Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Tito 1:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Eyi nti na mede wo migyaw Krete, na woasiesie nneɛma a aka no pɛpɛɛpɛ, na woasisi kurow biara kurow so mpanyimfo, sɛnea mehyɛɛ wo no:

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Yei nti na megyaa wo Kreta, na woasiesie nnoɔma a aka no pɛpɛɛpɛ, na woasisi kuro biara so mpanimfoɔ, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Migyaw wo Kreta sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛtoto nneɛma a aka no pɛpɛɛpɛ na woayi mpanyimfo atuatua asafo a ɛwɔ kurow biara mu no ano.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Yei nti na megyaa wo Kreta, na woasiesie nnoɔma a aka no pɛpɛɛpɛ, na woasisi kuro biara so mpanimfoɔ, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no:

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Megyaa wo Kreta sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛtoto nneɛma a aka no pɛpɛɛpɛ na wayi mpanimfoɔ atuatua asafo a ɛwɔ kuro biara mu no ano.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Eyi nti na mede wo migyaw Krete, na woasiesie nneɛma a aka no pɛpɛɛpɛ, na woasisi kurow biara kurow so mpanyimfo, sɛnea mehyɛɛ wo no:

Ver Capítulo Copiar




Tito 1:5
18 Referencias Cruzadas  

na wɔde dwonto somee ahyiae ntamadan no tenabea no anim de kosii sɛ Solomon sii AWURADE fi no Yerusalem, na wogyinagyinaa wɔn afa wɔn som no mu.


Nanso nea ɛka ho a ɔsɛnkafo no yɛ mu nyansafo no, ɔkyerɛɛ ɔman no nimdeɛ kaa ho, na ɔkarii na opee mu, na obubuu mmɛ bebree.


Hena na ɔte sɛ me? Ma ɔnka ɛ! Ma ɔmpae mu nka, mfa nsi m’anim. Hena na ofi tete nteredee kyerɛɛ ɔman a mede mesi hɔ daa ne nneɛma a ɛbɛba no? Ma wɔnkyerɛ yɛn nea ɛbɛba no.


Na wɔmfa abo foforo nhyehyɛ abo no ananmu, na wɔmfa dɔte foforo mma ofi no ho.


Wɔyɛɛ sa, na wɔde somaa Barnaba ne Saulo ma wɔde kɔmaa mpanyimfo no.


Na wosisii mpanyimfo maa wɔn, asafo biara mu, na wɔde mmuada bɔɔ mpae no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade a wɔagye no adi no nsa.


Kretefo ne Arabiafo, yɛte sɛ wɔde yɛn kasa ka Onyankopɔn tumi ne ne nnwuma akɛse.


Na esiane sɛ hyɛn gyinabea hɔ nna hɔ yiye sɛ wobedi awɔw bere hɔ nti, wɔn mu bebree kae sɛ wobetu afi hɔ nso akɔhwɛ sɛ wobetumi akodu Foenike a ɛyɛ Krete hyɛn gyinabea a ɛda kɔ atifi ne atɔe ntam, ɛne anafo ne atɔe ntam, na wɔakodi awɔw bere wɔ hɔ.


Na anafo mframa fii ase bɔe no, ɛyɛɛ wɔn sɛ wɔn nsa aka nea wɔde sii wɔn anim no, na wotuu sɛkyɛ nam ano ano a wɔbɛn Krete.


Na nna bebree twaam a yɛannidi no, Paulo sɔre gyinaa wɔn mfinimfini kae sɛ: Mmarima, ɛsɛ sɛ anka mutie me, na yɛamfi Krete ammehu amane ne adesɛe yi.


Na nnafua bebree na yɛnam brɛoo, na yɛbrɛe ansa na yɛrebɛn Knido, na mframa amma yɛn ho kwan nti, yɛfaa Krete ase ase twaa Salmone ho.


Na sɛ ɔkɔm de obi a, ma onnidi ne fie, na moammehyiam ammenya atemmu. Na nea aka no de, meba a, mabɛtoto no yiye.


Na monyɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ, ne kwan so ne kwan so.


Eyi nti na masoma Timoteo a ɔyɛ me ba dɔfo ne nokwafo Awurade mu aba mo nkyɛn, ɔno na ɔbɛkae mo m’akwan a ɛwɔ Kristo Yesu mu, sɛnea mekyerɛkyerɛ asafo nyinaa mu mmaa nyinaa.


Na sɛ minni hɔ ɔhonam mu mpo a, me ne mo wɔ hɔ honhom mu, na m’ani gye sɛ mihu mo kwan a mugyina so ne mo gyidi a ɛkɔ Kristo mu tim a atim no.


Sɛnea merekɔ Makedonia mesrɛɛ wo sɛ tena Efeso, na woatu nnipa bi fo sɛ wɔnnkyerɛ ɔkyerɛ foforo,


Na nea wote fii m’anom, adansefo bebree anim no, ɛno ara na fa hyɛ nnipa anokwafo a wobetumi akyerɛkyerɛ ebinom nso nsa.


Wɔn mu bi a ɔyɛ wɔn ankasa diyifo kae sɛ: Kretefo yɛ atorofo daa, mmoa bɔne, akwadwofo adidifo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios