Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yakobo 2:16 - KYERƐW KRONKRON

16 na mo mu bi ka kyerɛ no se: Momfa asomdwoe nkɔ, mo ho nyɛ mo hyew na mommee, nanso moamma wɔn nea ehia ɔhonam a, mfaso bɛn na ɛwɔ mu?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 na mo mu bi ka kyerɛ wɔn sɛ: Momfa asomdwoeɛ nkɔ, mo ho nyɛ mo hye na mommee, nanso moamma wɔn deɛ ɛhia honam a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ mu?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 na sɛ wokɔka kyerɛ wɔn se, “Onyame nhyira mo! Mo ho nyɛ mo hyew na munnidi yiye” na sɛ woamma wɔn asetena yi mu nea ehia wɔn a, papa bɛn na woayɛ wɔn?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 na mo mu bi ka kyerɛ wɔn sɛ: Momfa asomdwoeɛ nkɔ, mo ho nyɛ mo hye na mommee, nanso moamma wɔn deɛ ɛhia honam a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ mu?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 sɛ wokɔka kyerɛ wɔn sɛ, “Onyame nhyira mo! Mo ho nyɛ mo hye na monnidi yie” na sɛ woamma wɔn asetena yi mu deɛ ɛhia wɔn a, papa bɛn na woayɛ wɔn?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 na mo mu bi ka kyerɛ no se: Momfa asomdwoe nkɔ, mo ho nyɛ mo hyew na mommee, nanso moamma wɔn nea ehia ɔhonam a, mfaso bɛn na ɛwɔ mu?

Ver Capítulo Copiar




Yakobo 2:16
11 Referencias Cruzadas  

Mommma nyaatwom mmfra ɔdɔ mu! Munkyi bɔne, mommata papa ho!


Menka no ɔhyɛ so, na mmom menam ebinom mmɔdemmɔ so meresɔ mo dɔ mapa ahwɛ.


Na Yesu frɛɛ n’asuafo no see wɔn sɛ: Nkurɔfokuw yi yɛ me mmɔbɔ sɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa ni, na wonni biribi a wodi; nanso mempɛ sɛ migya wɔn kwan ma wɔde yafumpan kɔ, na wɔankɔtoto baha wɔ ɔkwan mu.


Na ɔkɔm dee me, na momaa me biribi midii, osukɔm dee me, na momaa me nsu nomee, meyɛɛ ɔhɔho, na mofaa me kɔɔ mo fi;


medaa adagyaw, na mufuraa me ntama, meyaree, na mobɛhwɛɛ me, medaa afiase, na mobaa me nkyɛn.


Na osee no sɛ: Ɔbabea, wo gyidi agye wo; kɔ asomdwoe mu, wo yare no nnyae, na wo ho nyɛ wo den!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios