Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yakobo 1:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Onipa a n'adwene ntanta no yɛ nta hinhim n’akwan nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Ɛfiri sɛ, onipa a n’adwene yɛ no ntanta no hinhim n’akwan nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 nʼadwene yɛ no ntanta a ontumi nsi biribiara pi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Ɛfiri sɛ, onipa a n’adwene yɛ no ntanta no hinhim n’akwan nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 nʼadwene yɛ no ntanta a ɔntumi nsi biribiara pi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Onipa a n'adwene ntanta no yɛ nta hinhim n’akwan nyinaa mu.

Ver Capítulo Copiar




Yakobo 1:8
13 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Elia twiw baa ɔman no nyinaa nkyɛn bɛkae sɛ: Da bɛn na mubehinhim nsɛm abien ntam akosi? Sɛ AWURADE ne Nyankopɔn a, munni n’akyi: Sɛ Baal nso a, munni n’akyi ɛ! Na ɔman no ammua no asɛm biara.


Wosuroo AWURADE na wɔsonsom wɔn ankasa anyame, sɛ amanaman a wotuu wɔn fii hɔ bae no amanne te.


Sɛɛ na amanaman yi suroo AWURADE, na wɔsonsom wɔn ahoni a wɔasinsen no, wɔn mma ne wɔn mma mma nso, sɛnea wɔn agyanom yɛe no, saa ara na wɔn nso wɔyɛ de besi nnɛ.


Mikyi adwene ntantafo, na medɔ wo mmara.


Na Awurade se: Esiane sɛ ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me na wɔde wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma ne me ntam pan, na osuro a wosuro me no ayɛ nnipa ahyɛde a wɔasua nko nti,


Wɔn koma mu apaepae, afei ɛso bebua wɔn. Ɔno na obedwiriw wɔn afɔremuka agu, na wasɛe wɔn ahoni adum no.


Nipadua kanea ne aniwa. Enti sɛ w’ani ye a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ hann.


Obiara ntumi nsom awuranom baanu. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛtan biako na wadɔ biako, anaasɛ ɔde ne ho bɛbata biako no na wabu biako animtiaa. Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon.


Na mma saa onipa no nnsusuw sɛ obenya Awurade hɔ biribi.


Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfo, na montew mo komam, mo a mo adwene yɛ ntanta!


wɔwɔ aniwa a awaresɛe ahyɛ no mama, a ɛrennwo wɔ bɔne ho da, wɔdaadaa akra a wɔn ase nnya ntimii ɛ, wɔwɔ koma a aben anibere mu, wɔyɛ nnome mma,


sɛnea ɔyɛe ne nhoma nyinaa a ɔka eyinom ho nsɛm wɔ mu no mu nso. Emu na nsɛm a ntease yɛ den, na wɔn a wonsuaa ade na wɔn ase ntimii toto no, sɛnea wɔyɛ kyerɛw nsɛm a aka no nso, ma wɔn ankasa sɛe no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios