Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yakobo 3:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na tɛkrɛma nso yɛ ogya. Tɛkrɛma wɔ yɛn akwaa mu a ɛyɛ nea ɛnteɛ. Ɛde nkekae keka nipadua nyinaa, na ɛsɔ nkwa nkyimii a etwa ne ho fi awo mu no, na efi amanehunu kurow no mu na wɔasɔ ano.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na tɛkyerɛma nso yɛ ogya. Tɛkyerɛma yɛ wiase bi wɔ yɛn akwaa mu a ɛyɛ deɛ ɛntene. Ɛde nkekaeɛ keka nipadua nyinaa, na ɛsɔ nkwa nkyimiiɛ a ɛtwa ne ho firi awoɔ mu no, na ɛfiri amanehunu kuro no mu na wɔasɔ ano.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Tɛkrɛma nso yɛ ogya, onipa akwaa mu nnebɔne wiase. Ɛsɛe nipadua no nyinaa; ɛsɔ onipa abrabɔ nyinaa so gya na nʼankasa nso ɔsɛe sɔ ne so gya.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na tɛkyerɛma nso yɛ ogya. Tɛkyerɛma yɛ wiase bi wɔ yɛn akwaa mu a ɛyɛ deɛ ɛntene. Ɛde nkekaeɛ keka nipadua nyinaa, na ɛsɔ nkwa nkyimiiɛ a ɛtwa ne ho firi awoɔ mu no, na ɛfiri amanehunu kuro no mu na wɔasɔ ano.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Tɛkrɛma te sɛ ogya. Ɛwɔ tumi bɔne bi wɔ onipa akwaa mu. Ɛsɛe onipadua no nyinaa; ɛsɔ onipa abrabɔ nyinaa so ogya ma ɛdɛre framfram.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na tɛkrɛma nso yɛ ogya. Tɛkrɛma wɔ yɛn akwaa mu a ɛyɛ nea ɛnteɛ. Ɛde nkekae keka nipadua nyinaa, na ɛsɔ nkwa nkyimii a etwa ne ho fi awo mu no, na efi amanehunu kurow no mu na wɔasɔ ano.

Ver Capítulo Copiar




Yakobo 3:6
62 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Absalom ka kyerɛɛ Ahitofel sɛ: Muntu nea yɛnyɛ ho agyina.


Na Israel mmarima no buaa Yuda mmarima no sɛ: Yɛwɔ kyɛfa du ɔhene mu, na Dawid mu nso yɛwɔ sen mo. Na adɛn nti na moammu yɛn? So ɛnyɛ yɛn na yedii kan kae sɛ wɔnkɔfa yɛn hene mmra? Na Yuda mmarima no ano yɛɛ den sen Israel mmarima no.


Na Abigya ne ne man kunkum wɔn okunkɛse, na apirafo a wɔtotɔe Israel mu si nnipa a wɔapaw wɔn ɔpehannum.


Wɔsew wɔn tɛkrɛma ano sɛ awɔ, ahurutoa bɔre wɔ wɔn se ano. Sela


Wɔn na wɔsew wɔn tɛkrɛma ano sɛ afoa, wokuntun ta mu rebɛtow wɔn mmɛmma, ɛne nsɛm fo,


Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere, na asɛnnennen hwanyan abufuw mu.


Obusuyɛfo bɔre bɔne, na n’ano te sɛ ogya a ɛhyehye.


ɔdansekurumfo a ohuw atosɛm, ne nea ɔhyɛ anuanom ntam takrawogyam.


na ahwɛ wo so afi ɔbea sansani ho, afi ɔbea sansani a ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm ho.


Hwɛ, AWURADE din fi akyirikyiri reba, n’abufuw redɛw wɔ owusiw kumɔnn mu, abohuru ayɛ n’anom ma, na ne tɛkrɛma te sɛ ogya a ɛhyew ade.


Hwɛ, mo a mososɔ ogya na mode nnyentia a ɛdɛw mia nyinaa, monantew mo gya no dɛw ne nnyentia a moasosɔ no mu. Eyi na ebefi me nsam ayɛ mo, ɛyaw mu na mobɛdeda.


Na mate nnipa pii nsekudi, ehu wɔ afa nyinaa, wose: Monkɔka, na yɛbɛkɔ akɔka atia no. Me nnamfo pa a me ne wɔn nni asɛm mpo hwehwɛ me asehwe na wɔka sɛ: Ebia ɔbɛma wɔagyigye no, na yɛatumi no, na yɛatɔ yɛn were no so.


Ɛno nti, sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, meretu wo mafi asase ani: Afe yi na wubewu, efisɛ woaka atuatew ahyɛ AWURADE.


Na Israelni bea no ba no kaa din no ho abususɛm, na ɔdomee. Na wɔde no brɛɛ Mose; nso ne na din de Selomit, Dibri ba a ofi Dan abusuakuw mu;


na wohyiahyiaa ɔman no kɔɔ wɔn anyame afɔreduan ho; na ɔman no dii na wɔsɔree wɔn anyame no;


Hwɛ, wɔn na wɔfaa Bileam asɛm so maa Israelfo wae fii AWURADE ho, Peor asɛm no mu, na ɛmaa ɔhaw baa AWURADE asafo mu no.


Na Farisifo no tee no, wɔkae sɛ: Ahonhommɔne panyin Beelsebul nko ara so na onipa yi nam tu ahonhommɔne.


Na me de, mise mo sɛ obiara a ne bo fuw ne nua no bedi atemmu mu fɔ; na obiara a obese ne nua sɛ: Raka. Onipa hunu no bedi fɔ mpanyimfo atitiriw no asɛnnii. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea, no bedi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom.


Biribiara nni onipa ho a ɛkɔ no mu a ebetumi agu ne ho fi.


Na ɔteɛɛm sɛ: Agya Abraham, hu me mmɔbɔ, na soma Lasaro na ɔmfa ne nsatea ano nkɔbɔ nsu mu, na ɔmfa mmedwudwo me tɛkrɛma; na merehu amane ogyaframa yi mu.


Nso mo ankasa mu nnipa bɛsɔre a wɔbɛka nkontomposɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.


Na Petro kae sɛ: Anania, adɛn nti na Satan ahyɛ wo koma ma sɛ bedi atoro kyerɛ Honhom Kronkron, na woayi asase no ti ade bi asie?


Na wɔde adansekurumfo begyinaa hɔ a wose: Onipa yi nnyae abususɛm a ɔka tia kronkronbea hɔ ne mmara no ka.


Sɛ wo nuammarima, wo na ba anaa wo babarima anaa wo babea anaa wo yere a ɔda wo kokom anaa w’adamfo a ɔte sɛ w’ankasa wo kra redaadaa wo kokoam sɛ: Ma yɛnkɔ nkɔsom anyame foforo a wo ne w’agyanom nnim wɔn,


a ɛsɛ sɛ wotua wɔn ano; wɔn na aniwu mfaso nti wɔkyerɛkyerɛ nea ɛnsɛ, de dan afi mu butuw.


Ɛnyɛ wɔn ara na wɔka din pa a wɔde frɛ mo no ho nsɛmmɔne?


Na ntɔteboa ne ntakraboa ne mmoa a wɔwea ne mmoa a ɛwɔ po mu su nyinaa, nnipa de wɔn su dwudwo wɔn, na wɔadwudwo wɔn.


Munhu eyi kan sɛ, nna a ebedi akyiri no mu, fɛwdifo a wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi de fɛwdi bɛba


Eyi nti, sɛ meba a, mɛkae ne nnwuma a ɔyɛ no, sɛ ɔkeka yɛn ho nsɛmmɔne, na eyi mpo annɔɔ no so, na n’ankasa nnye anuanom no ntom, na osiw wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa no kwan, na otu wɔn fi asafo no mu.


Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.


Na nsɛnkyerɛnne a wɔde maa no sɛ ɔnyɛ aboa no anim no nti, ɔdaadaa wɔn a wɔtete asase so no ka kyerɛ asase sotefo no sɛ wɔnyɛ ohoni mma aboa a nkrante apira no na ɔte ase bio no.


na ɔkanea hann renhyerɛn wo mu bio, na wɔrente ayeforokunu ne ayeforo nne wo mu bio, efisɛ w’aguadifo yɛɛ asase so nnipa akɛse, na wɔde w’aduto adaadaa amanaman nyinaa.


Na wɔkyeree aboa no ne diyifo atorofo no nso a ɔyɛɛ n’anim nsɛnkyerɛnne de daadaa wɔn a wogyee aboa no agyirae ne wɔn a wɔkotow ne honi no kaa ne ho. Wɔtow wɔn baanu yi animono guu ogya tare a sufre dɛw mu no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios