Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Tito 3:5 - KYERƐW KRONKRON

5 emfi trenee mu nnwuma a yɛayɛ mu, na mmom ɔno ara ne mmɔborohunu nti, na ɛma ɔnam awo foforo aguare ne Honhom Kronkron foforoyɛ so gyee yɛn nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 ɛmfiri tenenee mu nnwuma a yɛayɛ mu, na mmom ɔno ara ne mmɔborɔhunu nti, na ɛmaa no faa awo foforɔ adwareɛ ne Honhom Kronkron foforɔyɛ so gyee yɛn nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 ogyee yɛn nkwa. Ɛnyɛ nnwuma pa bi a yɛayɛ nti, na mmom ɔnam nʼahummɔbɔ so ahohoro yɛn ho, agye yɛn nkwa ama Honhom Kronkron no awo yɛn foforo ama yɛn nkwa foforo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 ɛmfiri tenenee mu nnwuma a yɛayɛ mu, na mmom ɔno ara ne mmɔborɔhunu nti, na ɛmaa no faa awo foforɔ adwareɛ ne Honhom Kronkron foforɔyɛ so gyee yɛn nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 ɔgyee yɛn nkwa. Ɛnyɛ nnwuma pa bi a yɛayɛ enti, na mmom, ɔnam nʼahummɔborɔ mu ahohoro yɛn ho, agye yɛn nkwa, ama Honhom Kronkron no awo yɛn foforɔ ama yɛn nkwa foforɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 emfi trenee mu nnwuma a yɛayɛ mu, na mmom ɔno ara ne mmɔborohunu nti, na ɛma ɔnam awo foforo aguare ne Honhom Kronkron foforoyɛ so gyee yɛn nkwa.

Ver Capítulo Copiar




Tito 3:5
46 Referencias Cruzadas  

Hefo ne adasamma, na wɔn ho bɛtew, anaa wɔn a ɔbea awo wɔn no bɛteɛ?


Ɔdesani bɛteɛ Onyankopɔn anim dɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔbea awo no no ho bɛtew?


Sɛ meteɛ a, m’ano bebu me fɔ, na midi mu a, ɔbɛma makyea.


Israel, ma w’ani nna AWURADE so, na AWURADE fam na adɔe wɔ, na ogye a ɛdɔɔso wɔ ne nsam.


Na mfa w’akoa nkɔ atemmu mu, na ɔteasefo biara renni bem w’anim.


Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me, na yɛ honhom foforo a ase tim wɔ me mu.


na wo, AWURADE, na ɔdom wɔ wo. Na wubetua onipa ka sɛ n’adwuma te.


Na wo, Awurade, woyɛ Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfo, wo boasetɔ kyɛ, na w’adɔe ne wo nokware dɔɔso.


Na wo, Awurade, wuye, na wode kyɛ, na w’adɔe dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ wo nyinaa.


Mɛka wo trenee ne wo nneyɛe makyerɛ, nso ɛrenyɛ wo mfaso bi.


Na mede nsu kurunnyen mɛpete mo so na mo ho atew. Mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuw nyinaa mu na mɛtew mo ho afi,


Hena ne Onyankopɔn sɛ wo a wode amumɔyɛ kyɛ na wutwa mmarato ho ma w’agyapade nkae no? Ɔrenso n’abufuw mu daa, na adɔe mmom na ɔpɛ;


Me de, mebɔ mo asu nsu mu kɔ adwensakra mu, na nea odi m’akyi reba no de, ne ho yɛ den sen me; ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu.


na ne mmɔborohunu wɔ wɔn a wosuro no so, awo ntoatoaso a edidi so nyinaa mu.


Waso n’akoa Israel mu, sɛ ɔde bɛkae ne mmɔborohunu,


sɛ obehu yɛn agyanom mmɔbɔ, na wakae n’apam kronkron no:


efi yɛn Nyankopɔn mmɔborohunu a ɛmaa ne yam hyehyee no no mu. Ɛno nti na adekyee a efi soro abepue yɛn so,


sɛ ebia mɛma wɔn a wɔyɛ me mfɛfo Yudafo no atwe ninkunu, na magye wɔn mu binom nkwa.


Na sɛ ɛnam adom so a, na emfi nnwuma mu bio, efisɛ ɛno de, anka adom nyɛ adom bio.


Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.


Efisɛ wɔremfi mmara nnwuma mu mmu ɔhonam biara bem n’anim; na mmara so na wɔnam hu bɔne yiye.


Enti na yebu sɛ wɔkwati mmara nnwuma de gyidi na ebu onipa bem.


Na nea ɔnyɛ nnwuma, na ogye nea obu obusuyɛfo bem di no, wobu ne gyidi sɛ trenee ma no.


na onnya nwoo mma no, na wonnya nyɛɛ papa anaa bɔne no, nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn tirim a ɔbɔɔ no nyiyimu so no atena hɔ, na amfi nnwuma mu, na mmom ɛnam ne frɛ so nti,


Ɛnne na emfi nea ɔpɛ anaa nea otu mmirika no, na mmom efi Onyankopɔn a ohu mmɔbɔ no.


Enti afei yebese dɛn? Amanaman mufo a wɔantiw trenee no anya trenee, nanso ɛyɛ trenee a efi gyidi mu;


Saa na anka mo mu bi te ara nen; na afei wɔaguare mo, na wɔatew mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.


Na yenim sɛ womfi mmara nnwuma mu na ebu onipa bem, gye sɛ ɛnam Kristo Yesu gyidi so nti, yɛn nso yɛagye Kristo Yesu adi; na wɔafi Kristo gyidi mu abu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara nnwuma mu, efisɛ wɔremfi mmara nnwuma mu mmu ɔhonam biara bem.


Nanso Onyankopɔn a ne mmɔborohunu dɔɔso no nam ne dɔ bebree a ɔde dɔ yɛn no so


na momma wɔnyɛ mo foforo mo adwene honhom mu,


sɛ ɔde nsu aguare no bɛtew ne ho wɔ asɛm no mu ayɛ no kronkron,


Ɛnyɛ wo trenee ne wo koma a ɛteɛ nti na worekɔ akɔfa wɔn asase, na mmom amanaman yi abɔnefosɛm nti na AWURADE wo Nyankopɔn retu wɔn afi w’anim, na wama asɛm a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom, Abraham, Isak ne Yakob no atim.


na moahyɛ onipa foforo a wɔyɛ no foforo aba nimdeɛ mapa mu a egyina nea ɔbɔɔ no no suban so;


Ɔno na wagye yɛn, na ɔde ɔfrɛ kronkron afrɛ yɛn, ɛnyɛ yɛn nnwuma nti, na mmom ne tirim agyina ne adom a wɔde adom yɛn Kristo Yesu mu fi teteete


Na yɛn Agyenkwa Onyankopɔn adɔeyɛ ne ne dɔ yii ne ho adi no,


momma yɛmfa nokware koma wɔ gyidi a akyinnye nnim koraa mu mmɛn sɛ nnipa a wɔapete wɔn koma ho afi ahonim bɔne mu, na wɔde nsu krogyenn aguare wɔn nipadua.


Enti momma yɛmfa nnam mmra adom ahengua no anim, na yɛanya mmɔborohunu, na yɛahu adom, na ɛbere a ɛsɛ mu aboa yɛn.


na wɔafi ho ahwe ase no, wɔbɛdan wɔn foforo akɔ adwensakra mu, wɔn a wɔsɛn Onyankopɔn Ba no bio ma wɔn ho na wɔde no kɔ animguase mu.


Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne Agya a ne mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti ɔnam Yesu Kristo sɔre a ofi awufo mu sɔree no so awo yɛn foforo akɔ anidaso a emu wɔ nkwa mu,


Mo a kan no monyɛ ɔman, na afei moayɛ Onyankopɔn man, mo a munnyaa mmɔborohunu, na afei de, moanya mmɔborohunu.


Ɛno na afei ne nsɛso a ɛno ne asubɔ no, gye mo nso nkwa, a ɛnyɛ ɔhonam ho fi yi mu, na mmom ɛyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔre nti yɛnam so yɛ Onyankopɔn de.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios