Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yakobo 2:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Monka sa na monyɛ sa, sɛ wɔn a wɔnam adehyedi mmara no so rebebu wɔn atɛn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Monka saa na monyɛ saa, sɛ wɔn a wɔnam adehyedie mmara no so rebɛbu wɔn atɛn no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Sɛ woyɛ Kristo apɛde o, sɛ woanyɛ nʼapɛde o, wubebu wo ho atɛn. Enti hwɛ asɛm a woka ne nea woyɛ biara yiye.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Monka saa na monyɛ saa, sɛ wɔn a wɔnam adehyedie mmara no so rebɛbu wɔn atɛn no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Sɛ woyɛ Kristo apɛdeɛ o, sɛ woanyɛ nʼapɛdeɛ o, wobɛbu wo ho atɛn. Enti hwɛ asɛm a woka ne deɛ woyɛ biara yie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Monka sa na monyɛ sa, sɛ wɔn a wɔnam adehyedi mmara no so rebebu wɔn atɛn.

Ver Capítulo Copiar




Yakobo 2:12
8 Referencias Cruzadas  

Na nea ɔkotow hwɛɛ adehyedi mmara a ɛyɛ pɛ no mu, na ɔtenaa mu, na ɔnyɛ otiefo werɛfirifo, na mmom ɔyɛ adwuma no yɛfo no, onii no na wobehyira no n’adeyɛ no mu.


Enti sɛ muwie mmara a edi hene, sɛnea kyerɛw no ka sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho no a, moyɛ no yiye.


Na biribiara a moyɛ no asɛm mu anaa adwuma mu, monyɛ ne nyinaa Awurade Yesu din mu mfa no so nna agya Onyankopɔn ase.


Afei nea edi akyiri no, anuanom, nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛyɛ ahomeka, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen;


Awurade honhom wɔ me so, na enti wasra me sɛ memmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafo; wasoma me sɛ memmɛka ogye menkyerɛ nnommum ne adehu menkyerɛ anifuraefo, na memmrɛ wɔn a wɔapɛtɛw wɔn no fawohodi,


na mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye.


Monsoa mo ho mo ho nnosoa abia na saa na mode bɛhyɛ Kristo mmara no ma.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios