Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Tito 1:8 - KYERƐW KRONKRON

8 na mmom ɔpɛ ahɔhoyɛ, ɔpɛ papa, n’adwenem tew, ɔteɛ, ne ho tew, ɔwɔ ahohyɛso,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 na mmom ɔpɛ ahɔhoyɛ, ɔpɛ papa, n’adwene mu te, ɔtene, ne ho te, ɔwɔ ahohyɛsoɔ,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔpɛ ahɔhoyɛ na nʼani gye nea eye ho na nʼadwene mu da hɔ na ɔteɛ na ɔyɛ kronkron na ɔwɔ ahohyɛso.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 na mmom ɔpɛ ahɔhoyɛ, ɔpɛ papa, n’adwene mu te, ɔtene, ne ho te, ɔwɔ ahohyɛsoɔ,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔpɛ ahɔhoyɛ na nʼani gye deɛ ɛyɛ ho na nʼadwenem da hɔ na ɔtene na ɔyɛ kronn na ɔwɔ ahohyɛsoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 na mmom ɔpɛ ahɔhoyɛ, ɔpɛ papa, n’adwenem tew, ɔteɛ, ne ho tew, ɔwɔ ahohyɛso,

Ver Capítulo Copiar




Tito 1:8
17 Referencias Cruzadas  

Na Tiro hene Hiram somaa ne nkoa baa Solomon nkyɛn; efisɛ wate sɛ ɔno na wɔasra no asi no hene n’agya ananmu; efisɛ Hiram dɔɔ Dawid daa.


Na Hiram tee Solomon nsɛm no, n’ani gyei sɛ, na ɔkae sɛ: Nhyira nka AWURADE nnɛ, sɛ wama Dawid ɔba nyansafo de no asi ɔman kɛse yi so.


Na akronkronfo a wɔwɔ asase so no, wɔne anuonyamfo a wɔsɔ m’ani koraa.


Montan bɔne na monnɔ papa, na momma atɛmpa ntim kurow apon mu; ebia AWURADE, asafo Nyankopɔn, behu Yosef nkae no mmɔbɔ.


Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon; saa onipa yi teɛ, osuro Nyame, na ɔretwɛn Israel awerɛkyekye no, na Honhom Kronkron wɔ no so.


Na ɔreka trenee ne anidahɔ ne atemmu a ɛrebɛba no ho asɛm no, Felike suroe, na obuae sɛ: Mprempren de, kɔ, na minya adagyew a, mɛma wɔabɛfrɛ wo.


Mo ne Nyankopɔn ne adansefo, sɛnea yɛyɛɛ yɛn ho kronkron ne trenee ne nnipa a wɔn ho nni asɛm maa mo agyidifo.


Nso nea ɛsɛ ɔhwɛfo ne sɛ wonnya ne ho asɛm bi nka, ɔyɛ ɔyere biako kunu, n’ani so da hɔ, n’adwenem tew, ɔyɛ ne ho wosee, ɔpɛ ahɔhoyɛ, ohu kyerɛkyerɛ,


Mma obi mmmu wo aberante a woyɛ no abomfiaa, na mmom yɛ gyidifo nhwɛso ɔkasa mu, abrabɔ mu, ɔdɔ mu, gyidi mu, ahotew mu.


Na wo, Onyankopɔn nipa, de, guan eyinom, na di trenee, onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ, odwo akyi.


Guan fi mmaabun bere mu akɔnnɔ ho, na di trenee, gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe a ɛka wo ne wɔn a wofi koma a emu tew mu frɛ Awurade bom no akyi.


wɔn a wonni tema, apamsɛefo, nsekufo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa,


Na biribiara mu no, yi wo ho adi sɛ nnwuma pa nhwɛso: Nkyerɛkyerɛ mu yi pɛyɛ, animduru,


Yɛn de, yenim sɛ yɛatwam afi wu mu akɔ nkwa mu, efisɛ yɛdɔ anuanom. Nea onni dɔ no te wu mu.


Obiara a ogye di sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn na wawo no; na obiara a ɔdɔ nea ɔwoe no, ɔdɔ nea ɔwoo no no nso.


Na ɔne Saul kasa wiei no, na Yonatan kra akyekyere Dawid kra ho, na Yonatan dɔɔ no sɛ n’ankasa ne kra.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios