Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 5:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Eyi ne nnome a efi adi fa asase nyinaa ani; na wɔnam so pra awifo nyinaa ne ntanhunukafo nyinaa fi ha;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yei ne nnome a ɛfiri adi fa asase nyinaa ani; na wɔnam so pra awifoɔ nyinaa firi ha na wɔnam so pra ntanhunukafoɔ nyinaa firi ha.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na ɔka kyerɛɛ me se, “Eyi ne nnome a ɛreba asase yi so nyinaa; sɛnea ɔfa baako kyerɛ no, wɔbɛpam ɔkorɔmfo biara, na ɔfa baako nso kyerɛ sɛ, obiara a ɔka ntamhunu no, wɔbɛpam no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yei ne nnome a ɛfiri adi fa asase nyinaa ani; na wɔnam so pra awifoɔ nyinaa firi ha na wɔnam so pra ntanhunukafoɔ nyinaa firi ha.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yei ne nnome a ɛreba asase yi so nyinaa; sɛdeɛ ɛfa baako kyerɛ no, wɔbɛpam ɔkorɔmfoɔ biara, na ɛfa baako nso kyerɛ sɛ, obiara a ɔka ntanhunu no, wɔbɛpam no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Eyi ne nnome a efi adi fa asase nyinaa ani; na wɔnam so pra awifo nyinaa ne ntanhunukafo nyinaa fi ha;

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 5:3
42 Referencias Cruzadas  

Nea ɔne owifo kyɛ ade no tan ne kra, ɔte duabɔ no, nso ɔnka.


AWURADE nnome wɔ ɔbɔnefo fi, na ohyira treneefo tenabea.


na mammee mampa wo manka se: Hena ne AWURADE? Nanso manni hia manwia ade mamfom me Nyankopɔn din.


Enti na nnome amene asase, na ɛsotefo hu amane wɔn bɔne nti; enti na asase sofo ahyew, na aka so nnipa ketewaa bi.


enti na mahura kronkronbea hɔ mmapɔmma no ho, na mayi Yakob mama mmusu, na mede Israel mama adapaabɔfo.


Muntie eyi, Yakob fi, mo a wɔde Israel din afrɛ mo na mufi Yuda asen mu no, mo a mode AWURADE din ka ntam na mobɔ Israel Nyankopɔn din, na ɛnyɛ nokware anaa trenee mu no.


Na awaresɛefo ahyɛ asase no so ma; na nnome nti asase no di nkɔmmɔ, sare so adidibea akisa; na wɔn mmirikatu yɛ bɔne, na wɔn mmaninyɛ nso nteɛ.


ɛno de mɛyɛ ofi yi sɛ Silo, na mede kurow yi mɛyɛ nnome mama asase so amanaman nyinaa.


Ɛwom sɛ wɔka sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi de, nanso ntanhunu na wɔkeka.


So mobɛbɔ korɔn, adi awu, asɛe aware, akeka ntanhunu, akɔhyew aduhuam ama Baal, akodi anyame foforo a munnim wɔn akyi,


Na mihui, na hwɛ, nsa ateɛ kyerɛ me, na hwɛ, nhoma mmobɔwee wɔ mu.


na Israel nyinaa ato wo mmara, na wɔmanee sɛ wɔrentie wo; na nnuabɔ ne ntam a wɔakyerɛw Onyankopɔn akoa Mose mmara mu no ahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ no bɔne nti.


Ntanka ne nkontompo ne awudi ne awi ne awaresɛe na ɛwɔ hɔ; wodi akakabensɛm na mogyahwiegu toa mogyahwiegu so.


Mommmɔ korɔn na munnni kusum, na obi nntwa ne yɔnko nkontompo.


Na monnka me din ho ntam atoro mu, na woanhura wo Nyankopɔn din ho: Mene AWURADE.


Efisɛ wonnim adetreneeyɛ, AWURADE asɛm ni, wɔn na wɔboa atirimmɔden ne dwowtwa ano, wɔn aban mu no.


mama afi adi, asafo Awurade asɛm ni, na abɛhyɛn owifo fi ne nea ɔde me din keka ntanhunu fi, na asoɛ ne fi mfinimfini, na ahyew ɛno ne emu nnua ne abo.


Na mo mu biara nnnwen ne yɔnko ho bɔne ne koma mu, na mommpɛ atoro ntanka, na eyinom nyinaa ne nea ɛyɛ me tan, AWURADE asɛm ni.


Na mɛbɛn mo mabebu atɛn, na mɛyɛ ɔdansefo a ne ho yɛ hare mahyɛ ntafowayifo ne awaresɛefo ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wodi apaafo apaade, okunafo ne ayisaa amim, na wosisi ɔhɔho, na wonsuro me no, asafo Awurade na ose.


Na ɔbɛdannan agyanom koma aba mma so, ne mma koma aba agyanom so, na mamma mamfa mmusu mammɛbɔ asase no.


Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, mumfi me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfo no mu!


na ɛbɛba wɔn a wɔte asase ani nyinaa so.


Owifo nnwia ade bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma nea odi hia.


Na onii no nim sɛ mmara bi nna hɔ mma ɔtreneeni, na ɛda hɔ ma mmaratofo ne asowuifo, wɔn a wɔmfɛre Nyankopɔn ne nnebɔneyɛfo, wɔn a wɔn ho ntew na wɔn ho agu fi, agya ne ɛna awudifo, nnipakumfo,


Na me nuanom, nea edi ne nyinaa kan no, monnka ntam! Monnka ɔsoro anaa fam anaa ntam biara. Na momma mo yiw nyɛ yiw, na mo daabi nyɛ daabi, na moanhwe atemmu mu.


Hwɛ, adwumayɛfo a wotutuu mo mfuw mu nnuan no akatua a mode nsisi de siei no teɛm, na wɔn a wɔatwitwa mo mfuw mu ade no nteɛm adu asafo Awurade no asom.


Eyi na yɛbɛyɛ wɔn, na yɛama wɔatena ase, na ntam a yɛkaa wɔn no nti, abufuw amma yɛn so;


Na ahufo ne wɔn a wonnye nni ne akyideyɛfo ne awudifo ne nguamammɔfo ne adutofo ne abosonsomfo ne atorofo nyinaa benya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya ne sufre dɛw mu no mu, ɛne owuprenu no.


Na kurow no akyi na akraman ne adutofo ne nguamammɔfo ne awudifo ne abosonsomfo ne wɔn a wɔpɛ atoro na wodi nyinaa wɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios