Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Sakaria 4:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Serubabel nsa na ahyɛ ofi yi ase, na ne nsa ara na ebewie, na woahu sɛ asafo Awurade na asoma me mo nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Serubabel nsa na ato efie yi fapem, na ne nsa ara na ɛbɛwie, na woahunu sɛ asafo AWURADE na asoma me mo nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “Serubabel nsa na ato asɔredan yi fapem, ne nsa nso na ebewie. Na mubehu sɛ, Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Serubabel nsa na ato efie yi fapem, na ne nsa ara na ɛbɛwie, na woahunu sɛ asafo AWURADE na asoma me mo nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “Ɛnam Serubabel nsa so na wɔtoo asɔredan yi fapem, na ɛnam ne nsa so na wɔbɛwie. Na mobɛhunu sɛ, Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Serubabel nsa na ahyɛ ofi yi ase, na ne nsa ara na ebewie, na woahu sɛ asafo Awurade na asoma me mo nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar




Sakaria 4:9
18 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Sesbasar yi ara bae bɛhyɛɛ Onyankopɔn dan a ɛwɔ Yerusalem no ase, na efi bere no so de besi sesɛɛ yi wɔde si ara, na wonwiei ɛ.


Muntwiw mmɛn me, muntie eyi. Ɛnyɛ ahintawee mu na mifi mfiase mekasae; efi bere a ɛbae no na mewɔ hɔ, na afei AWURADE Nyankopɔn asoma me ne ne honhom.


Ao, munsusuw ho, Ao, munsusuw bere a abɛsen kɔ no ho. Na aba bi da so wɔ ɔsan so?. Bobe ne borɔdɔma ne atoaa aba ne ngodua sow anaa?. Afei monhwɛ mfi nnɛ da yi rekɔ, mumfi bosome a ɛto so akron no da a ɛto so aduonu anan a ɛne da a wɔhyɛɛ Awurade Asɔrefi no ase no nhwɛ ɛ. Ɛda yi na mefi ase ahyira mo.


Enti sɛ Awurade se ni: Mede ayamhyehye madan m’ani makyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wobesi me fi nso, asafo Awurade asɛm ni, na wɔbɛtwe susuhama mu Yerusalem so.


Na amanaman bebree de wɔn ho bɛba abɛbɔ Awurade ho ɛda no, na wɔayɛ me ɔman; na mɛtena wo mu, na wubehu sɛ asafo Awurade na asoma me wo nkyɛn.


Ma akra nyinaa nyɛ komm, Awurade anim, efisɛ wasɔre afi ne tenabea kronkron hɔ.


Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Na akyirikyirifo bɛba abesi Awurade dan no bi, na moahu sɛ asafo Awurade na ɔsomaa me mo nkyɛn; na sɛ mutie Awurade mo Nyankopɔn a, eyi benya aba mu.


Na me nso mise wo sɛ: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mede m’asafo besi, na asaman apon remmu mfa so.


sɛ wɔn nyinaa nyɛ biako, sɛnea wo, Agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ biako wɔ yɛn mu, na wiase nnye nni sɛ wo na wosomaa me.


Na Onyankopɔn ansoma Ɔba no wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa no so nnye wiase.


nhwɛ gyidi mu adikanfo ne ne wiefo Yesu a ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛnnua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtena Onyankopɔn ahengua nifa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios