Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 8:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Sɛ asafo AWURADE se ni: Sɛ ɛyɛ ɔman yi nkae ani so nwonwa nna yi mu a, so m’ani so nso ɛbɛyɛ nwonwa? Asafo AWURADE asɛm ni.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛ ɛyɛ ɔman yi nkaeɛ ani so nwanwa nna yi mu a, m’ani so nso ɛbɛyɛ nwanwa? Asafo AWURADE asɛm nie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Nea Asafo Awurade se ni: “Nkae no de, ɛbɛyɛ wɔn nwonwa saa bere no, na me nso ɛbɛyɛ me nwonwa ana?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛ ɛyɛ ɔman yi nkaeɛ ani so nwanwa nna yi mu a, m’ani so nso ɛbɛyɛ nwanwa? Asafo AWURADE asɛm nie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Nkaeɛfoɔ yi deɛ, ɛbɛyɛ wɔn nwanwa saa ɛberɛ no, na me nso ɛbɛyɛ me nwanwa anaa?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Sɛ asafo AWURADE se ni: Sɛ ɛyɛ ɔman yi nkae ani so nwonwa nna yi mu a, so m’ani so nso ɛbɛyɛ nwonwa? Asafo AWURADE asɛm ni.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 8:6
13 Referencias Cruzadas  

Hwɛ, me AWURADE ne ɔhonam nyinaa Nyankopɔn; so biribiara bɛyɛ me nwonwa anaa?


Na ɔkae sɛ: Nea entumi nyɛ hɔ nnipa fam no, Onyankopɔn fam de, ebetumi ayɛ hɔ.


efisɛ Onyankopɔn fam de, biribiara nni hɔ a ɛrentumi nyɛ hɔ.


Na hwɛ, wobɛtɔ mum, na worentumi nkasa de bɛkɔ akosi da a eyinom bɛba mu, efisɛ woannye me nsɛm a ɛbɛba mu ne bere mu no anni.


Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, wo na wode wo tumi kɛse ne wo basa a ateɛ ayɛ ɔsoro ne asase; biribiara nyɛ wo yɛna;


Ɛnna okunini a ɔhene tweri ne nsa so no buaa Onyankopɔn nipa no sɛ: Hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mfɛnsere ɔsoro po a, so saa asɛm yi bɛbam anaa? Na ose: Wo ara wode w’aniwa behu, nanso worenni bi.


So biribi yɛ AWURADE yɛna? Bere a mahyɛ no, mɛsan maba wo nkyɛn afedan sesɛɛ, na Sara anya ɔba.


AWURADE na ɔmaa eyi yɛe, ɛyɛ nwonwa, yɛn ani so.


Na Yesu hwɛɛ wɔn anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nnipa fam de, eyi ntumi nyɛ, na Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios