Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yakobo 2:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Enti sɛ muwie mmara a edi hene, sɛnea kyerɛw no ka sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho no a, moyɛ no yiye.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Enti sɛ mohyɛ adehyeɛ mmara no ma, sɛdeɛ atwerɛ no ka sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho, no a, moyɛ no yie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Eye sɛ mudi yɛn Awurade mmara a ɛka se, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Enti sɛ mohyɛ adehyeɛ mmara no ma, sɛdeɛ atwerɛ no ka sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho, no a, moyɛ no yie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛyɛ sɛ modi yɛn Awurade mmara a ɛka sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Enti sɛ muwie mmara a edi hene, sɛnea kyerɛw no ka sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho no a, moyɛ no yiye.

Ver Capítulo Copiar




Yakobo 2:8
23 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid sɛ: Sɛ ɛwɔ wo koma mu sɛ anka wubesi dan ama me din yi, woayɛ yiye sɛ ɛwɔ wo koma mu.


Ɛnna wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Nea yɛreyɛ yi nye, ɛnnɛ da yi yɛ asɛmpa da, na yɛn de, yɛayɛ komm; na sɛ yɛtwɛn kosi adekyee a, asotwe bi bɛto yɛn; enti momma yɛnkɔ ahemfi nkɔka!


Nni were na nnya wo nkurɔfo mma ho menasepɔw, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho: Mene AWURADE.


Ɔhɔho a wabɛtena mo mu nyɛ mo sɛ mo kuromani bi, na dɔ no sɛ wo ho, efisɛ moyɛɛ Misraim asase so ahɔho: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: So eye sɛ wo bo afuw yi?


Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yona sɛ: So eye sɛ wo bo fuw adedenkuruma no ho yi? Na Yona buae sɛ: Yiw eye sɛ me bo fuw de kɔ owu mu.


Na nea ɛto so abien te sɛ ɛno: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!


Ne wura no see no sɛ: Mo, akoa pa ne nokwafo, woadi kakraa yi ho nokware, mede wo besi ade pii so; kɔ wo wura anigye mu!


Ne wura no see no sɛ: Mo, akoa pa ne nokwafo, woadi kakraa yi ho nokware, mede wo besi nneɛma pii so; kɔ wo wura anigye mu!


Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara; na eyi ne mmara ne adiyifo no.


Ɔdɔ nyɛ ɔyɔnko bɔne, enti ɔdɔ ne mmara so di.


Na mmara no nyinaa wie pɛ asɛm biako mu, ɛne sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!


Monsoa mo ho mo ho nnosoa abia na saa na mode bɛhyɛ Kristo mmara no ma.


Nanso moyɛɛ no yiye sɛ moboaa me m’ahohia no mu.


Na onuadɔ ho de, enhia mo sɛ wɔkyerɛw brɛ mo, efisɛ mo ankasa na Onyankopɔn akyerɛkyerɛ mo sɛ monnodɔ mo ho;


Na nea ɔkotow hwɛɛ adehyedi mmara a ɛyɛ pɛ no mu, na ɔtenaa mu, na ɔnyɛ otiefo werɛfirifo, na mmom ɔyɛ adwuma no yɛfo no, onii no na wobehyira no n’adeyɛ no mu.


Monka sa na monyɛ sa, sɛ wɔn a wɔnam adehyedi mmara no so rebebu wɔn atɛn.


Wugye di sɛ Onyankopɔn yɛ biako; woyɛ no yiye; ahonhommɔne nso gye di, na wɔn ho popo.


Anuanom, munnnidi mo ho nseku! Nea odi onua ho nseku na obu ne nua atɛn no, odi mmara ho nseku na obu mmara atɛn. Na sɛ wubu mmara atɛn a, na wonyɛ mmara no yɛfo, na mmom woyɛ ne temmufo.


Na mo de, moyɛ abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara de, sɛ monka nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no ayeyi nkyerɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios