Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Tito 3:2 - KYERƐW KRONKRON

2 wonnni obiara ho nseku, wɔnnyɛ ntɔkwapɛfo, wonya abodwokyɛre, na wonyi odwo nyinaa adi nkyerɛ nnipa nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 wɔnnni obiara ho nsekuro, wɔnnyɛ atutupɛfoɔ; wɔwɔ abodwokyɛre, na wɔnyi ɔdwoɔ nyinaa adi nkyerɛ nnipa nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 na wɔnnka asɛmmɔne mmfa obi ho na mmom, wonnwo brɛoo, na daa wonni obiara ni.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 wɔnnni obiara ho nsekuro, wɔnnyɛ atutupɛfoɔ; wɔwɔ abodwokyɛre, na wɔnyi ɔdwoɔ nyinaa adi nkyerɛ nnipa nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnnka asɛmmɔne mfa obi ho na mmom, wɔnnwo brɛoo na daa wɔnyi ɔdɔ adi nkyerɛ nnipa nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 wonnni obiara ho nseku, wɔnnyɛ ntɔkwapɛfo, wonya abodwokyɛre, na wonyi odwo nyinaa adi nkyerɛ nnipa nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




Tito 3:2
35 Referencias Cruzadas  

Na wode wo nkwagye kyɛm maa me, na w’asɛm tie ma meyɛɛ kɛse.


Mma ɔtɛkrɛmafo nntim asase so, ɔkokobirifo, ma bɔne ntiw no yerɛdɛdɛ.


Nea n’abufuw so no benya asotwe, na sɛ wugyaa no a, wobɛsan agyaa no bio.


Ɔdan atifi kokoam tena ye sen sɛ wo ne ɔbea tutupɛfo a ne ho nwo bɛtena ɔdan mu.


ɔdansekurumfo a ohuw atosɛm, ne nea ɔhyɛ anuanom ntam takrawogyam.


Ɔbɛyɛn ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo, obeturu nguammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nguan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛoo.


Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra.


Ɛnna Paulo kae sɛ: Anuanom, minnim sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panyin; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Nkasa wo man panyin ho asɛmmɔne!


awifo, aniberefo, asabofo, ntɔkwapɛfo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no.


Na mede me ho ade nyinaa mu de, nanso mede me ho mayɛ akoa mama nnipa nyinaa, na manya dodow.


Me Paulo ara na menam Kristo dwo a odwo ne n’ayamye so mitu mo fo, me a mewɔ mo nkyɛn a, meyɛ mmɔborɔfo wɔ mo mu, nanso minni mo nkyɛn a, meyɛ mo so kokodurufo.


Na misuro sɛ ebia meba a, meremmɛto mo sɛnea mepɛ, na me nso morenhu me sɛnea mopɛ, ebia ntɔkwako, ahoɔyaw, abufuw, asikan, nsekudi, wesewese, ɔhantan, sakasakayɛ wɔ mo mu;


Na honhom aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi,


Anuanom, sɛ mfomso bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufo no, monteɛ nea ɔte saa no, honhom a edwo mu, nanso monhwɛ mo ho so yiye, na wɔansɔ mo nso anhwɛ.


Enti yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.


ahobrɛase adwene ne odwo nyinaa mu, abodwokyɛre mu, munkurakura mo ho mu ɔdɔ mu,


Momma wonyi anobow nyinaa ne bobɔne ne abufuw ne ano kurokuro ne abususɛm, ɛne bɔnepɛ nyinaa mfi mo mu.


Momma nnipa nyinaa nhu mo abodwokyɛre! Awurade abɛn.


ɛwom sɛ anka yɛwɔ ho kwan sɛ yɛyɛ yɛn ho akɛse sɛ Kristo asomafo; nanso yɛbrɛɛ yɛn ho ase wɔ mo mu, sɛnea ɔbagyigyefo bi yɛn n’ankasa mma.


Mmea no nso anim nyɛ duru saa ara, wɔnnyɛ nsekufo, wɔn ani so nna hɔ, wonni ade nyinaa mu nokware.


ɔnyɛ ɔsadweam, ɔnyɛ pupopupo, na mmom odwo, ɔnyɛ ntɔkwapɛfo, ɔnyɛ sikanibere;


Na nyansa a efi soro no de, nea edi kan ne sɛ ɛho tew, ɛwɔ asomdwoe, ɛwɔ odwo, ɛwɔ asoɔmmerɛw; mmɔborohunu ne aba pa ayɛ no ma, ennye akyinnye, ɛnyɛ nyaatwom.


Anuanom, munnnidi mo ho nseku! Nea odi onua ho nseku na obu ne nua atɛn no, odi mmara ho nseku na obu mmara atɛn. Na sɛ wubu mmara atɛn a, na wonyɛ mmara no yɛfo, na mmom woyɛ ne temmufo.


Enti munyiyi bɔnepɛ nyinaa ne nnaadaa nyinaa ne nyaatwomyɛ ne nitan ne nseku nyinaa ntotow ngu,


Na nea ɔpɛ nkwa na ɔpɛ sɛ ohu nna pa no, ma no nyi ne tɛkrɛma mfi bɔne mu, ne n'ano na anka nnaadaasɛm.


Na awiei ne sɛ mo nyinaa nnya adwenkoro, munhuhu mmoma mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmoma mo ho, munnwen ahobrɛase adwene.


Na ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ afei mo ne wɔn ntu mmirika nkɔ saa sakasaka dontori no mu, na wɔka ho nsɛmmɔne.


ne titiriw no, wɔn a wodi honam akyi, efi ho akɔnnɔ mu, na wɔtew tumidi ahi. Wɔyɛ anuɔdenfo, ahopɛfo, wɔn ho mpopo sɛ wɔbɛka anuonyamfo ho asɛmmɔne.


Na eyinom de, wɔka nea wonnim no ho nsɛmmɔne, na nea wofi wɔn nnipa su mu nim sɛ mmoa a wonni adwene no, ɛno mu na wogu wɔn ho fi.


Saa ara na eyinom nso yɛ adaesofo a wogu ɔhonam ho fi, na wɔtew tumidi ahi, na wɔka anuonyamfo ho nsɛmmɔne.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios