Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Tito 3:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Onipa a ɔde mpaepaemu ba, a woakasa akyerɛ no prɛko ne ne mprenu no, pa no!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Onipa a ɔde mpaepaemu ba, a woakasa akyerɛ no prɛko ne ne mprenu no, pa no!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Bɔ obi a ɔde mpaapaemu ba no kɔkɔ nea edi kan ne ne nea ɛto so abien, na ɛno akyi no twe wo ho fi ne ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Onipa a ɔde mpaepaemu ba, a woakasa akyerɛ no prɛko ne ne mprenu no, pa no!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Obi a ɔde mpaapaemu ba no, bɔ no kɔkɔ deɛ ɛdi ɛkan ne deɛ ɛtɔ so mmienu, na ɛno akyi no, te wo ho firi ne ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Onipa a ɔde mpaepaemu ba, a woakasa akyerɛ no prɛko ne ne mprenu no, pa no!

Ver Capítulo Copiar




Tito 3:10
12 Referencias Cruzadas  

Nanso, anuanom, mitu mo fo sɛ monkari wɔn a wɔde mpaepaemu ba na wɔto hintidua de sɛe nkyerɛkyerɛ a moasua no, na montwe mo ho mfi wɔn ho.


Sɛ obi ba mo nkyɛn na onkura nkyerɛkyerɛ yi a, munnnye no nnkɔ mo fi, nso munnkyia no!


wɔkekare wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dan wo ho fi wɔn ho!


Na sɛ obi antie yɛn asɛm a ɛwɔ nhoma yi mu a, monhyɛ no nsow, mo ne no mmmɔ fekuw, na n’ani nwu;


Na anuanom, yɛhyɛ mo, Awurade Yesu Kristo din mu, sɛ montwe mo ho mfi onua biara a ɔnam basabasa na onni atetesɛm a onyae yɛn nkyɛn no so no ho.


abosonsom, aduto, ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, aperepere, kunsunkunsun, mpaepaemu,


Me nko a, anka wɔn a wɔma monya adwenem sakasaka no, adi wɔn ho awu!


Wiɛ, etwa sɛ fekuw horow ba mo mu, na wɔn a wɔfra no ada adi mo mu.


Mebɔɔ wɔn a wɔyɛɛ bɔne kan no ne wɔn a aka no nyinaa kɔkɔ, saa ara nso na seisei a minni mo nkyɛn yi merebɔ wɔn kɔkɔ, sɛnea meyɛɛ bere a mebaa hɔ ne mprenu so no, sɛ meba bio a meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn.


Na adiyifo atorofo nso wɔ ɔman no mu, sɛnea akyerɛkyerɛfo atorofo bɛba mo mu nso. Wɔn na wɔde ɔsɛe fekusɛm bɛba abɛhyɛ mu, na wɔapa Awurade a ɔtɔɔ wɔn na ogyee wɔn no po, na wɔde ɔsɛe a ɛba ntɛmntɛm aba wɔn ho so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios