Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yakobo 3:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Saa ara na tɛkrɛma nso yɛ ɔhonam akwaa mu ketewa, nanso ɛhoahoa ne ho ade kɛse ho. Ogya ketewa nso, monhwɛ kwae kɛse a ebetumi ahyew!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Saa ara na tɛkyerɛma nso yɛ ɔhonam akwaa mu ade ketewa, nanso ɔhoahoa ne ho ade kɛseɛ ho. Ogya ketewa nso, monhwɛ kwaeɛ kɛseɛ a ɛbɛtumi asɔ!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Saa ara na tɛkrɛma te; sua a esua nyinaa akyi no, etumi hoahoa ne ho. Hwɛ sɛnea ogya ketewaa bi si tumi hyew kwae kɛse.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Saa ara na tɛkyerɛma nso yɛ ɔhonam akwaa mu ade ketewa, nanso ɔhoahoa ne ho ade kɛseɛ ho. Ogya ketewa nso, monhwɛ kwaeɛ kɛseɛ a ɛbɛtumi asɔ!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Saa ara na tɛkrɛma teɛ: ne ketewa yi nyinaa akyi, ɛtumi hoahoa nneɛma akɛseɛ. Hwɛ sɛdeɛ ogya ketewaa bi tumi hye kwaeɛ kɛseɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Saa ara na tɛkrɛma nso yɛ ɔhonam akwaa mu ketewa, nanso ɛhoahoa ne ho ade kɛse ho. Ogya ketewa nso, monhwɛ kwae kɛse a ebetumi ahyew!

Ver Capítulo Copiar




Yakobo 3:5
25 Referencias Cruzadas  

Owu ne nkwa wɔ tɛkrɛma nsam, na nea ɔdɔ no no bedi n’aba.


Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe, na onyansafo tɛkrɛma sa yare.


Anyansafo tɛkrɛma ma nimdeɛ yɛ dɛ, na nkwasea ano woro agyimisɛm.


Wɔapirim wɔn koma, wonni mmɔborohunu biara, wɔde wɔn ano ka ahantan kasa.


Eyinom yɛ anwiinwiifo, nnebɔneyɛfo a, wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi, na wɔn ano ka ahupoosɛm, na mfaso nti wɔdɛfɛdɛfɛ nnipa.


Na wɔkae sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara remfi ɔsɔfo nsa, na afotu rempa onyansafo anom, na asɛm remmɔ odiyifo. Mommra mma yɛmfa tɛkrɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara.


Na ɔbɔnefo hoahoa ne ho ade a ne kra kɔn dɔ ho, na omimfo ka abususɛm yi AWURADE ahii.


Onipa ba, ka kyerɛ ɔheneba a ɔwɔ Tiro no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ wo koma ma ne ho so, na wuse: Meyɛ onyame, anyamegua so na mete, ɛpo mfinimfini, nanso woyɛ onipa na wonyɛ onyame, na woyɛ wo koma sɛ onyame koma nti,


Na wɔkeka ahupoosɛm a hwee nni mu, nam honam akɔnnɔ mu de ahohwisɛm daadaa wɔn a woguan fii wɔn a wɔbɔ nnaadaa mu bra no mu nkyɛe.


na ɔhene no kae sɛ: So, ɛnyɛ Babel kɛse a makyekye mayɛ ahenni gyinabea, me tumi denyɛ so, na ama m’anuonyam agye din no ni anaa?


Wɔn na wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Fi yɛn so! Na dɛn nso na Otumfo bɛyɛ wɔn?


Ɔtamfo no kae sɛ: Metiw, mɛto wɔn, mɛkyɛ asade no mu, wɔbɛmee me kra. Mɛtwe me nkrante, me nsa bɛsɛe wɔn.


Afei de, sɛ moasiesie mo ho sɛ bere a mobɛte abɛn, odurugya, ɔsanku, sambuka sanku, bɛnta sanku, bɔtɔwa ne asanku ahorow nyinaa nnyigyei no, mobɛhwe ase asɔre ohoni a mayɛ no a, eye. Na sɛ moansɔre no a, dɔn no ara mu wɔde mo begu ogya a ɛrefram fononoo no mu, na onyame bɛn na obeyi mo afi me nsam?


kasa na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne wo anya, Misraim hene Farao, asuboa kɛse a ɔda n’asubɔnten mu a ɔka sɛ: M’asubɔnten wɔ me, me ara na meyɛ mefae.


Na Farao se: Hena ne AWURADE a metie ne nne na mama Israel akɔ? Minnim AWURADE no, na Israel nso, meremma wɔnkɔ.


Mekae sɛ: Mɛhwɛ m’akwan yiye, na mamfa me tɛkrɛma manyɛ bɔne. Mede nnareka meso m’ano, sɛ ɔbɔnefo wɔ m’anim yi.


Nnyina sa a, ogya dum, na sɛ huhuhuhu nni hɔ a, ntɔkwaw to twa.


Hwɛ, ɛhyɛn nso a ɛsosoe sɛɛ, na mframa a emu yɛ den pia no, wɔde kudɔɔ ketewaa na ɛdannan no kɔ baabiara a hyɛn kwankyerɛfo no pɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios