Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 7:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Bisa asase no so aman nyinaa ne asɔfo no sɛ: Mokyen kɔm na mudii nkɔmmɔ, ɔsram a ɛto so anum ne nea ɛto so ason so, mfe aduɔsɔn yi no, mokyen maa me anaa?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Bisa asase no so nyinaa ne asɔfoɔ no sɛ: Mokyenee kɔm na modii abooboo, bosome a ɛtɔ so nnum ne deɛ ɛtɔ so nson so, mfeɛ aduɔson yi no, akɔnkyene yi, moyɛ maa me anaa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 “Bisa asase no so nnipa nyinaa ne asɔfo no se, ‘Mfe aduɔson a atwam no, sɛ mudii mmuada na mutwaa adwo wɔ asram anum ne ason so no, na ɛyɛ ampa sɛ me nti na mudi mmuada no ana?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Bisa asase no so nyinaa ne asɔfoɔ no sɛ: Mokyenee kɔm na modii abooboo, bosome a ɛtɔ so nnum ne deɛ ɛtɔ so nson so, mfeɛ aduɔson yi no, akɔnkyene yi, moyɛ maa me anaa?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 “Bisa asase no so nnipa nyinaa ne asɔfoɔ no sɛ, ‘Mfeɛ aduɔson a atwam no, sɛ modi abuada na motwa adwo wɔ abosome enum ne nsom mu a, na ɛyɛ ampa sɛ me enti na modi abuada no anaa?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Bisa asase no so aman nyinaa ne asɔfo no sɛ: Mokyen kɔm na mudii nkɔmmɔ, ɔsram a ɛto so anum ne nea ɛto so ason so, mfe aduɔsɔn yi no, mokyen maa me anaa?

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 7:5
27 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Awurade bɔfo no buae sɛ: Asafo Awurade, enkosi da bɛn na wo yam renhyehye wo mma Yerusalem ne Yuda nkurow a wo bo ahuru ahyɛ wɔn mfirihyia aduɔsɔn ni no?


Enti sɛ mudidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam!


Nanso sɛ mudidi na monom nso a, so ɛnyɛ mo ara na mudidi na monom anaa?


na wɔnka nkyerɛ asafo Awurade fi asɔfo ne adiyifo no sɛ: So minsu ɔsram a ɛto so anum no so, na menkyen me ho kɔm, sɛnea meyɛe mfe dodow a ɛte sɛɛ yi anaa?


Na adwuma biara a moyɛ no, mumfi akoma mu nyɛ no sɛ moyɛ ma Awurade na monyɛ mma nnipa,


Na owu maa wɔn nyinaa na wɔn a wɔte ase no antena ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatena ase ama nea owui na wonyan no maa wɔn no.


Na wɔyɛ wɔn nnwuma nyinaa sɛnea nnipa behu wɔn. Na wɔyɛ wɔn nkae nhoma atɛtrɛtɛ, na wɔyɛ wɔn ntade ano nnwow akɛse.


Na sɛ moredi mmuada a, monnyɛ mo anim bosaa sɛ nyaatwomfo no. Na wonyinnyan wɔn anim sɛnea nnipa behu sɛ wɔredi mmuada. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.


Na sɛ morebɔ mpae a, monnyɛ sɛ nyaatwomfo no; na wɔpɛ sɛ wogyina hyiadan mu ne mmɔnten twea so bɔ mpae, na nnipa ahu wɔn. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.


Enti sɛ woyɛ adɔe a, nhyɛn torobɛnto nni w’anim, sɛnea nyaatwomfo no yɛ no hyiadan mu ne mmorɔn so, sɛnea wobenya nnipa anim anuonyam. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.


Sɛ asafo AWURADE se ni: Ɔsram a ɛto so anan ne anum mu ne nea ɛto so ason mu ne nea ɛto so du mu akɔnkyen bɛyɛ Yuda fi ahosɛpɛw ne anigye ne afahyɛ pa; na nokware ne asomdwoe nko no mompɛ.


na asase yi nyinaa bɛdan amamfo ne ahodwiriwde, na amanaman yi asom Babel hene mfirihyia aduɔsɔn.


Na dɔm no asafohene nyinaa, wɔn ne wɔn mmarima, tee sɛ Babel hene de Gedalia asi ɔhwɛfo no, wɔbaa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa: Netania ba Ismael, ne Karea ba Yohanan, ne Netofani Tanhumet ba Seraia, ne Maakatni bi ba Yaasania, wɔn ne wɔn mmarima.


Woammrɛ me wo hyew afɔre nguan, na woamfa w’afɔre anhyɛ me anuonyam; mamma woamfa aduan afɔre ansom me, na mamma woammrɛ aduhuam ho;


Wɔka sɛ: Ɛdɛn nti na yedi mmuada na wunhu, yɛbrɛ yɛn kra ase na wunnim yi? Hwɛ, mo abuada da no, moyɛ nea mo ara mopɛ, na moteetee mo adwumayɛfo nyinaa.


Na sɛ AWURADE se ni: Mfirihyia aduɔsɔn nya du ma Babel a, mɛba mabɛhwɛ mo, na mama m’asɛmpa no aba mu ama mo, sɛ mede mo mɛsan aba ha yi.


Na ɔsram a ɛto so anum, da a ɛto so du a ɛne Babel hene Nebukadnesar afe a ɛto so dunkron no mu na ankɔbeahene Nebusaradan a ogyina Babel hene anim no baa Yerusalem,


afe a obedii mu hene no, me, Daniel, memaa m’ani baa nhoma no mu mfirihyia dodow a AWURADE asɛm baa odiyifo Yeremia so sɛ ɔbɛma mfirihyia aduɔsɔn awie odu, Yerusalem amamfo so no so.


Na wonsu mfrɛɛ me wɔn komam, na wɔbobom wɔn nnae so; awi ne nsa nti na wodi nkyereso, wɔtew m’anim atua.


Ɛnna asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Na ɔsram a ɛto so ason no, Elisama ba Netania ba Ismael a ofi ahemmusua mu bae, na mmarima du ka ne ho, na wɔbɛbobɔɔ Gedalia ma owui, ne Yudafo ne Kaldeafo a wɔka ne ho Mispa no nso.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios