Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yakobo 4:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Anaasɛ mususuw sɛ kyerɛw no kasa kwa, sɛ: Ɔtwe ne honhom a ɔte yɛn mu no ho ninkunu?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Anaasɛ mosusu sɛ atwerɛ no kasa kwa, sɛ: Ɔtwe ne honhom a ɔte yɛn mu no ho ninkunu?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Mususuw sɛ Kyerɛwsɛm a ɛka se, “Ninkutwe ahyɛ honhom a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn mu no ma” no wɔkaa no kwa ana?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Anaasɛ mosusu sɛ atwerɛ no kasa kwa, sɛ: Ɔtwe ne honhom a ɔte yɛn mu no ho ninkunu?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Mosusu sɛ Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, “Ninkunutwe ahyɛ honhom a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn mu no ma” no wɔkaa no kwa?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Anaasɛ mususuw sɛ kyerɛw no kasa kwa, sɛ: Ɔtwe ne honhom a ɔte yɛn mu no ho ninkunu?

Ver Capítulo Copiar




Yakobo 4:5
24 Referencias Cruzadas  

Na biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefi ne abosom wɔ? Na yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔrefi, sɛnea Onyankopɔn aka sɛ: Mɛtena wɔn mu, na manantew wɔn mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔayɛ me ɔman.


Anaasɛ munnim sɛ mo nipadua yɛ Honhom Kronkron a ɔwɔ mo mu, a munya fii Onyankopɔn hɔ no asɔredan, na monne mo ho?


Na Mose ka kyerɛɛ no sɛ: Woretwe me ho ninkunu? Ka me nko a, anka AWURADE man nyinaa adannan adiyifo, na AWURADE de ne honhom agu wɔn so.


Efisɛ yɛn nso, kan no na yɛyɛ nkwasea, asoɔdenfo, nnipa a wɔtaa yɛ mfomso, som akɔnnɔ ne anigyede horow, te nnebɔne ne nitan mu a wɔn ho yɛ ahi na wɔtentan wɔn ho wɔn ho.


Nhoran wo bo nnebɔneyɛfo nti, mma wo bo nnhaw wo, amumɔyɛfo ho;


Na AWURADE tee afɔre no huam, na ɔkae ne komam sɛ: Onipa nti meremmɔ asase dua bio, efisɛ onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase, na merensɛe nea ɛte ase nyinaa bio, sɛnea mayɛ yi.


Na ne nuanom ani beree no; na n'agya de, ɔde asɛm no siei.


Na Rahel hui sɛ ɔnwo mma Yakob no, ɔtwee ne nuabea no ho kora, na ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ: Ma me mma, na anyɛ saa a, mewu.


Na onyaa nguankuw, ne anantwikuw, ne nkoa pii. Na Filistifo ani beree no.


Na AWURADE hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.


Na kyerɛw no dii kan hui sɛ Onyankopɔn fi gyidi mu na obebu amanaman bem nti, ɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ: Wo mu na wobehyira amanaman nyinaa.


Na agyanom mpanyin dumien no de nitan tɔn Yosef kɔɔ Misraim, nanso Onyankopɔn dii n’akyi.


Sɛ ɔfrɛɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no anyame na wontumi nsan kyerɛw no a,


Na mihuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiyedi nyinaa nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu. Eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.


Ɔbɔnefo kra kɔn dɔ bɔne, ne yɔnko anim nyɛ nyam n’ani so.


Na wɔn ani beree Mose, nsra no mu, ne Aaron, AWURADE hotefo no.


Sɛ nnipa a ade a ɛnteɛ nyinaa, amumɔyɛ, anibere, nnebɔne ayɛ wɔn ma. Nitan, awudi, akasakasa, nsisi, ɔbra bɔne ahyɛ wɔn ma. Wɔyɛ asututufo,


Na kyerɛw no see Farao sɛ: Eyi ara nti na mama wo so sɛ meyi me tumi adi wɔ wo mu, na wɔabɔ me din asase nyinaa so.


Na Efraim anibere befi akɔ, na Yuda ahohiafo ase agu; Efraim ani remmere Yuda bio, na Yuda nso renhiahia Efraim ho bio.


Na kyerɛwsɛm foforo bio se: Wobɛhwɛ nea wɔwɔɔ no no.


Kyerɛwsɛm no anka sɛ Dawid asefo mu ne Betlehem kurow a Dawid tenaa hɔ no mu na Kristo no befi anaa?


Onyankopɔn nyɛ onipa, na wadi atoro, anaa onipa ba, na wanu ne ho. So ɔno de, ɔbɛka asɛm bi na ɔrenyɛ, anaasɛ ɔbɛkasa na ɔremma entim?


Na Onan nim sɛ mma no renyɛ ne dea, enti sɛ ɔkɔ ne nua yere no ho a, ɔma ne ho nsu no gu fam sɛe, na wanwo mma amma ne nua no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios