Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yakobo 4:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Nanso ɔma ɔdom bebree mmom. Enti na kyerɛw no se: Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Nanso ɔma adom bebree mmom. Enti na atwerɛ no se: Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Nanso adom a Onyankopɔn dom yɛn no dɔɔso yiye. Na Kyerɛwsɛm no ka se, “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Nanso ɔma adom bebree mmom. Enti na atwerɛ no se: Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Nanso, adom a Onyankopɔn dom yɛn no dɔɔso yie. Na Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Nanso ɔma ɔdom bebree mmom. Enti na kyerɛw no se: Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.

Ver Capítulo Copiar




Yakobo 4:6
34 Referencias Cruzadas  

Na Hesekia san brɛɛ ne ho ase ne koma ahantan no ho, ɔno ne Yerusalemfo nyinaa, na AWURADE abufuw no amma wɔn so Hesekia bere so.


Na ehiaa no no, ɔhwehwɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn, na ɔbrɛɛ ne ho ase pii n’agyanom Nyankopɔn anim.


Na ne mpaebɔ ne sɛ wotiee no no, ne ne bɔne ne mmarato nyinaa ne faako a ɔtotoo sorɔnsorɔmmea na osisii Asera nnua ne ahoni ansa na ɔbrɛɛ ne ho ase no, hwɛ, wɔakyerɛw adehufo nsɛm no mu.


Na wammrɛ ne ho ase AWURADE anim sɛ n’agya Manase brɛɛ ne ho ase no, na ɔno Amon maa mfomso dɔɔso.


sɛ wo koma ayɛ bɛtɛbɛtɛ, na woabrɛ wo ho ase Onyankopɔn anim, sɛ wotee ne nsɛm, ɛha yi ne ɛhafo ho, na woabrɛ wo ho ase m’anim asunsuane wo ntade mu asu m’anim nti, me nso mate, AWURADE na ose.


Sɛ wɔbrɛ wo ase a, ɛnne ahomaso nti a. Efisɛ ɔhobrɛaseni de, ɔbɛma wadi yiye.


Na AWURADE wɔ ɔsorosoro, na ɔhwɛ ahobrɛasefo, na ahantanfo de, ohu wɔn wɔ akyirikyiri.


sɛ, nea odi mogya so were no akae wɔn, na ne werɛ amfi abrɛfo nteɛm.


Afei na mahu sɛ AWURADE yɛ kɛse sen anyame nyinaa, efisɛ oyii ɔman no fii Misraim nsam, bere a wɔredi wɔn so ahantansɛm.


AWURADE suro ne nyansa nteɛso, na ahobrɛase di anuonyam anim.


Nea edi ɔsɛe anim ne sɛ ɔbarima koma ma ne ho so, na nea edi anuonyam anim ne ahobrɛase.


Nea edi ahobrɛase ne AWURADE suro akyi ne ahonyade ne anuonyam ne nkwa.


Onipa ahantan bɛbrɛ no ase, na honhom mu hobrɛaseni nsa bɛka anuonyam.


Yiw odi afɛwdifo ho fɛw, na ɔdom ahobrɛasefo.


Na wɔbɛbrɛ onipa ahantan ase, na nnipa ahokyerɛ aba fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.


Migyaw wo kakraa bi ketewa sɛ, nanso ayamhyehye kɛse na mede mɛboa w’ano.


Na sɛ nea ɔkorɔn na wɔama no so, nea ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no se ni: Mete soro ne nea ɛhɔ yɛ kronkron, ne nea wabubu na ne honhom brɛ ase no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefo honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya nkwa.


Afei me, Nebukadnesar, mekamfo ɔsoro hene mema no so miyi no ayɛ, sɛ ne nneyɛe nyinaa yɛ nokware, na n’akwan yɛ atɛntrenee, na wɔn a wɔnam ahantan so no, otumi brɛ wɔn ase.


Na obiara a ɔwɔ no, wɔbɛma no, na wanya aboro so; na obiara a onni no, nea ɔwɔ mpo wobegye ne nsam.


Na obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.


Watu atumfo afi wɔn nhengua so, na wapagyaw ahiafo


Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.


Mise mo sɛ: Oyi de bem kɔɔ ne fi mmom sen obiako no; na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.


Mommrɛ mo ho ase Awurade anim, na ɔbɛma mo so.


Saa ara na mo mmabun nso, momfa mo ho nhyɛ mpanyimfo ase. Na mo nyinaa mumfura ahobrɛase, na monsonsom mo ho mo ho, efisɛ Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.


Monnkasa ahantan kasa bebree sa, mommma ahomaso kasa mmfi mo anom, na AWURADE ne Nyankopɔn a ohu ade nyinaa, na ɔno na ɔkari nneyɛe.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios