Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Tito 1:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Efisɛ ahuhusɛnkafo ne nnaadaafo atuatewfo pii wɔ hɔ, ne titiriw no wɔn a wofi twetiatwa mu

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Ɛfiri sɛ ahuhusɛnkafoɔ ne nnaadaafoɔ atuatefoɔ bebree wɔ hɔ, ne titire no wɔn a wɔfiri twetiatwa mu

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Nnipa pii wɔ hɔ a wɔsɔre tia na wɔnam wɔn nkwaseasɛm so daadaa afoforo; ne titiriw no, wɔn a wofi twetiatwasom no mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Ɛfiri sɛ ahuhusɛnkafoɔ ne nnaadaafoɔ atuatefoɔ bebree wɔ hɔ, ne titire no wɔn a wɔfiri twetiatwa mu

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Nnipa pii wɔ hɔ a wɔsɔre tia na wɔnam wɔn nkwaseasɛm so daadaa afoforɔ, ne titire no, wɔn a wɔfiri twetiatwasom no mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Efisɛ ahuhusɛnkafo ne nnaadaafo atuatewfo pii wɔ hɔ, ne titiriw no wɔn a wofi twetiatwa mu

Ver Capítulo Copiar




Tito 1:10
29 Referencias Cruzadas  

(Munnue! Mo kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ mobɔ akunafo apoo, nanso moboapa bɔ mpae atenten kyerɛ. Eyi nti mubenya afobu a ɛso.)


Na Petro baa Yerusalem no, wɔn a wɔyɛ twetiatwafo no ne no gyee akyinnye


Na nnipa bi fi Yudea bae bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ: Sɛ wɔantwa mo twetia sɛnea Mose amanne no te no a, muntumi nnya nkwa.


Esiane sɛ yɛate sɛ nnipa bi fi yɛn mu de nsɛm bi abɛtane mo ani ahaw mo adwene, nanso yɛanhyɛ wɔn saa nti,


Na minim sɛ me kɔ akyi no, mpataku bɔne bɛhyɛn mo mu a wɔrenkyɛe nguankuw no so.


Na ɛyɛ anuanom atorofo a wofi baabi bae no ntia; wɔn na wɔawiawia wɔn ho aba mu sɛ wɔrebɛhwehwɛ yɛn adehyedi a yɛwɔ Kristo Yesu mu no ho kwan, na wɔde yɛn akɔ nkoayɛ mu.


O, Galatifo a moyɛ adwenharefo! Hena na wadaadaa mo saa, mo ampa ara wɔde Yesu Kristo a wɔabɔ no asɛnnua mu agyina mo anim akyerɛ pefee pa ara ni?


na yɛanna so anyɛ mmotafowa a nkyerɛkyerɛ mframa biara wosow wɔn biribiri twe wɔn di akɔneaba nnipa bradato mu, anifere a ɛnam nnaadaa nnɛɛdɛɛ mu;


nso wonntie anansesɛm ne anato a enni awiei a ɛho wɔ nsɛmmisa mmom sen Onyankopɔn fiehwɛ a ɛwɔ gyidi mu no.


Ɛno na ebinom atere ho adan akɔ nsɛnhuhuw mu


Na onii no nim sɛ mmara bi nna hɔ mma ɔtreneeni, na ɛda hɔ ma mmaratofo ne asowuifo, wɔn a wɔmfɛre Nyankopɔn ne nnebɔneyɛfo, wɔn a wɔn ho ntew na wɔn ho agu fi, agya ne ɛna awudifo, nnipakumfo,


Na nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa na wɔadaadaa wɔn nso.


Na wobeyi wɔn aso afi nokware ho, na wɔadan akotie anansesɛm.


Nea ne ho nni asɛm bi, ɔyere biako kunu a ɔwɔ mma gyidifo a wɔnte ahohwi anaa asoɔden nka wɔ wɔn ho.


Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ onyamesomfo, na wanto ne tɛkrɛma nnareka, na mmom ɔdaadaa ne kra na, saa onipa yi nyamesom yɛ ɔkwa.


Mmofra nkumaa, ɛdɔn a edi akyiri ni. Na sɛnea moate sɛ antikristo no rebɛba no, saa na mprempren yi antikristo bebree aba nen; ɛno na yɛde hu sɛ dɔn a edi akyiri ni.


Nea ɔka sɛ: Minim no, na onni n’ahyɛde so no yɛ ɔtorofo, na nokware no nni ne mu.


Adɔfo, munnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wofi Nyankopɔn anaa; efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase.


Nanso mewɔ wo ho nsɛm kakra: Sɛ wowɔ nnipa bi wo hɔ a wokura Bileam nkyerɛkyerɛ mu, nea ɔkyerɛɛ Balak sɛ ɔnto Israel mma hintidua na wonni nam a wɔakum ama abosom na wɔmmɔ aguaman no.


Nanso eyi na wowɔ, sɛ wotan Nikolaifo nnwuma a me nso metan no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios