Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 8:8 - KYERƐW KRONKRON

8 na mede wɔn maba na wɔabɛtena Yerusalem, na wɔabɛyɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn, nokware ne trenee mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 na mede wɔn aba na wɔabɛtena Yerusalem, na wɔabɛyɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn, nokorɛ ne tenenee mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Mede wɔn bɛsan aba abɛtena Yerusalem; wɔbɛyɛ me nkurɔfo, na mayɛ wɔn Nyankopɔn wɔ nokware ne trenee mu.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 na mede wɔn aba na wɔabɛtena Yerusalem, na wɔabɛyɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn, nokorɛ ne tenenee mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Mede wɔn bɛsane aba abɛtena Yerusalem; wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mayɛ wɔn Onyankopɔn wɔ nokorɛ ne tenenee mu.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 na mede wɔn maba na wɔabɛtena Yerusalem, na wɔabɛyɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn, nokware ne trenee mu.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 8:8
30 Referencias Cruzadas  

Na mobɛtena asase a mede memaa mo agyanom no so, na moayɛ me ɔman, na me nso, mayɛ mo Onyankopɔn.


na wɔanantew m’ahyɛde mu, na wɔadi m’atemmude so ayɛ, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn.


Na metee nne kɛse bi fi ahengua no mu a ese: Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtena mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne nkurɔfo, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtena.


Na eyi ne apam a nna no akyi me ne Israel fi bɛpam no, AWURADE asɛm ni, mede me mmara mɛhyɛ wɔn yam, na makyerɛw wɔn koma mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.


na ka AWURADE teasefo ho ntam nokware mu, atemmu ne trenee mu, na amanaman ahyirahyira wɔn ho wɔ ne mu, na ɔno mu wɔahyehye wɔn ho.


Nea odi nkunim no benya eyinom adi, na mɛyɛ ne Onyankopɔn, na ɔno nso ayɛ me ɔba.


Na mede nkyɛmu a ɛto so abiɛsa no mɛfa ogya mu, na manan wɔn sɛ wɔnan dwetɛ, na mayiyi wɔn mu sɛ woyiyi sika mu. Wɔbɛbɔ me din, na me nso mebua wɔn; mɛka sɛ: Me man ne wɔn! Na wɔn nso aka sɛ: Awurade me Nyankopɔn!


Na me tenabea besi wɔn so, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso wɔayɛ me ɔman,


na wɔatena asase a mede memaa m’akoa Yakob a mo agyanom tenaa so no so, wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma akosi daa, na m’akoa Dawid bɛyɛ wɔn ɔberɛmpɔn akosi daa.


Na mɛnantew mo mu, na mayɛ mo Onyankopɔn, na mo nso moayɛ me ɔman.


Na amanaman bebree de wɔn ho bɛba abɛbɔ Awurade ho ɛda no, na wɔayɛ me ɔman; na mɛtena wo mu, na wubehu sɛ asafo Awurade na asoma me wo nkyɛn.


Na Yuda de, wɔbɛtena hɔ daa, na Yerusalem atena hɔ awo ntoatoaso nyinaa mu.


Na wobɛyɛ me ɔman, na me nso mayɛ wo Onyankopɔn.


Na mɛma wɔasan afi Misraim asase so aba, na mɛboa wɔn ano afi Asiria, na mede wɔn maba Gilead ne Lebanon asase so, na wɔrennya ɔkwan po mma wɔn.


Na me ho bɛsan me wɔn yiyeyɛ ho, na mede wɔn madua asase yi so nokware mu, me koma nyinaa mu ne me kra nyinaa mu.


Ɛbere no mu na mɛyɛ Israel mmusua nyinaa Onyankopɔn, AWURADE asɛm ni, na wɔn nso ayɛ me ɔman.


na mmom: Sɛ AWURADE a okoyii Israel fi asefo, fii atifi fam asase ne nsaase a mepam wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa so bae no te ase yi! Na wɔbɛtena wɔn asase so.


a mehyɛɛ mo agyanom, da a miyii wɔn fii Misraim asase so fii dade fononoo no mu sɛ: Muntie me, na monyɛ nneɛma a mahyɛ mo no nyinaa, na moayɛ me ɔman, na me nso mayɛ mo Onyankopɔn,


Na mɛma wɔn koma a wɔde behu me sɛ mene AWURADE, na wɔadan me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn; na wɔde wɔn koma nyinaa bɛsan aba me nkyɛn.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Da a mɛtew mo ho afi mo amumɔyɛde nyinaa mu no, mɛma nnipa asan atenatena nkurow no mu, na wɔakyekyere afoafo no,


Na mɛhyɛ Yuda fi baninha, na magye Yosef fi nkwa, na mama wɔatena ase; na me yam ahyehye me ama wɔn, na wɔbɛyɛ sɛ minsum wɔn mingui ɛ, na mene Awurade wɔn Nyankopɔn, na megye wɔn so.


Na mede asase a woyɛ so hɔho yi, Kanaan asase nyinaa, mɛma wo ne w'asefo a ebedi w'akyi, sɛ daa awunnyade, na mayɛ wɔn Nyankopɔn.


Wɔde ahopere befi Misraim aba sɛ nnomaa, na wɔafi Aseria asase so aba sɛ mmorɔnoma, na mede wɔn madua wɔn afi mu, AWURADE asɛm ni.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios