Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Tito 3:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Ɛyɛ nokwasɛm, na eyinom na mehwɛ sɛ wohyɛ mu den, na wɔn a wɔagye Onyankopɔn adi no adwen sɛnea wɔbɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden. Eyinom ne nea ɛyɛ fɛ na ɛyɛ mfaso ma nnipa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Ɛyɛ nokwasɛm, na yeinom na mehwɛ sɛ wohyɛ mu den, na wɔn a wɔagye Onyankopɔn adie no adwene sɛdeɛ wɔbɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden. Yeinom ne deɛ ɛyɛ fɛ na ɛyɛ mfasoɔ ma onipa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Eyi yɛ nokwasɛm. Mepɛ sɛ wuti saa asɛm yi mu yiye na ama wɔn a wogye Onyankopɔn di no ahu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn bere di dwuma pa. Eyinom nyinaa ye na so wɔ mfaso ma nnipa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Ɛyɛ nokwasɛm, na yeinom na mehwɛ sɛ wohyɛ mu den, na wɔn a wɔagye Onyankopɔn adie no adwene sɛdeɛ wɔbɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden. Yeinom ne deɛ ɛyɛ fɛ na ɛyɛ mfasoɔ ma onipa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Yei yɛ nokwasɛm. Mepɛ sɛ woti saa asɛm yi mu yie na ama wɔn a wɔgye Onyankopɔn di no ahunu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn berɛ di dwuma pa. Yeinom nyinaa yɛ, na ɛho wɔ mfasoɔ ma nnipa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Ɛyɛ nokwasɛm, na eyinom na mehwɛ sɛ wohyɛ mu den, na wɔn a wɔagye Onyankopɔn adi no adwen sɛnea wɔbɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden. Eyinom ne nea ɛyɛ fɛ na ɛyɛ mfaso ma nnipa.

Ver Capítulo Copiar




Tito 3:8
26 Referencias Cruzadas  

Na ma yɛn nkurofo no nsua nnwuma pa ho mmɔdemmɔ nso mfa mmoa wɔn a ehia wɔn, na aba pa ammɔ wɔn.


Ɔno na ɔde ne ho mae maa yɛn, na wagye yɛn afi mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ n’ankasa de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


oso nokwasɛm no mu sɛnea wɔkyerɛɛ no no, na watumi de nkyerɛnkyerɛ pa no atu fo, na wayi akyinnyegyefo ntɛn.


Kae wɔn na wɔmmrɛ wɔn ho ase mma mpanyinni ne tumi horow no, wɔnyɛ osetie, wonsiesie wɔn ho mma adwuma pa biara,


a monam no so gye Onyankopɔn a onyan no fii awufo mu na ɔhyɛɛ no anuonyam no di no, na mo gyidi ne anidaso atena Onyankopɔn mu.


Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wogye koraa, sɛ Kristo Yesu baa wiase begyee nnebɔneyɛfo a me na midi wɔn mu kan.


Na nea ɔnyɛ nnwuma, na ogye nea obu obusuyɛfo bem di no, wobu ne gyidi sɛ trenee ma no.


Na Yesu teɛɛm sɛ: Nea ogye me di no, ɛnyɛ me na ogye me di, na ɛyɛ nea ɔsomaa me no;


Mereka no nokware mu pa ara sɛ: Nea ɔte m’asɛm na ogye nea ɔsomaa me no di no wɔ daa nkwa, na ɔremma atemmu mu, na watwam afi wu mu akɔ nkwa mu.


Ɔdasani bi betumi adi mu Onyankopɔn anim anaa? Hwɛ, onimdefo mpo, odi mu wɔ n'ankasa n'ani so.


(a kan no, ne ho nni mfaso mma wo, na afei oye ma wo ne me).


efisɛ wɔannye Onyankopɔn anni, na wɔamfa wɔn ho anto ne nkwagye so.


Atoro dansefo bɛyera, na onipa a otie asɛm, kasa daa.


Na sɛ yɛwɔ gyidi honhom koro no ara nti, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Migye midii, na mekasae, nti, yɛn nso yegye di na enti yɛkasa nso;


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Woabɔ dam! Na ɔkɔɔ so ara kae sɛ ɛte sa. Na wɔkae sɛ: Ɛyɛ ne bɔfo!


Owifo nnwia ade bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma nea odi hia.


Enti mepɛ sɛ mmarima bɔ mpae wɔ mmaa nyinaa, ma nsa a ɛho tew so a abufuw anaa akyinnye mma mu.


nea wodi no ne ne nnwuma pa ho adanse: Wayɛn mma, sɛ wayɛ hɔhoyɛ, sɛ wahohoro ahotewfo anan ho, sɛ waboa wɔn a wɔn ho hia wɔn, sɛ wadi adwuma pa nyinaa akyi.


Ɛno ara nti na mihu amane yi nso, nanso m’ani nwu ho; efisɛ minim onii ko a magye no madi, na migye midi sɛ obetumi ahwɛ nea wɔde ahyɛ me nsa no so asie da no.


Na biribiara mu no, yi wo ho adi sɛ nnwuma pa nhwɛso: Nkyerɛkyerɛ mu yi pɛyɛ, animduru,


na momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.


Na osee wɔn nso sɛ: Mo nso monkɔ bobe turom, na akatua a eye no na mede bɛma mo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios