Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 6:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na mesan memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ na nteaseɛnam anan fi mmepɔw abien no ntam reba, na mmepɔw no yɛ kɔbere mmepɔw.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na mesane memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na nteaseɛnam nnan firi mmepɔ mmienu no ntam reba, na mmepɔ no yɛ kɔbere mfrafraeɛ mmepɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Memaa mʼani so bio, na mihuu nteaseɛnam anan a efi mmepɔw abien ntam reba, mmepɔw no yɛ kɔbere mfrafrae.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na mesane memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na nteaseɛnam nnan firi mmepɔ mmienu no ntam reba, na mmepɔ no yɛ kɔbere mfrafraeɛ mmepɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Memaa mʼani so bio, na mehunuu nteaseɛnam ɛnan a ɛfiri mmepɔ mmienu ntam reba, mmepɔ no yɛ kɔbere mfrafraeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na mesan memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ na nteaseɛnam anan fi mmepɔw abien no ntam reba, na mmepɔw no yɛ kɔbere mmepɔw.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 6:1
22 Referencias Cruzadas  

na nea ebui a anan fifii sii ananmu no, ahenni anan bɛsɔre ɔman no mu, nso ennu kan de no ahoɔden.


Ɔno ara Kristo mu na wɔayɛ yɛn adedifo nso, sɛnea ɔyɛ nneɛma nyinaa, ne pɛ agyinatu so no, bɔɔ ne tirim hyehyɛ too hɔ no,


sɛ wɔrebɛyɛ nea wo nsa ne w’agyina aka ato hɔ sɛ ɛnyɛ no nyinaa.


Na ɔbɔfo no bua see me sɛ: Eyinom ne ɔsoro mframa anan a efi adi fi nea wɔde wɔn ho gyinagyinaa asase nyinaa wura anim hɔ ba no.


Na mesan memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, nhoma mmobɔwee a etu ni.


na asase sotefo nyinaa, wommu wɔn hwee, na ɔde ɔsoro asafo ne asase sotefo yɛ sɛnea ɔpɛ, na obi nni hɔ a ɔbɛbɔ ne nsa akyene na waka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woyɛ yi?


Nanso munnyaw ne dunsin asase mu, dade ne kɔbere mpokyerɛ mu, petee so wura mu, na ɔsoro bosu mfɔw no, na ɔne mmoa nni asase so ahaban;


Mene Nyankopɔn, na efi nnɛ nso, mene no, na obi nni hɔ a oyi fi me nsam; mɛyɛ ade, na hena na ɔbɛdan ani?


Nyansa ne ntease ne afotu bi nni hɔ a ɛne AWURADE bedi asi.


Wo trenee te sɛ Onyankopɔn mmepɔw, w’atemmu te sɛ ebun a emu dɔ. AWURADE, wugye nnipa ne mmoa nkwa.


AWURADE agyina de, egyina hɔ daa, ne komam adwene wɔ hɔ ma awo ntoatoaso nyinaa.


Na sɛ ɔno na ɔma edwo a, hena na obebu fɔ? Na ɔde n’ani hintaw a, hena na ɔbɛhwɛ no? Ɔman mu so oo, obiakofo so oo, odi no pɛ,


Ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu, na ɔma ohiani so fi sumina so, sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu, na wama wanya anuonyam agua so atena. Na asase nnyinaso yɛ AWURADE dea, na ɔde wiase asi so.


sɛnea ne tirim a ɔbɔe teteete yɛn Awurade Kristo Yesu mu no te no.


Na Elisa bɔɔ mpae sɛ: AWURADE, bue n’ani na onhu. Na AWURADE buee aberante no aniwa, na ohui, na hwɛ, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam ayɛ bepɔw no so ma atwa Elisa ho ahyia.


Na hwɛ, AWURADE de ogya ne ne nteaseɛnam a ɛte sɛ ahum bɛba de abufuhyew abetua n’abufuw so ka, na ɔde gyaframa ayɛ n’ateɛteɛ.


Hwɛ, ɔreforo aba sɛ amununkum, na ne nteaseɛnam te sɛ mframa a edi kyinhyia. N’apɔnkɔ ho yɛ hare sen akɔre. Yennue! Na yɛawie ɔsɛe.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios