Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Tito 1:9 - KYERƐW KRONKRON

9 oso nokwasɛm no mu sɛnea wɔkyerɛɛ no no, na watumi de nkyerɛnkyerɛ pa no atu fo, na wayi akyinnyegyefo ntɛn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 ɔsɔ nokwasɛm no mu sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no no, na watumi de nkyerɛkyerɛ pa no atu fo, na wayi akyinnyegyefoɔ atɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛsɛ sɛ oso asɛm no mu dennen sɛnea wɔkyerɛɛ no no. Sɛ ɛba saa a, obetumi ahyɛ afoforo den wɔ saa nkyerɛkyerɛ pa no mu, na wada wɔn a wɔsɔre tia asɛm no mu no nso mfomso adi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 ɔsɔ nokwasɛm no mu sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no no, na watumi de nkyerɛkyerɛ pa no atu fo, na wayi akyinnyegyefoɔ atɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛsɛ sɛ ɔsɔ asɛm no mu denden sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no no. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛtumi ahyɛ afoforɔ den wɔ saa nkyerɛkyerɛ pa no mu, na wada wɔn a wɔtia asɛm no mu no nso mfomsoɔ adi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 oso nokwasɛm no mu sɛnea wɔkyerɛɛ no no, na watumi de nkyerɛnkyerɛ pa no atu fo, na wayi akyinnyegyefo ntɛn.

Ver Capítulo Copiar




Tito 1:9
24 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: So woadwen m’akoa Hiob ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho; nanso ɔda so kura ne mudi no mu ara, na woahwanyan me ahyɛ no sɛ mensɛe no kwa.


Mekura me trenee mu dennen, na merennyaa mu; me koma remmu me fɔ me nna biara ho.


Tɔ nokware, na ntɔn, nyansa ne nteɛso ne nhumu nso.


Na ɔde n’asɛm kaa Yudafo no gui wɔ baguam, nam kyerɛw nsɛm so kyerɛe pefee sɛ Yesu ne Kristo no.


Na sɛ wɔn nyinaa hyɛ nkɔm, na obi a onnye nni anaasɛ onnim biribi ba mu a, wɔn nyinaa twiw n'anim, wɔn nyinaa bu no atɛn,


Monsɔ ade nyinaa nhwɛ, na munso nea eye no mu den.


Enti afei, anuanom, munnyina pintinn na munkura atetesɛm a yɛnam asɛm anaa yɛn nhoma so kyerɛkyerɛɛ mo no mu.


aguamammɔfo ne a wɔne mmarima da, nnipatɔnfo, atorofo, ntantofo, ne biribiara a ɛka ho a ɛne kyerɛ pa no di asi,


Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wogye koraa, sɛ Kristo Yesu baa wiase begyee nnebɔneyɛfo a me na midi wɔn mu kan.


na nya gyidi ne ahonim pa a ebinom agyaa mu na wɔagu asu gyidi ho no.


Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wogye koraa.


Sɛ obi kyerɛ, nkyerɛkyerɛ foforo na wampene yɛn Awurade Yesu Kristo nsɛm a eye no ne nkyerɛnkyerɛ a ɛde kɔ onyamesom pa mu a,


So nsɛm pa a eye a wotee me nkyɛn no nhwɛso no mu yiye, gyidi ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu no mu.


Na nea wote fii m’anom, adansefo bebree anim no, ɛno ara na fa hyɛ nnipa anokwafo a wobetumi akyerɛkyerɛ ebinom nso nsa.


na ɔde odwo kasa kyerɛ wɔn a wɔne no di asi wɔ nsɛm mu, sɛ ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakra akɔ nokware no hu mu,


Na wo de, tena nea woasua na woahu mu nokware no mu. Wunim onii ko a wusuae ne nkyɛn no,


Na bere bi bɛba a wɔrentie nkyerɛkyerɛ pa a eye no, na sɛ wɔn asom yɛ wɔn hene nti, wɔbɛsoa akyerɛkyerɛfo aboa wɔn ho so, sɛnea wɔn ankasa akɔnnɔ te.


a ɛsɛ sɛ wotua wɔn ano; wɔn na aniwu mfaso nti wɔkyerɛkyerɛ nea ɛnsɛ, de dan afi mu butuw.


Na wo de, ka nsɛm a ɛfata nkyerɛkyerɛ pa no.


Adɔfo, esiane sɛ merebɔ mmɔden nyinaa makyerɛw nkwagye a ɛyɛ yɛn nyinaa de no ho asɛm mabrɛ mo nti, ahia me sɛ mekyerɛw mebrɛ mo, na mede matu mo fo sɛ mompere gyidi a wɔde ama ahotefo prɛko no ho.


Nanso nea mowɔ no, munso mu dennen nkosi sɛ mɛba.


Mereba ntɛm; so nea wowɔ no mu, na obi annye w’abotiri.


Enti kae sɛnea woanya na woate, na di so, na sakra w’adwene! Na sɛ woanwɛn a, mɛba sɛ owifo, na worenhu dɔn ko a mɛba wo so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios