Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Tito 1:4 - KYERƐW KRONKRON

4 de kɔma Tito, me ba pa gyidi koro no ara fam: Adom ne asomdwoe a efi Agya Onyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no, nka wo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 de kɔma Tito, me ba pa gyidie korɔ no ara fam. Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Nyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no, nka wo!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Mekyerɛw me ba Tito wɔ gyidi baako a yɛn nyinaa kura mu no mu: Adom ne asomdwoe a efi Agya Nyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no nka wo!

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 de kɔma Tito, me ba pa gyidie korɔ no ara fam. Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Nyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no, nka wo!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Meretwerɛ akɔma me ba Tito afa gyidie baako a yɛn nyinaa kura mu no ho: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no nka wo!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 de kɔma Tito, me ba pa gyidi koro no ara fam: Adom ne asomdwoe a efi Agya Onyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no, nka wo.

Ver Capítulo Copiar




Tito 1:4
31 Referencias Cruzadas  

sɛ nnɛ wɔawo agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no, ama mo wɔ Dawid kurom.


na wɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Afei ɛnyɛ w’asɛm nti na yegye di, na yɛn ankasa ate na yɛahu sɛ oyi ne wiase agyenkwa no ampa.


ɛne sɛ ɛnam mo gyidi ne me gyidi so, yɛn nyinaa benya awerɛkyekye wɔ yɛn mu.


Me Paulo, mekyerɛw de kɔma Onyankopɔn adɔfo a wɔwɔ Roma nyinaa, a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefo no: Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu nka mo.


Mesrɛɛ Tito na mesomaa no ne onua kaa ne ho no, Tito besisii mo anaa? Ɛnyɛ honhom koro no ara mu na yɛnantewee, anaasɛ anammɔn koro no ara mu?


mannya honhom mu ahomeka, efisɛ manhu me nua Tito, enti mekraa wɔn mifii hɔ mekɔɔ Makedonia.


Na sɛ yɛwɔ gyidi honhom koro no ara nti, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Migye midii, na mekasae, nti, yɛn nso yegye di na enti yɛkasa nso;


nanso Onyankopɔn a ɔkyekye ahobrɛasefo werɛ no de Tito ba a ɔbae no kyekyee yɛn werɛ.


Na aseda nka Onyankopɔn a ɔde mo ho mmɔdemmɔ yi ara bi ahyɛ Tito koma mu.


Na Tito de, ɔyɛ me yɔnko ne me yɔnko dwumayɛfo ma mo; yɛn nuanom no de, wɔyɛ asafo horow no asomafo ne Kristo anuonyam.


na ama yɛasrɛ Tito sɛ, sɛnea ofii ase kan no, onwie adom no nso saa ara wɔ mo mu.


Na Tito a ɔka me ho a ɔyɛ Helani no mpo, wɔanhyɛ no sɛ ontwa twetia.


Na mmom, mo nyinaa nam gyidi so yɛ Onyankopɔn mma, Kristo Yesu mu,


Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehye nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbea nni hɔ bio; efisɛ mo nyinaa yɛ biako, Kristo Yesu mu.


Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.


de kɔma Kristo mu anuanom, ahotefo ne agyidifo, a wɔwɔ Kolose: Adom ne asomdwoe a efi yɛn agya Onyankopɔn nka mo.


Na meda yɛn Awurade Kristo Yesu a ɔhyɛɛ me den no ase, sɛ wabu me ɔnokwafo de me ahyɛ ɔsom no mu.


Paulo a ɔnam Onyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafo, sɛnea nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu bɔhyɛ no te no,


de kɔma ɔdɔba Timoteo: Adom, mmɔborohunu, asomdwoe mfi Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo.


Efisɛ Dema apɛ mprempren wiase agyaw me hɔ, na wasim kɔ Tesalonika, Kreske kɔ Galatia, Tito kɔ Dalmatia.


na ɛbere a ɛsɛ mu, oyii n’asɛm adi, asɛnka a wɔnam yɛn agyenkwa Onyankopɔn hyɛ so de ahyɛ me nsa no mu,


ntwɛn Onyankopɔn kɛse ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahotɔ anidaso ne n’anuonyam ahoyi.


Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafo, de kɔma wɔn a wɔanya gyidi a ne bo yɛ den sɛ yɛn de no, yɛn Nyankopɔn ne Agyenkwa Yesu Kristo trenee mu:


Na saa na wɔbɛma mo kwan aboro so akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo daa ahenni no mu.


Na sɛ wɔnam Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo ho nimdeɛ so aguan wiase fi, na wɔtoatoa bio wɔ mu di nkogu a, wɔn akyiri asetena adan wɔn bɔne akyɛn kan de no.


Na munnyin yɛn Awurade ne agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno na anuonyam nka no afei ne daa. Amen.


sɛ monkae nsɛm a adiyifo kronkron no aka ato hɔ, ne yɛn a yɛyɛ mo asomafo ahyɛde a ɛyɛ Awurade ne Agyenkwa de no.


Na nnam a yɛde kɔ ne nkyɛn ne sɛ, yɛsrɛ biribiara sɛnea ɔpɛ a, otie yɛn.


Adɔfo, esiane sɛ merebɔ mmɔden nyinaa makyerɛw nkwagye a ɛyɛ yɛn nyinaa de no ho asɛm mabrɛ mo nti, ahia me sɛ mekyerɛw mebrɛ mo, na mede matu mo fo sɛ mompere gyidi a wɔde ama ahotefo prɛko no ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios