Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Yakobo 1:10 - KYERƐW KRONKRON

10 na ɔdefo nso, n’ase a wɔrebrɛ no mu, efisɛ ɔbɛsen akɔ sɛ wuram nhwiren.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 na ɔdefoɔ nso deɛ, sɛ wɔrebrɛ no aseɛ no mu, ɛfiri sɛ ɔbɛsene akɔ sɛ wiram nhwiren.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 na adefo a wabrɛ wɔn ase no nso saa ara. Efisɛ, adefo no twam kɔ sɛ wuram afifide bi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 na ɔdefoɔ nso deɛ, sɛ wɔrebrɛ no aseɛ no mu, ɛfiri sɛ ɔbɛsene akɔ sɛ wiram nhwiren.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 na adefoɔ a wabrɛ wɔn ase no nso saa ara. Ɛfiri sɛ, adefoɔ no twam kɔ sɛ wiram afifideɛ bi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 na ɔdefo nso, n’ase a wɔrebrɛ no mu, efisɛ ɔbɛsen akɔ sɛ wuram nhwiren.

Ver Capítulo Copiar




Yakobo 1:10
19 Referencias Cruzadas  

opue sɛ nhwiren, na wotwa; oguan sɛ sunsuma, na onnyina.


Me nna te sɛ sunsuma a ɛretwam, na me de, mikisa sɛ fan.


Ɔdesani de, ne nna te sɛ sare, ɔyɛ frɔmm sɛ wuram nhwiren.


na ɛrenni da bi na wɔatwa wɔn agu sɛ sare, na wɔakisa sɛ wura momono.


Ampa ara, onipa nam sɛ sunsuma kwa. Ampa ara, wɔhaw wɔn ho ohuruhuro ho; wɔhyɛ da so, na wonnim nea ɔbɛboa ano.


Ɛnne bi se: Teɛm! Na mise: Menteɛm dɛn? Ɔhonam nyinaa yɛ wura, na ne papa nyinaa te sɛ wuram nhwiren.


Wura guan, nhwiren twam, na AWURADE ahome huw fa so. Ampa, ɔman no yɛ wura.


Na sɛ nea ɔkorɔn na wɔama no so, nea ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no se ni: Mete soro ne nea ɛhɔ yɛ kronkron, ne nea wabubu na ne honhom brɛ ase no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefo honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya nkwa.


Na eyinom nyinaa, me nsa na ɛyɛe maa eyinom nyinaa bae, AWURADE asɛm ni. Na nea mɛhwɛ no ni: Nea ɔyɛ mmɔbɔ na ne honhom abubu, na ne ho popo m’asɛm ano.


Nhyira ne honhom mu ahiafo, na wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.


Na sɛ Onyankopɔn fura wuram ahaban a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde gu fononoo mu no ntama saa a, ɔrenyɛ nea ɛkyɛn eyi mma mo, mo a mo gyidi sua?


na wɔn a wɔredi dwuma wiase ayɛ sɛnea wonni; efisɛ wiase su retwam.


Nanso ampa ara meda so mibu nneɛma nyinaa adehwere, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛboro so no nti. Ne nti na mebuu nneɛma nyinaa adehwerede, na mibu no sɛ sumina so ade, na Kristo ayɛ me mfaso,


Kasa kyerɛ adefo a wɔwɔ wiase sɛ wonnnwen akokurokosɛm, nso wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn a ɔma yɛn nneɛma nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so,


Nanso munnim nea ɛbɛba ɔkyena. Na mo nkwa ne dɛn? Efisɛ moyɛ huruhurow a eyi ne ho kakra, na afei ɛyera.


Efisɛ ɔhonam nyinaa te sɛ wura, na onipa anuonyam nyinaa te sɛ wura mu nhwiren. Wura hyew, na ne nhwiren po;


Na wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ Onyankopɔn apɛde no tena hɔ daa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios