Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yakobo 1:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Me nuanom adɔfoɔ, mommma wɔnnnaadaa mo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo.

Ver Capítulo Copiar




Yakobo 1:16
22 Referencias Cruzadas  

Na Yesu bua see wɔn sɛ: Mofom, na munnim kyerɛw nsɛm ne Nyankopɔn tumi.


Na Yesu see wɔn sɛ: Ɛnyɛ onim a munnim kyerɛw nsɛm ne Nyankopɔn tumi nti na mofom so yi anaa?


Ampa ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo Nyankopɔn. Na mo de, mofom so pii.


Na nna yi mu Petro sɔre gyinaa anuanom no mfinimfini (na nkurɔfokuw a wɔahyia faako no bɛyɛ nnipa ɔha aduonu) na ɔkae sɛ:


Anaasɛ munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn ahenni no? Mommma wɔnnnaadaa mo: Aguamammɔfo, abosonsomfo, awaresɛefo, mmarima ahohwifo ne mmarima a wɔne wɔn ho da


Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.


Enti, m’adɔfo, sɛnea mutie daa no, ɛnyɛ sɛ bere a mewɔ mo nkyɛn nko mu, na mmom afei a minni mo nkyɛn yi titiriw no, momfa osuro ne ahopopo nyɛ mo ara nkwagye ho adwuma nwie;


Enti, me nuanom a medɔ mo na mefe mo, m’anigye ne m’abotiri, munnyina Awurade mu sa, adɔfo.


Na meka eyi na obi amfa nnaadaasɛm anto mo brada.


Monhwɛ yiye na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm ne wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ so, na ɛnnam Kristo so ammɛfa mo nnommum;


a wɔapae afi nokware no ho ka sɛ owunyan atwam, na wɔdan binom gyidi butuw.


Onuadɔ ntena hɔ daa.


Me nuanom adɔfo, munim eyi. Ma nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na wɔnyɛ nyaa mfa abufuw;


Me nuanom, sɛ mohwe sɔhwɛ ahorow bebree mu a, mummu no anigye koraa,


Me nuanom, mommma nnipa animhwɛ ne yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ anuonyam wura no ho gyidi nnni afra.


Me nuanom, sɛ obi ka se ɔwɔ gyidi, nanso onni nnwuma a, mfaso bɛn na ɛwɔ mu? Gyidi betumi agye no anaa?


Me nuanom adɔfo, muntie! So Onyankopɔn mpaw wiase ahiafo sɛ wɔnyɛ gyidi mu ahonyafo ne ahenni a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no difo?


Me nuanom, monnyɛ akyerɛkyerɛfo bebree, na munim sɛ yebenya afobu kɛse mmom.


Ano koro no ara mu na nhyira ne nnome fi. Me nuanom, ɛnsɛ sɛ eyinom ba saa!


Anuanom, munnnidi mo ho nseku! Nea odi onua ho nseku na obu ne nua atɛn no, odi mmara ho nseku na obu mmara atɛn. Na sɛ wubu mmara atɛn a, na wonyɛ mmara no yɛfo, na mmom woyɛ ne temmufo.


Na me nuanom, nea edi ne nyinaa kan no, monnka ntam! Monnka ɔsoro anaa fam anaa ntam biara. Na momma mo yiw nyɛ yiw, na mo daabi nyɛ daabi, na moanhwe atemmu mu.


Me nuanom, sɛ mo mu bi fom fi nokware no ho na obi dan no a,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios