Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Tito 2:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Nkwakoraa ani so nna hɔ, wɔn anim nyɛ duru, wɔn adwenem ntew, wɔnyɛ den, gyidi, ɔdɔ, ne boasetɔ fam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Nkɔkoraa ani so nna hɔ, wɔn anim nyɛ duru, wɔn adwene mu nte, wɔn ho nyɛ wɔn den, gyidie, ɔdɔ, ne boasetɔ fam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ka kyerɛ nkwakoraa na wɔmma wɔn ani nna hɔ, wɔnyɛ anyansafo, na wɔnhyɛ wɔn ho so; wɔn gyidi mu nyɛ den, wonnya ɔdɔ na wontumi ntena ɔhaw mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Nkɔkoraa ani so nna hɔ, wɔn anim nyɛ duru, wɔn adwene mu nte, wɔn ho nyɛ wɔn den, gyidie, ɔdɔ, ne boasetɔ fam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ka kyerɛ nkɔkoraa na wɔmma wɔn ani nna hɔ, wɔnyɛ anyansafoɔ, na wɔnhyɛ wɔn ho so; wɔn gyidie mu nyɛ den, wɔnnya ɔdɔ na wɔntumi ntena ɔhaw mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Nkwakoraa ani so nna hɔ, wɔn anim nyɛ duru, wɔn adwenem ntew, wɔnyɛ den, gyidi, ɔdɔ, ne boasetɔ fam.

Ver Capítulo Copiar




Tito 2:2
33 Referencias Cruzadas  

Nkwakoraa mu na nyansa wɔ, na onyinkyɛ ma nhumu.


Wɔbɛkɔ so asow aba nkwakoraa bere, wɔbɛyɛ akɛse ne frɔmfrɔm ara,


Abotiri a ɛyɛ fɛ ne dwen, wohu no trenee kwan so.


Wɔrenhu emu abotafowa a ne nna nware bio, anaa akwakoraa a wanwie ne nna di; na aberante bedi mfirihyia ɔha ansa na wawu, na ɔdebɔneyɛfo a wadi mfe ɔha mpo no yɛ nea wɔadome no.


Fa obu ma ɔpanyin, yiw, na di akwakora ni, na suro wo Nyankopɔn: Mene AWURADE.


Na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wobehuu nea honhommɔne a ɔde ɛdɔm wɔ no so sɛ ɔte hɔ fura ntama, na n’adwenem atew no; wosuroe.


Na wofii adi bɛhwɛɛ nea asi; na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wobehuu onipa a ahonhommɔne fii no mu no sɛ ɔte Yesu nan ase fura ntama a n’adwenem atew; na wosuroe.


Na ɔreka trenee ne anidahɔ ne atemmu a ɛrebɛba no ho asɛm no, Felike suroe, na obuae sɛ: Mprempren de, kɔ, na minya adagyew a, mɛma wɔabɛfrɛ wo.


Na menam ɔdom a wɔde adom me no so meka mekyerɛ mo mu biara sɛ onnnwen nntra nea ɛsɛ sɛ odwen, na mmom onnwen anidahɔ adwene, sɛnea Onyankopɔn asusuw gyidi akyekyɛ de ama obiara no.


Momma mo ani nna hɔ, tenenee mu, na monnyɛ bɔne, efisɛ ebinom nni Nyankopɔn ho nimdeɛ. Meka eyi mehyɛ mo aniwu.


Na obiara a osi agodi kane no, ɔsɔre ne ho nneɛma nyinaa mu; na wɔn de, wɔyɛ na wɔanya abotiri a ɛsɛe, na yɛn de, nea ɛnsɛe.


Na sɛ yɛbɔ dam a, yɛbɔ ma Onyankopɔn; na sɛ yɛn adwenem da hɔ a, ɛda ma mo.


odwo, anidahɔ. Mmara bi nni hɔ a etia eyinom.


Afei nea edi akyiri no, anuanom, nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛyɛ ahomeka, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen;


Enti mommma yɛnnna sɛ wɔn a aka no, na mmom momma yɛnwɛn, na yɛn ani nna hɔ.


na yɛn a yɛyɛ adekyee de yi, momma yɛn ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo ne nkwagye anidaso sɛ dade kyɛw.


aguamammɔfo ne a wɔne mmarima da, nnipatɔnfo, atorofo, ntantofo, ne biribiara a ɛka ho a ɛne kyerɛ pa no di asi,


Na yɛn Awurade adom dɔɔso boroo so gyidi ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu.


de kɔma Timoteo a ɔyɛ gyidi mu ɔba nokwarem: Ɔdom, mmɔborohunu, asomdwoe mfi Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo.


Na afotusɛm no botae ne ɔdɔ a efi koma kronn ne ahonim pa ne gyidi a nkontompo nnim mu.


Mmea no nso anim nyɛ duru saa ara, wɔnnyɛ nsekufo, wɔn ani so nna hɔ, wonni ade nyinaa mu nokware.


Nso nea ɛsɛ ɔhwɛfo ne sɛ wonnya ne ho asɛm bi nka, ɔyɛ ɔyere biako kunu, n’ani so da hɔ, n’adwenem tew, ɔyɛ ne ho wosee, ɔpɛ ahɔhoyɛ, ohu kyerɛkyerɛ,


odi n’ankasa ne fi so yiye ma ne mma hyɛ n’ase animduru nyinaa mu.


Asafo mu asomfo nso, ɛsɛ sɛ wɔn anim yɛ duru, wɔnyɛ ano nta, wɔnyɛ asadweam, wɔnyɛ adifudepɛfo;


Mpoopoo w’ani nkyerɛ ɔpanyin, na mmom tu no fo sɛ agya, mmerante sɛ anuanom,


Adanse yi yɛ nokware. Ɛno nti yi wɔn ntɛn ketee, na wɔn ho ayɛ wɔn den gyidi mu,


na mmom ɔpɛ ahɔhoyɛ, ɔpɛ papa, n’adwenem tew, ɔteɛ, ne ho tew, ɔwɔ ahohyɛso,


Na biribiara mu no, yi wo ho adi sɛ nnwuma pa nhwɛso: Nkyerɛkyerɛ mu yi pɛyɛ, animduru,


nanso ɔdɔ nti mesrɛ wo mmom, me, akora Paulo a seisei meyɛ Kristo Yesu deduani nso.


Enti mommɔ mo adwene mu abɔso, mo ani nna hɔ, na momma mo ani nna adom a wɔde rebrɛ mo Yesu Kristo ahoyi mu no so koraa.


Nanso ade nyinaa awiei abɛn. Enti momma mo adwenem ntew, na mo ani nna hɔ mma mpaebɔ.


Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.


na anidahɔ nka nimdeɛ ho, na boasetɔ nka anidahɔ ho,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios