Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yakobo 1:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na owia de ne hyehye fi na ɛhyew wura no a, na ne nhwiren apo, na n’ahoɔfɛ asɛe; saa ara na ɔdefo nso bekisa n’akwan so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na owia de ne hyehyeɛ firi, na ɛhye wira no a, na ne nhwiren apo, na n’ahoɔfɛ asɛe; saa ara na ɔdefoɔ nso bɛkusa wɔ n’akwan soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Owia pue de ne hyew no hyew afifide no ma nʼahoɔfɛ sɛe. Saa ara na wɔbɛsɛe adefo no wɔ bere a wogu so redi wɔn nnwuma no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na owia de ne hyehyeɛ firi, na ɛhye wira no a, na ne nhwiren apo, na n’ahoɔfɛ asɛe; saa ara na ɔdefoɔ nso bɛkusa wɔ n’akwan soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Owia pue de ne hyeɛ no hye afifideɛ no ma nʼahoɔfɛ no sɛe. Saa ara na wɔbɛsɛe adefoɔ no ɛberɛ a wɔgu so redi wɔn nnwuma no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na owia de ne hyehye fi na ɛhyew wura no a, na ne nhwiren apo, na n’ahoɔfɛ asɛe; saa ara na ɔdefo nso bekisa n’akwan so.

Ver Capítulo Copiar




Yakobo 1:11
27 Referencias Cruzadas  

Ananafo gurowee, na wɔde ahopopo fi wɔn aban mu bae.


Me nna te sɛ sunsuma a ɛretwam, na me de, mikisa sɛ fan.


Me koma abow na akisa sɛ fan, na m’ani apa m’aduan di so.


Ɔdesani de, ne nna te sɛ sare, ɔyɛ frɔmm sɛ wuram nhwiren.


na ɛrenni da bi na wɔatwa wɔn agu sɛ sare, na wɔakisa sɛ wura momono.


Ampa ara, onipa nam sɛ sunsuma kwa. Ampa ara, wɔhaw wɔn ho ohuruhuro ho; wɔhyɛ da so, na wonnim nea ɔbɛboa ano.


anɔpa ɛyɛ frɔmfrɔm na ɛfefɛw, anwummere wotwa, na atwintwam.


Sɛnea ofi ne na yam adagyaw mu bae no, saa ara na ɔbɛsan akɔ, sɛ ɔbae no, na ɔremfa ne brɛ mu hwee a ɔde bekita ne nsam akɔ.


Efraim asabofo ahantan abotiri, ne wɔn ahokyerɛ ahyehyɛde nhwiren a ɛretwam no nnue, kurow a ɛwɔ wɔn a nsa tɔ wɔn ntintan no srade bon atifi no.


na n’ahokyerɛ ahyehyɛde nhwiren a ɛretwam a ɛwɔ srade bon atifi no ayɛ sɛ borɔdɔmakan a tew bere nnya nnui a obiara a ohu no nsa ka ara pɛ na wadi.


ɔkɔm renne wɔn, na osukɔm renne wɔn, na ɔhyew ne owia renka wɔn, na nea ohu wɔn mmɔbɔ no begya wɔn, na wakyerɛ wɔn mmasu so kwan.


na owia fii no, ekisae, na enni ntini nti, ɛhyewee.


sɛ: Akyirikafo yi de, dɔnhwerew biako pɛ na wɔyɛɛ adwuma, na woama wɔne yɛn a yefi anɔpa ayɛ adwuma na owia ahye yɛn no pɛ?


Na sɛ Onyankopɔn fura wuram ahaban a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde gu fononoo mu no ntama saa a, ɔrenyɛ nea ɛkyɛn eyi mma mo, mo a mo gyidi sua?


na owia fii no, ekisae, esiane sɛ enni ntini nti, ewui.


na wɔn a wɔredi dwuma wiase ayɛ sɛnea wonni; efisɛ wiase su retwam.


ɛne apɛgyade a ɛmporɔw, na ɛho nni dɛm, na ɛmpo mu a wɔde asie ɔsoro ama mo


Na oguanhwɛfo panyin no yi ne ho adi a, moanya anuonyam abotiri a ɛrensɛe da no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios