ ho tew.


Adɛn nti na w’asuafo no nni mpanyimfo atetesɛm no so? Wɔnhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi.


Ɛbere no mu na wɔbɛka akyerɛ ɔman yi ne Yerusalem sɛ: Mframa a emu yɛ hyew befi sare so mpampa so afa me man babea kwan so aba, ɛnyɛ nea ɛbɛpo so anaa ebehuw so,


Sɛ miguare sukyerɛma nsu na mede gyakisi mehohoro me nsa a,


Obiara a wobehu no no, wobehwirew no mu, na obiara a wɔbɛkyere no, no bɛtɔ nkrante ano;


Ampa ara, matew me koma ho kwa, na mahohoro me nsa bemdi mu kwa,


Na Pilato hui sɛ ontumi nyɛ ho hwee, na mmom sakasaka reba no, ɔfaa nsu hohoroo ne nsa nkurɔfokuw no anim kae sɛ: Medi bem wɔ onipa trenee yi mogya ho; mo ara monhwɛ!


Na Saul sii afɔremuka maa AWURADE. Ɛno ne afɔremuka a edi kan a osi maa AWURADE.


Mikyi adwene ntantafo, na medɔ wo mmara.


Ɛwom, wɔhwehwɛ me da biara, na wɔpɛ m’akwan ahu sɛ gyama wɔyɛ ɔman bi a wodi asɛntrenee na wonnyaw wɔn Nyankopɔn ahyɛde no ɛ; wobisa me hɔ asɛntrenee, wɔpɛ sɛ wɔbɛn Onyankopɔn.


Na nyansa a efi soro no de, nea edi kan ne sɛ ɛho tew, ɛwɔ asomdwoe, ɛwɔ odwo, ɛwɔ asoɔmmerɛw; mmɔborohunu ne aba pa ayɛ no ma, ennye akyinnye, ɛnyɛ nyaatwom.


Wutwiw bɛnee, da a mefrɛɛ wo no; wokae sɛ: Nsuro!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios