Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yakobo 2:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na mo de, moabu ohiani no animtiaa. So ɛnyɛ adefo no na wɔhyɛ mo so, na wɔn ara twe mo kɔ asɛnnii?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na mo deɛ, moabu ohiani no animtia. Ɛnyɛ adefoɔ no na wɔhyɛ mo soɔ, na wɔn ara twe mo kɔ asɛnniiɛ anaa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Nanso moammu ahiafo! Ɛhefo na wodi mo nya twe mo kɔ atemmufo anim? Adefo!

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na mo deɛ, moabu ohiani no animtia. Ɛnyɛ adefoɔ no na wɔhyɛ mo soɔ, na wɔn ara twe mo kɔ asɛnniiɛ anaa?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Nanso, moammu ahiafoɔ! Ɛhefoɔ na wɔdi mo nya twe mo kɔ atemmufoɔ anim? Adefoɔ!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na mo de, moabu ohiani no animtiaa. So ɛnyɛ adefo no na wɔhyɛ mo so, na wɔn ara twe mo kɔ asɛnnii?

Ver Capítulo Copiar




Yakobo 2:6
38 Referencias Cruzadas  

Nea oyi ohiani ahii bɔ ne yɛfo ahohora, nea n’ani gye amane ho no, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.


Na munni afi a mudidi na monom wɔ mu anaa? Anaasɛ mubu Nyankopɔn asafo no animtiaa, na mogu wɔn a wonni bi no anim ase? Minse mo dɛn? Minyi mo ayɛ anaa? Eyi ho de, minyi mo ayɛ.


Nea ɔhyɛ ɔbrɛfo so no bɔ ne yɛfo ahohora, na nea ohu ohiani mmɔbɔ no hyɛ no anuonyam.


Mobɛhwete ahiafo atirimpɔw mu ara de, nanso AWURADE ne wɔn guankɔbea.


Hwɛ, adwumayɛfo a wotutuu mo mfuw mu nnuan no akatua a mode nsisi de siei no teɛm, na wɔn a wɔatwitwa mo mfuw mu ade no nteɛm adu asafo Awurade no asom.


na mohwɛ nea ɔhyɛ atade fɛfɛ no, na moka se: Wo de, tena nea eye ha! Na moka kyerɛ ohiani no se: Wo de, gyina noho anaasɛ tena me nan ase agua ho ha a,


Na wɔanhu wɔn no, wɔtwee Yasɔn ne anuanom no bi kɔmaa kurow no mu mpanyimfo, na wɔteɛteɛm sɛ: Eyinom a wɔadan wiase ani no aba ha nso!


Na Yudafo no hwanyan mmea nyamesurofo a wɔwɔ din ne kurow no mu atitiriw, na wɔmaa ɔtaa baa Paulo ne Barnaba so, na wɔpam wɔn fii wɔn asase so.


Na Saulo de, ɔhaw asafo no hyɛnhyɛn afi mu kɔtwee mmarima ne mmea ma wɔde wɔn koguu afiase.


na monnhyɛ okunafo ne ayisaa, ɔhɔho ne ɔmanehunufo so, na obiara nnnwen ne nua ho bɔne ne komam.


Enti sɛ mutiatia ɔbrɛfo so na mugye ne hɔ awi pae nti, mode abo a wɔatwa atoto aban, nanso morentena mu, moatɛw bobe nturo a ɛyɛ fɛ, nanso morennom mu nsa.


Sɛ wuhu sɛ wɔhyɛ ɔbrɛfo so, na atemmu ne trenee anidan wɔ asase bi so a, mma wo ho nnnwiriw wo saa asɛm no ho, na nea ɔso no, nea ɔso sen no hwɛ no, na nea ɔso koraa no wɔ wɔn so.


Nea ɔhyɛ ɔbrɛfo so de dɔre n’ade, anaa ɔde ma ɔdefo no, ohia na ebehia no.


Mmɔborohunufo so hyɛ ne ahiafo apinisi nti mɛsɔre afei, sɛ AWURADE se ni, megye nea ogu ahome repɛ nkwagye no nkwa.


Woahu, efisɛ wo na wohwɛ ɔhaw ne awerɛhow, sɛ wode besie wo nsam. Wo nsa na ɔbrɛfo de ne ho hyɛ, ayisaa boafo ne wo ara.


Moabu nea ɔteɛ no fɔ akum no; onsiw mo kwan.


Na Galio di Akaia amrado no, Yudafo no de anokoro sɔre hyɛɛ Paulo, na wɔde no kɔɔ asɛnni agua anim


Wode mpɛmɛ hwirew n’akofo tirim, wotu sɛ ahum ba sɛ wɔrebɛbɔ me apete, wɔn anigye ne sɛ wɔbɛmene ɔbrɛfo ahintawee mu.


Muntie asɛm yi, Basan anantwibere a mowɔ Samaria bepɔw so, mo a mumia abrɛfo na mohyɛ ahiafo so, na moka kyerɛ mo wuranom sɛ: Fa bra na yɛnnom no.


Wobuu no animtiaa, na nnipa paa no, ɔyɛ onipa a ohuu ayayade na onim yare, sɛ obi a nnipa yi wɔn ani hintaw no, wobuu no animtiaa na yɛammu no hwee.


Ɔkotow, 'ɔdɛɛdɛɛ, na awiɛmfo akɔka ne nsa.


Ɔtetew nkuraa hintabea, odi nea ɔnyɛɛ hwee no awu kokoam, n'ani sa awiɛmfo.


Ɔbɔnefo ahantan nti, ɛmma mmɔboroni ho hyehye no, wɔde wɔn tirimpɔw a wɔabɔ no nkyere wɔn.


Efisɛ wapɛtɛw abrɛfo agyaw wɔn, na wafa ofi a ɛnyɛ ɔno na ɔkyekyee.


Yesu buae sɛ: Me de, minni honhommɔne; na midi m’Agya no ni, na mo de, mobɔ me ahohora.


Kyɛwpa na ohiani de kasa, na ɔdefo bua asɛnnennen.


Ɔdefo di ahiafo so, na ɔdefɛmfo yɛ nea ɔde fɛm akoa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios