Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yakobo 1:3 - KYERƐW KRONKRON

3 na munhu sɛ mo gyidi sɔhwɛ a anya awiei pa yɛ boasetɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 na monhunu sɛ mo gyidie no sɔhwɛ yɛ boasetɔ ho adwuma.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 efisɛ sɛ mo gyidi tumi gyina sɔhwɛ no ano a, ɛno ansa na munya ntoboase.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 na monhunu sɛ mo gyidie no sɔhwɛ yɛ boasetɔ ho adwuma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 ɛfiri sɛ, sɛ mo gyidie tumi gyina sɔhwɛ no ano a, ɛno ansa na monya boasetɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 na munhu sɛ mo gyidi sɔhwɛ a anya awiei pa yɛ boasetɔ.

Ver Capítulo Copiar




Yakobo 1:3
15 Referencias Cruzadas  

Mo boasetɔ mu na mubenya mo kra.


Na biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ, sɛ yɛmfa boasetɔ ne kyerɛw nsɛm no mu awerɛkyekye so nnya anidaso.


Wɔn a wɔde papayɛ mu boasetɔ hwehwɛ anuonyam ne nidi ne ade a ɛmporɔw no, ɔbɛma wɔn daa nkwa;


Na sɛ yɛn ani da nea yenhu so a, yɛde boasetɔ twɛn.


Na yenim sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, ade nyinaa di boa wɔn ma ewie wɔn yiye, wɔn a wɔnam n’atirimbɔ no so afrɛ wɔn no.


Na yɛn mprempren amanehunu a ɛyɛ hare yi nya daa anuonyam a ɛso kokuroo tra so bebree ama yɛn


na ama wɔde tumi nyinaa ahyɛ mo den, sɛnea n’anuonyam tumidi te no, akɔ boasetɔ ne abodwokyɛre nyinaa mu, wɔ anigye mu


Mo boasetɔ ne gyidi a mukura mu, mo taa nyinaa ne amane a mumiaa mo ani hui no mu nti, ɛma yɛn ankasa hoahoa yɛn ho ma mo Onyankopɔn asafo no mu.


Na Awurade mma monhu Onyankopɔn dɔ ne Kristo boasetɔ no mu.


Na boasetɔ hia mo, na, sɛ muwie nea Onyankopɔn pɛ no yɛ a, mo nsa aka bɔhyɛ no.


Ne saa nti yɛn nso, sɛ yɛwɔ adansefo pii a wɔte sɛ mununkum a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛntow adesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho hyia siw yɛn kwan no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu akansi a ɛda yɛn anim no mu mmirika,


na moanyɛ nyaa, na mmom moayɛ wɔn a wɔnam gyidi ne abodwokyɛre so nyaa bɔhyɛ no asuafo.


na wɔahu mo gyidi tɔtorɔtɔɔ sɛ ne bo yɛ den pii sen sika a wɔsɔ hwɛ ogya mu, nanso ɛsɛe ama ayeyi ne nidi ne anuonyam, Yesu Kristo ahoyi mu.


na anidahɔ nka nimdeɛ ho, na boasetɔ nka anidahɔ ho,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios