Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 9:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Eyi ne Awurade asɛm. Awurade atemmusɛm wɔ Hadrak asase so, ne Damasko ne n’asoɛe; na sɛnea Israel mmusuakuw yɛ Awurade de no, saa ara na Aram ne ne nkuropɔn nso yɛ ne de.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Yei ne AWURADE asɛm: AWURADE atemmusɛm bɛtena Hadrak asase so ne Damasko mu. Na sɛdeɛ Israel mmusuakuo yɛ AWURADE dea no, saa ara na Aram nkuropɔn nso yɛ ne dea.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Nkɔmhyɛ: Awurade asɛm tia Hadrak asase na ɛbɛka Damasko efisɛ, nnipa ne Israel mmusuakuw nyinaa ani wɔ Awurade so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Yei ne AWURADE asɛm: AWURADE atemmusɛm bɛtena Hadrak asase so ne Damasko mu. Na sɛdeɛ Israel mmusuakuo yɛ AWURADE dea no, saa ara na Aram nkuropɔn nso yɛ ne dea.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Nkɔmhyɛ: Awurade asɛm tia Hadrak asase na ɛbɛka Damasko ɛfiri sɛ, nnipa ne Israel mmusuakuo nyinaa ani wɔ Awurade so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Eyi ne Awurade asɛm. Awurade atemmusɛm wɔ Hadrak asase so, ne Damasko ne n’asoɛe; na sɛnea Israel mmusuakuw yɛ Awurade de no, saa ara na Aram ne ne nkuropɔn nso yɛ ne de.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 9:1
22 Referencias Cruzadas  

Na ɔne ne nkoa kyɛɛ wɔn ho mu baa wɔn so anadwo, na wɔbobɔɔ wɔn, na wɔtaa wɔn koduu Hoba a ɛda Damasko benkum so no.


Yɛn Nyankopɔn, so woremmu wɔn atɛn? Na yenni tumi a yɛde regyina dɔm bebree yi a wɔreba yɛn so yi anim. Na yɛn de, yennim nea yɛnyɛ, na wo so na yɛn ani da.


Aniwa nyinaa hwɛ wo kwan, na woma wɔn wɔn aduan, ne bere mu.


M’ani hwɛ AWURADE daa, na ɔno na obeyi me nan afi afiri mu.


Babel ho atemmusɛm a Amos ba Yesaia hui ni:


AWURADE ayi ne basa kronkron no ho, amanaman nyinaa anim, na asase ano nyinaa ahu yɛn Nyankopɔn nkwagye.


O AWURADE, m’ahoɔden ne m’aban dennen ne me guankɔbea ahohia da mu, wo nkyɛn na amanaman befi asase anoano aba abɛka sɛ: Atoro nko ne yɛn agyanom awunnyade no, ahuhude a mfaso nni mu.


Wo a woso, agyinatu mu na w’adeyɛ dɔɔso; wo a w’aniwa bue hwɛ nnipa mma akwan nyinaa, sɛ wobɛma obiara sɛ n’akwan ne ne nsɛnnii aba te no;


Sɛ AWURADE se ni: Tiro amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ wɔde atukɔfo dodow, ɔman mu hyɛɛ Edom nsa, na wɔankae anuanom apam no nti.


Sɛ AWURADE se ni: Sɛnea oguanhwɛfo hwim nnyaawa abien anaa asokoraa fi gyata anom no, saa ara nso na wobehwim Israelfo a wɔtete Samaria, te sɛ nnae twea so sin bi anaa mpa so ntama sin bi.


Ɛlkosini Nahum adehu nhoma a ɛfa Niniwe atemmu ho.


Na kan no obi buu adwuma yi mfiase animtiaa mpo a wɔn ani begye bere a wobehu kyerebennyɛ bo no Serubabel nsam, Kanea ason a wohui no ne Awurade aniwa a edi akɔneaba asase nyinaa so no.


mama afi adi, asafo Awurade asɛm ni, na abɛhyɛn owifo fi ne nea ɔde me din keka ntanhunu fi, na asoɛ ne fi mfinimfini, na ahyew ɛno ne emu nnua ne abo.


Awurade atemmusɛm a ɔnam Malaki so de brɛɛ Israel ni.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios