Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Tito 2:5 - KYERƐW KRONKRON

5 na wɔadwen adwempa, ahwɛ wɔn ho so, ayɛ wɔn afi yiye, ayɛ adɛɛfo, abrɛ wɔn ho ase ama wɔn ankasa wɔn kununom, na wɔanka Onyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 na wɔadwene adwempa, ahwɛ wɔn ho so, ayɛ wɔn afie yie, ayɛ adɛɛfoɔ, abrɛ wɔn ho ase ama wɔn ara wɔn kununom, na wɔanka Nyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 ama wɔatumi ahyɛ wɔn ho so, ayɛ kronkron na wɔayɛ awarefo pa a wotie wɔn kununom asɛm, na obi anka bɔne amfa Onyankopɔn asɛm no ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 na wɔadwene adwempa, ahwɛ wɔn ho so, ayɛ wɔn afie yie, ayɛ adɛɛfoɔ, abrɛ wɔn ho ase ama wɔn ara wɔn kununom, na wɔanka Nyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 ama wɔatumi ahyɛ wɔn ho so, ayɛ kronn na wɔayɛ awarefoɔ pa a wɔtie wɔn kununom asɛm, na obi anka bɔne amfa Onyankopɔn asɛm no ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 na wɔadwen adwempa, ahwɛ wɔn ho so, ayɛ wɔn afi yiye, ayɛ adɛɛfo, abrɛ wɔn ho ase ama wɔn ankasa wɔn kununom, na wɔanka Onyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne.

Ver Capítulo Copiar




Tito 2:5
22 Referencias Cruzadas  

Na wobisaa no sɛ: Wo yere Sara wɔ he? Na ose: Hwɛ, ɔwɔ ntamadan mu.


Ɔbea no de, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔdɔ na mɛma wo yaw ne wo nyinsɛn mu brɛ adɔɔso. Ɛyaw mu na wobɛwo mma, na w'ani begyina wo kunu, na ɔno na obedi wo so.


Nanso sɛ wode asɛm a woadi yi ama AWURADE atamfo anya kwan aka abususɛm atia no nti, ɛyɛ dɛn ara ɔba a wɔwoo no maa wo bewu.


Onyankopɔn, ɔhohiafo nka ahohorasɛm nkosi da bɛn? Ɔtamfo ngu wo din ho fi daa anaa?


wagyigya na n’aso asorow, ne nan ntena ne fi;


Nso na osuani bea bi wɔ Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛase ne Dorka, Ɔbea yi na nnwuma pa ne mmɔborohunu ade a ɔyɛe no ayɛ no ma.


Na Petro sɔre ne wɔn kɔe. Na oduu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu, na akunafo no nyinaa begyinaa ne ho a wɔresu, na wɔde ntade ne ntama a Dorka ne wɔn wɔ hɔ no ɔyɛe no kyerɛe.


Enti mommma wɔnnka mo papa ho nsɛmmɔne!


Na mo nti wɔsɛe Nyankopɔn din amanaman mu, sɛnea wɔakyerɛw no.


Na mepɛ sɛ muhu sɛ ɔbarima biara ti ne Kristo, na ɔbea ti ne ɔbarima, na Kristo ti ne Nyankopɔn.


Momma mmea mmua wɔn ano asafo mu; na wɔmmma wɔn ho kwan sɛ wɔnkasa, na mmom wɔmmrɛ wɔn ho ase sɛnea mmara no nso ka no.


Nanso mo mmiako mmiako nso, momma obiara nnɔ n’ankasa ne yere saa ara sɛ ne ho; na ɔyere de, ommu ne kunu.


Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom, sɛnea ɛsɛ, Awurade mu.


nea wodi no ne ne nnwuma pa ho adanse: Wayɛn mma, sɛ wayɛ hɔhoyɛ, sɛ wahohoro ahotewfo anan ho, sɛ waboa wɔn a wɔn ho hia wɔn, sɛ wadi adwuma pa nyinaa akyi.


Nkoa dodow a wɔwɔ kɔnnua ase no mmu wɔn wuranom sɛ nidi nyinaa sɛ wɔn, na Onyankopɔn din ne kyerɛkyerɛ no ho anhura.


na wɔde atew mmabaa adwenem ama wɔadɔ wɔn kununom ne wɔn mma,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios