Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Tito 1:11 - KYERƐW KRONKRON

11 a ɛsɛ sɛ wotua wɔn ano; wɔn na aniwu mfaso nti wɔkyerɛkyerɛ nea ɛnsɛ, de dan afi mu butuw.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 a ɛsɛ sɛ wɔtua wɔn ano. Wɔn na aniwuo mfasoɔ nti wɔkyerɛkyerɛ deɛ ɛnsɛ, de dane afie ani butuo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Ɛsɛ sɛ wusiw wɔn nkyerɛkyerɛ no ano, efisɛ wɔnam wɔn nkyerɛkyerɛ bɔne no so ma ntoto ba mmusua mu, nam so de pɛ sika.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 a ɛsɛ sɛ wɔtua wɔn ano. Wɔn na aniwuo mfasoɔ nti wɔkyerɛkyerɛ deɛ ɛnsɛ, de dane afie ani butuo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɛsɛ sɛ wosi wɔn nkyerɛkyerɛ no ano ɛfiri sɛ, wɔnam wɔn nkyerɛkyerɛ bɔne no so ma ntoto ba mmusua mu nam so de pɛ sika.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 a ɛsɛ sɛ wotua wɔn ano; wɔn na aniwu mfaso nti wɔkyerɛkyerɛ nea ɛnsɛ, de dan afi mu butuw.

Ver Capítulo Copiar




Tito 1:11
22 Referencias Cruzadas  

Na eyinom mu bi ne wɔn a wɔnam ase hyɛnhyɛn afi mu, na wɔfa mmeawa a bɔne adɔre ahyɛ wɔn so a akɔnnɔ horow keka wɔn


mansotwe a ɛsɛ nnipa a wɔn adwenem asɛe, na nokware abɔ wɔn a wosusuw sɛ onyamesom pa yɛ adepɛde.


Na yenim sɛ biribiara a mmara se no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔwɔ mmara no mu, na wɔamua obiara ano, na wiase nyinaa aba Onyankopɔn atemmu mu.


Onipa a ɔde mpaepaemu ba, a woakasa akyerɛ no prɛko ne ne mprenu no, pa no!


Na ɔhene de, n’ani begye Onyankopɔn ho; obiara a ɔka ne ntam no de bɛhyehye ne ho, na wobemua wɔn a wodi atoro ano.


oso nokwasɛm no mu sɛnea wɔkyerɛɛ no no, na watumi de nkyerɛnkyerɛ pa no atu fo, na wayi akyinnyegyefo ntɛn.


Na nea ɛsɛ ɔhwɛfo ne sɛ: Wonni ne ho asɛm bi ka, sɛ Onyankopɔn fiehwɛfo. Ɔnyɛ ɔhopɛfo, obufufafo, ɔsadweam, pupopupo, anaa odifudepɛfo,


Sɛɛ na AWURADE ka tia adiyifo a wɔdaadaa me man na wɔde wɔn se ka na wɔka sɛ: Asomdwoe! Na nea ɔmfa biribi nhyɛ wɔn anom no, wɔnoa no so sa no.


Treneefo behu na wɔn ani agye, na amumɔyɛ nyinaa bemua n’ano.


Kristo nokware wɔ me mu yi, obiara remma me mmua m'ano saa ahohoahoa yi ho wɔ Akaia fam hɔnom nyinaa.


Na eyi akyi no, wɔantumi ammisa no asɛm bi bio.


Emu atitiriw gye ademmude bu atɛn, na emu asɔfo gye akatua kyerɛkyerɛ, na emu adiyifo gye sika hyɛ nkɔm, nanso wotweri AWURADE ka sɛ: So ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn ntam yi? Bɔne bi remma yɛn so.


nea ɛbɛyɛ na woakae, na w’ani awu, na w’aniwu nti woammue w’ano bio, sɛ makata nea woyɛe no nyinaa so mama wo, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Na muhura me ho, me man mu, atoko nsa amaama ne abodoo afono ma bi nti, sɛ mode atoro a mudi kyerɛ me man a wotie atoro no rekum akra a enni kum, na moregye akra a ɛnsɛ nkwa no nkwa.


Ɛno nti mede wɔn yerenom mɛma afoforo, na mama ahɔho afa wɔn mfuw adi; na efi akumaa so kosi ɔkɛse so wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo, efi odiyifo so kosi ɔsɔfo so wɔn nyinaa yɛ nkontompofo.


na ɔpaani a ɔnyɛ oguanhwɛfo na nguan no nyɛ ne dea no hu pataku sɛ ɔreba a, ogyaw nguan no guan; na pataku no bɛkyere wɔn bɔ wɔn hwete.


Munnue! Mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ moto ɔsoro ahenni mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


Na sɛ okunafo bi wɔ mma anaa mmanana a, wonsua onyamesom pa wɔn fi mu kan, ntua wɔn awofo ka; efisɛ eyi na eye na ɛsɔ Onyankopɔn ani.


Na emu ara nso na wɔyɛ anihaw sua afi mu kyinkyin, na ɛnyɛ anihaw nko na wɔyɛ, na wɔyɛ kurokuro ne tɛretɛre nso keka nsɛm a ɛnsɛ.


a wɔapae afi nokware no ho ka sɛ owunyan atwam, na wɔdan binom gyidi butuw.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios