Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yakobo 2:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Me nuanom adɔfo, muntie! So Onyankopɔn mpaw wiase ahiafo sɛ wɔnyɛ gyidi mu ahonyafo ne ahenni a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no difo?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Me nuanom adɔfo, montie! Onyankopɔn nyii wiase ahiafoɔ sɛ wɔnyɛ gyidie mu ahonyafoɔ ne ahennie a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no adedifoɔ anaa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Me nuanom adɔfo, muntie! Onyankopɔn yii wiase yi mu ahiafo sɛ wɔnyɛ adefo wɔ gyidi mu na wɔanya ahenni a ɔhyɛɛ wɔn a wɔdɔ no no ho bɔ no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Me nuanom adɔfo, montie! Onyankopɔn nyii wiase ahiafoɔ sɛ wɔnyɛ gyidie mu ahonyafoɔ ne ahennie a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no adedifoɔ anaa?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Me nuanom adɔfoɔ, montie! Onyankopɔn yii ewiase yi mu ahiafoɔ sɛ wɔnyɛ adefoɔ wɔ gyidie mu na wɔanya ahennie a ɔhyɛɛ wɔn a wɔdɔ no no ho bɔ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Me nuanom adɔfo, muntie! So Onyankopɔn mpaw wiase ahiafo sɛ wɔnyɛ gyidi mu ahonyafo ne ahenni a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no difo?

Ver Capítulo Copiar




Yakobo 2:5
54 Referencias Cruzadas  

Na Mikaia kae sɛ: Sɛ wosan ba dwoodwoo a, ɛnne ɛnyɛ AWURADE na ɔnam me so kasae. Na ose: Mo aman nyinaa, muntie!


Enti mo a mowɔ ti, muntie me, ɛmpare Onyankopɔn sɛ obedi asɛmmɔne, na Otumfo bedi amumɔyɛsɛm,


Nea ɔnhwɛ atitiriw anim, na ommu ɔdehye nsen mmɔboroni; efisɛ ne nsa ano adwuma ne wɔn nyinaa.


sɛ ɛnsakra sɛ dɔte nsɔano ase, na ɛnyɛ sɛ atade a wɔahyɛ no aduru,


na meyɛ mpem a wɔdɔ me na wodi me mmara nsɛm so adɔe.


Obi yɛ ne ho defo, nso na onni hwee, obi nso yɛ ne ho hiani, nso na ɔwɔ ade pii.


Na afei, me mma, muntie me, na monyɛ aso mma m’anom nsɛm.


Na afei, mma, muntie me, na nhyira ne wɔn a wodi m’akwan so.


Na asɛm bɛn na wɔde bebua ɔman no abɔfo? Sɛ AWURADE de Sion atim, na ne man mu amanehunufo te mu dwoodwoo.


na wɔn a wodwo benya AWURADE mu anigye foforo, na nnipa mu ahiafo ho asɛpɛw wɔn Israel kronkronni no mu;


Na mɛma amanehunufo ne ahiafo aka wo mu, na wɔde wɔn ho ato Awurade din no so.


Na wotuei da no ara, na kuw no mu nguan a wɔyɛ mmɔbɔ a wɔhwɛɛ me no hui sɛ Awurade asɛm ne no.


Na meyɛn okum nguankuw no, nguan a wɔyɛ mmɔbɔ no wɔ mu saa ara; na mefaa mpoma abien, mefrɛɛ biako sɛ: Adom, na mefrɛɛ biako sɛ: Nkyekyebom; na meyɛn nguankuw no.


Anifuraefo hu ade, na mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, na asotifo te asɛm, awufo nyan, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafo.


Ɛno na ɔhene bese wɔn a wɔwɔ ne nifa no sɛ: Mo a m’agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase mfiase no nni!


Nhyira ne honhom mu ahiafo, na wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.


Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuw no nyinaa baa ne nkyɛn see wɔn sɛ: Mo nyinaa muntie, na monte ase!


Saa ara na nea ɔhyehyɛ ademude ma ne ho na ɔnyɛ ɔdefo Onyankopɔn fam no te.


Kuw ketewa, munnsuro! Efisɛ ɛyɛ mo Agya no fɛ sɛ ɔde ahenni no bɛma mo.


Na ɛbae sɛ ohiani no wui, na abɔfo bɛsoaa no kɔɔ Abraham kokom. Na ɔdefo no nso wui, na wosiee no.


Na Abraham se: Ɔba, kae sɛ wote ase no, wunyaa ahotɔ na Lasaro de, ohuu amane; na afei ne werɛ akyekye, na wo nso, worehu amane.


Na me nso sɛnea m’agya ayi ahenni ama me no, saa ara na meyi mama mo,


Na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ n’asuafo no kae sɛ: Nhyira ne mo ahiafo, na Onyankopɔn ahenni yɛ mo dea.


Mpanyimfo anaa Farisifo no mu bi agye no adi anaa?


Anuanom ne agyanom, monyɛ aso! Anuonyam Nyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ yɛn agya Abraham bere a ɔwɔ Mesopotamia ansa na ɔrebɛtena Haran,


Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifo nso, Onyankopɔn adedifo ne Kristo yɔnko adedifo, nanso gye sɛ yɛne no hu amane ansa na wɔahyɛ yɛn ne no anuonyam bi.


na mmom, sɛnea wɔakyerɛw sɛ nea aniwa nhui, na aso ntee, na ɛmaa onipa koma mu da ne nea Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no.


Yiw, mo nti na ne nyinaa yɛ, na adom a adɔɔso no afa nnipa pii so ama aseda aboro so ama Onyankopɔn anuonyam.


sɛ awerɛhowfo, nanso wɔn ani gye daa; sɛ ahiafo, nanso wɔma nnipa pii nya wɔn ho; sɛ wɔn a wonni hwee, nanso wɔwɔ nneɛma nyinaa.


Na munim yɛn Awurade Yesu Kristo adom no, sɛ ɔyɛ ɔdefo de, nanso, mo nti ɔbɛyɛɛ ohiani, sɛ monam ne hia no so abɛyɛ adefo.


na moate ase, na moahu ne frɛ anidaso no ne n’apɛgyade anuonyam ahonya wɔ ahotefo no mu.


Me a mene ahotefo nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufo,


sɛ monnantew sɛnea ɛsɛ Onyankopɔn a wafrɛ mo akɔ n’ahenni ne n’anuonyam mu no.


Ɛno na ɛyɛ Onyankopɔn atɛntrenee agyirae, sɛ wobebu mo sɛ Onyankopɔn ahenni a muhu ho amane no fata mo.


sɛ wɔnyɛ yiye, nnya wɔn ho nnwuma pa fam; sɛ wɔnkyɛ ade fɛw so na wɔn nsam ngow,


Na Awurade beyi me afi bɔne nyinaa mu na wagye me akɔ ne soro ahenni no mu; ɔno na anuonyam wɔ no mmeresanten nnasanten. Amen.


Nea aka a ɛda me hɔ ne trenee abotiri a Awurade, ɔtemmufo trenee no, de bɛma me ɛda no, na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyi no nyinaa nso bi.


Obuu Kristo ahohora sɛ ahonya kɛse sen Misraim ahonyade, efisɛ ɔhwɛɛ akatua no.


Nhyira ne onipa a ɔtɔ ne bo ase sɔhwɛ mu. Na sɛ onya yɛ emu tɔtorɔtɔɔ a, obenya nkwa abotiri a Awurade de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no.


Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo.


Me nuanom adɔfo, munim eyi. Ma nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na wɔnyɛ nyaa mfa abufuw;


Na ma onua a wabrɛ ase nhoahoa ne ho, ne so a wɔrema no mu,


ɛne apɛgyade a ɛmporɔw, na ɛho nni dɛm, na ɛmpo mu a wɔde asie ɔsoro ama mo


Na saa na wɔbɛma mo kwan aboro so akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo daa ahenni no mu.


Minim w’ahohia ne wo hia no, nanso woyɛ ɔdefo, ne wɔn a wose wɔyɛ Yudafo, na wɔnyɛ, na mmom wɔyɛ Satan hyiadan no abususɛm.


Nea odi nkunim no benya eyinom adi, na mɛyɛ ne Onyankopɔn, na ɔno nso ayɛ me ɔba.


Mitu wo fo sɛ, tɔ me nkyɛn sika a wɔbere ho ogya mu, na woanya ade, ne atade fitaa na woahyɛ, na w’adagyaw ahohora anna adi, ne aniduru a wode bɛsra w’aniwa, na woahu ade.


Na wɔkɔka kyerɛɛ Yotam no, osiim kogyinaa Gerisim bepɔw atifi, na ɔmaa ne nne so teɛɛm ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sekemfo, muntie me, na Onyankopɔn nso ntie mo.


Enti AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔka ni: Mekae ampa sɛ: Wo fi ne w’agya ofi nnantew m’anim daa; nanso afei nea AWURADE ka ni: Ɛmpare me koraa! Na wɔn a wodi me ni no, medi wɔn ni, na wɔn a wobu me animtiaa no bɛbɔ ahohora.


Ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu, na ɔma ohiani so fi sumina so, sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu, na wama wanya anuonyam agua so atena. Na asase nnyinaso yɛ AWURADE dea, na ɔde wiase asi so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios