Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Tito 2:8 - KYERƐW KRONKRON

8 asɛmpa a eye a wonnya ho asɛm bi nka adi, na nea ɔne yɛn anya no afɛre, efisɛ onni yɛn ho bɔne biara ka.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 asɛmpa a ɛyɛ a wɔnnya ho asɛm bi nka adi, na deɛ ɔne yɛn anya no afɛre, ɛfiri sɛ ɔnni yɛn ho bɔne biara ka.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ka nsɛm a ho tew na obi antumi antia mu na ama atamfo ani awu sɛ wonnya asɛm bɔne nka mfa yɛn ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 asɛmpa a ɛyɛ a wɔnnya ho asɛm bi nka adi, na deɛ ɔne yɛn anya no afɛre, ɛfiri sɛ ɔnni yɛn ho bɔne biara ka.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ka nsɛm a ɛho te na obi antumi antia mu na ama atamfoɔ ani awu sɛ wɔnnya asɛm bɔne nka mfa yɛn ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 asɛmpa a eye a wonnya ho asɛm bi nka adi, na nea ɔne yɛn anya no afɛre, efisɛ onni yɛn ho bɔne biara ka.

Ver Capítulo Copiar




Tito 2:8
15 Referencias Cruzadas  

na mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na nea wodi mo ho nseku wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam, “nsra da no”.


Na eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, sɛ mode papayɛ siw nnipa a wonni adwene no nkwaseasɛm ano,


odwo ne osuro mu, na munnya ahonim pa, na nea wodi mo ho nseku wɔ mu no, wɔn a wogu mo abrabɔ pa a ɛwɔ Kristo mu no ho fi no ani awu.


Sɛ obi kyerɛ, nkyerɛkyerɛ foforo na wampene yɛn Awurade Yesu Kristo nsɛm a eye no ne nkyerɛnkyerɛ a ɛde kɔ onyamesom pa mu a,


Na sɛ obi antie yɛn asɛm a ɛwɔ nhoma yi mu a, monhyɛ no nsow, mo ne no mmmɔ fekuw, na n’ani nwu;


Na mekae sɛ: Asɛm a moredi yi nye, so, ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn no suro mu na ɛsɛ sɛ monantew, amanaman a wɔyɛ yɛn atamfo no nsopa no nti?


Muntie AWURADE asɛm, mo a n’asɛm nti mo ho popo: Mo nuanom a wɔtan mo a me din nti wotu mo no ka sɛ: AWURADE nnya anuonyam na yenhu mo anigye; nanso wɔn ani bewu.


Enti mepɛ sɛ wɔn a wonnyinii ɛ no ware wo mma di ofi so, na wɔamma ɔtamfo ho kwan sɛ ɔnyaw;


Na ɔkaa saa no, n’atamfo no nyinaa ani wui, na nkurɔfokuw no nyinaa ani gyei anuonyanne a ɔyɛe no nyinaa nti.


Na Yesu hui sɛ wabua no nyansam no, osee no sɛ: Wo ne Nyankopɔn ahenni ntam kwan nware. Na obi antumi ammisa no asɛm biara bio.


Na kyerɛwfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Wiɛ, kyerɛkyerɛfo, woaka no nokware sɛ: Onyankopɔn yɛ biako, na obiara nni hɔ sɛ ɔno nko ara;


Na kyerɛwfo no mu biako a ɔtee sɛ wɔregye akyinnye na ohui sɛ wabua wɔn yiye no ba bebisaa no sɛ: Mmara asɛm a edi ne nyinaa kan ne nea ɛwɔ he?


Na Yesu bua see wɔn sɛ: Ɛnne momfa Kaesare de mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn! Na ne ho yɛɛ wɔn nwonwa.


Na ma yɛn nkurofo no nsua nnwuma pa ho mmɔdemmɔ nso mfa mmoa wɔn a ehia wɔn, na aba pa ammɔ wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios